< Yeremia 20 >

1 Bere a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfo so panyin babarima ɔsɔfo Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no,
祭司音麦的儿子巴施户珥作耶和华殿的总管,听见耶利米预言这些事,
2 ɔma wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Pon a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ no.
他就打先知耶利米,用耶和华殿里便雅悯高门内的枷,将他枷在那里。
3 Ade kyee a Pashur san no no, Yeremia ka kyerɛɛ no se, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib.
次日,巴施户珥将耶利米开枷释放。于是耶利米对他说:“耶和华不是叫你的名为巴施户珥,乃是叫你玛歌珥·米撒毕,
4 Na sɛɛ na Awurade se: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani behu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfo mfoa ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde afoa bekunkum wɔn.
因耶和华如此说:‘我必使你自觉惊吓,你也必使众朋友惊吓;他们必倒在仇敌的刀下,你也必亲眼看见;我必将犹大人全交在巴比伦王的手中,他要将他们掳到巴比伦去,也要用刀将他们杀戮。
5 Mede kuropɔn yi ahode, nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo nnwetɛbona nyinaa bɛma wɔn atamfo. Wɔbɛfa no sɛ asade akɔ Babilonia.
并且我要将这城中的一切货财和劳碌得来的,并一切珍宝,以及犹大君王所有的宝物,都交在他们仇敌的手中;仇敌要当作掠物带到巴比伦去。
6 Na wo Pashur, ne wo fifo nyinaa bɛkɔ nnommum mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn akɔntoro no nyinaa bewuwu na wɔasie mo.’”
你这巴施户珥和一切住在你家中的人都必被掳去;你和你的众朋友,就是你向他们说假预言的,都必到巴比伦去,要死在那里,葬在那里。’”
7 Awurade, wodaadaa me na ɛbaa mu saa; wudii me so na wutintim me so. Wodii me ho fɛw da mu nyinaa; na obiara serew me.
耶和华啊,你曾劝导我, 我也听了你的劝导。 你比我有力量,且胜了我。 我终日成为笑话, 人人都戏弄我。
8 Bere biara a mɛkasa no, meteɛ mu, pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛe. Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa abrɛ me da mu nyinaa.
我每逢讲论的时候,就发出哀声, 我喊叫说:有强暴和毁灭! 因为耶和华的话终日成了我的凌辱、讥刺。
9 Sɛ meka se, “Meremmɔ ne din anaa merenkasa wɔ ne din mu” a, nʼasɛm te sɛ ogya wɔ me koma mu, ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu, mabrɛ ne ne kita nokware, merentumi.
我若说:我不再提耶和华, 也不再奉他的名讲论, 我便心里觉得 似乎有烧着的火闭塞在我骨中, 我就含忍不住,不能自禁。
10 Mete asomsɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka se, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi no atɔ ne so were.”
我听见了许多人的谗谤, 四围都是惊吓; 就是我知己的朋友也都窥探我, 愿我跌倒,说: 告他吧,我们也要告他! 或者他被引诱, 我们就能胜他, 在他身上报仇。
11 Nanso Awurade ka me ho sɛ dɔmbarima; enti mʼataafo bɛwatiri na wɔrentumi. Wobedi nkogu na wobegu wɔn anim ase pasaa; wɔn werɛ remfi wɔn nsopa no da.
然而,耶和华与我同在, 好像甚可怕的勇士。 因此,逼迫我的必都绊跌, 不能得胜; 他们必大大蒙羞, 就是受永不忘记的羞辱, 因为他们行事没有智慧。
12 Asafo Awurade! Wo a wosɔ ɔtreneeni hwɛ na wopɛɛpɛɛ koma ne adwene mu, ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, efisɛ mede mʼasɛm dan wo.
试验义人、察看人肺腑心肠的万军之耶和华啊, 求你容我见你在他们身上报仇, 因我将我的案件向你禀明了。
13 Monto dwom mma Awurade! Munyi Awurade ayɛ! Ogye ohiani nkwa fi amumɔyɛfo nsam.
你们要向耶和华唱歌; 赞美耶和华! 因他救了穷人的性命脱离恶人的手。
14 Nnome nka da a wɔwoo me! Nhyira mpare da a me na woo me.
愿我生的那日受咒诅; 愿我母亲产我的那日不蒙福!
15 Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya amanneɛ, nea ɔmaa nʼani gyei, na ɔkae se, “Wɔawo ɔbabarima ama wo!”
给我父亲报信说“你得了儿子”, 使我父亲甚欢喜的, 愿那人受咒诅。
16 Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkurow a Awurade tu gui a wannya ahummɔbɔ no. Ma ɔnte osu anɔpa, ne akobɛn nnyigyei owigyinae.
愿那人像耶和华所倾覆而不后悔的城邑; 愿他早晨听见哀声, 晌午听见呐喊;
17 Sɛ wankum me wɔ awotwaa mu amma me na anyɛ ɔda amma me no nti, nʼawotwaa yɛɛ kɛse afebɔɔ.
因他在我未出胎的时候不杀我, 使我母亲成了我的坟墓, 胎就时常重大。
18 Adɛn koraa na mifii awotwaa mu pue behuu ɔhaw ne awerɛhow na mede aniwu rebewie me nkwa nna yi?
我为何出胎见劳碌愁苦, 使我的年日因羞愧消灭呢?

< Yeremia 20 >