< Yeremia 2 >

1 Awurade asɛm baa me so:
耶和华的话临到我说:
2 “Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte: “‘Mekae sɛnea wode wo ho maa me wo mmabun bere mu, sɛnea wodɔɔ me wɔ wʼayeforo bere mu na wudii mʼakyi wɔ sare so, asase a wonnuaa hwee wɔ so no.
“你去向耶路撒冷人的耳中喊叫说,耶和华如此说: 你幼年的恩爱, 婚姻的爱情, 你怎样在旷野, 在未曾耕种之地跟随我, 我都记得。
3 Na Israel yɛ kronkron ma Awurade, ne twabere mu aduankan; wɔn a wodii nʼani no wobuu wɔn fɔ, na amanehunu baa wɔn so,’” sɛnea Awurade, se ni.
那时以色列归耶和华为圣, 作为土产初熟的果子; 凡吞吃它的必算为有罪, 灾祸必临到他们。 这是耶和华说的。
4 Muntie Awurade asɛm, mo Yakob asefo, mo Israel mmusuakuw nyinaa.
雅各家、以色列家的各族啊,你们当听耶和华的话。
5 Eyi ne nea Awurade se: “Mfomso bɛn na mo agyanom huu wɔ me ho a ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sɛɛ? Wodii ahoni a wɔn so nni mfaso akyi, maa wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufo.
耶和华如此说: 你们的列祖见我有什么不义, 竟远离我,随从虚无的神, 自己成为虚妄的呢?
6 Wɔammisa se, ‘Ɛhe na Awurade wɔ? Nea oyii yɛn fii Misraim na ɔde yɛn faa sare wosee so, nweatam ne abonabon asase a awo na ayɛ owubon no. Asase a obiara mfa so na obiara nte so no.’
他们也不说: 那领我们从埃及地上来, 引导我们经过旷野, 沙漠有深坑之地, 和干旱死荫、无人经过、 无人居住之地的耶和华在哪里呢?
7 Mede mo beduaa asasebere so sɛ munni so nnuaba ne ɛso nnepa. Nanso mubeguu mʼasase ho fi, na moyɛɛ mʼagyapade akyiwade.
我领你们进入肥美之地, 使你们得吃其中的果子和美物; 但你们进入的时候就玷污我的地, 使我的产业成为可憎的。
8 Asɔfo no ammisa se, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?’ Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me; ntuanofo sɔre tiaa me. Adiyifo no de Baal hyɛɛ nkɔm, na wodii ahoni huhuw akyi.
祭司都不说,耶和华在哪里呢? 传讲律法的都不认识我。 官长违背我; 先知借巴力说预言, 随从无益的神。
9 “Ɛno nti, merebɔ mo kwaadu bio,” nea Awurade se ni. “Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.
耶和华说:我因此必与你们争辩, 也必与你们的子孙争辩。
10 Muntwa nkɔ Kitim mpoano nkɔhwɛ, monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yiye; monhwɛ sɛ biribi a ɛte sɛɛ asi wɔ hɔ:
你们且过到基提海岛去察看, 打发人往基达去留心查考, 看曾有这样的事没有。
11 Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn ana? Nso wɔnnyɛ anyame mpo. Nanso me nkurɔfo de wɔn anuonyam asesa ahoni huhuw.
岂有一国换了他的神吗? 其实这不是神! 但我的百姓将他们的荣耀换了那无益的神。
12 Mo ɔsorosoro, momma mo ho nnwiriw mo wɔ eyi ho, na mo ho nwosow wɔ akomatu mu,” nea Awurade se ni.
诸天哪,要因此惊奇, 极其恐慌,甚为凄凉! 这是耶和华说的。
13 “Me nkurɔfo ayɛ bɔne ahorow abien: Wɔapa me, me a meyɛ nkwa asubura no, na wɔatutu wɔn ankasa mmura amoa, mmura a apaapae a entumi nkora nsu.
因为我的百姓做了两件恶事, 就是离弃我这活水的泉源, 为自己凿出池子, 是破裂不能存水的池子。
14 Israel yɛ akoa anaa ɔsomfo fi awo mu ana? Adɛn nti na wayɛ asade yi?
以色列是仆人吗? 是家中生的奴仆吗? 为何成为掠物呢?
15 Gyata abobɔ mu; wɔaworo so akyerɛ no. Wɔama nʼasase ada mpan; wɔahyehyew ne nkurow ayɛ no amamfo.
少壮狮子向他咆哮,大声吼叫, 使他的地荒凉; 城邑也都焚烧,无人居住。
16 Afei Memfis ne Tapanhes mmarima ayi wo ti so nwi.
挪弗人和答比匿人也打破你的头顶。
17 Ɛnyɛ wo na woama eyi aba wo so sɛ wopaa Awurade wo Nyankopɔn akyi, wɔ bere a ɔrekyerɛ wo kwan no?
这事临到你身上,不是你自招的吗? 不是因耶和华—你 神引你行路的时候, 你离弃他吗?
18 Afei adɛn nti na wokɔ Misraim kɔnom Sihor mu nsu? Na adɛn nti na wokɔ Asiria kɔnom Asubɔnten no mu nsu?
现今你为何在埃及路上要喝西曷的水呢? 你为何在亚述路上要喝大河的水呢?
19 Wo amumɔyɛ bɛtwe wʼaso; wo nsanakyi bɛka wʼanim. Enti dwene ho na hu sɛ, sɛ wopa Awurade wo Nyankopɔn akyi na woannya ne ho suro a, ɛyɛ bɔne ne ɔyaw ma wo.” Awurade, Asafo Awurade na ose.
你自己的恶必惩治你; 你背道的事必责备你。 由此可知可见,你离弃耶和华—你的 神, 不存敬畏我的心, 乃为恶事,为苦事。 这是主—万军之耶和华说的。
20 “Tete mmere no, wububuu wo konnua mu, na wotetew wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na wokae se, ‘Merensom wo!’ Ampa, wɔ koko biara so ne dua biara a adennan ase na wotena bɔɔ aguaman.
我在古时折断你的轭,解开你的绳索。 你说:我必不事奉耶和华; 因为你在各高冈上、各青翠树下屈身行淫。
21 Miduaa wo sɛ bobe ankasa a efi bobe a ase ye pa ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na wodan wʼakyi kyerɛɛ me bɛyɛɛ bobe a anyin asɛe wɔ wura mu yi?
然而,我栽你是上等的葡萄树, 全然是真种子; 你怎么向我变为外邦葡萄树的坏枝子呢?
22 Sɛ wode soda ne samina bebree guare mpo a, wʼafɔdi nkekae da so wɔ mʼanim ara,” sɛnea Otumfo Awurade se ni.
你虽用硷、多用肥皂洗濯, 你罪孽的痕迹仍然在我面前显出。 这是主耶和华说的。
23 “Ɛbɛyɛ dɛn na woaka se, ‘Me ho nguu fi ɛ; minnii Baalnom akyi ɛ’? Hwɛ sɛnea woyɛɛ wo ho wɔ obon no mu; dwene nea woayɛ no ho. Woyɛ yomabere hoɔharefo a wutu mmirika kɔ ha ba ha,
你怎能说: 我没有玷污、没有随从众巴力? 你看你谷中的路,就知道你所行的如何。 你是快行的独峰驼,狂奔乱走。
24 wura mu afurum a nweatam so tena akokwaw no, ohuahua bere a ɔpɛ sɛ onini hyia no. Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hena na obesianka no? Anini biara a wɔtaa no no nhaw wɔn ho bebree; edu bere a ɛsɛ sɛ wohyia no a wobenya no.
你是野驴,惯在旷野, 欲心发动就吸风; 起性的时候谁能使它转去呢? 凡寻找它的必不致疲乏; 在它的月分必能寻见。
25 Ntu mmirika nkosi sɛ wʼanan ase bɛyɛ kwaterekwa, na wo mene mu bɛyow. Nanso wokae se, ‘So nni mfaso! Mepɛ ananafo anyame, na ɛsɛ sɛ midi wɔn akyi.’
我说:你不要使脚上无鞋, 喉咙干渴。 你倒说:这是枉然。 我喜爱别神,我必随从他们。
26 “Sɛnea wɔkyere ɔkorɔmfo a wogu nʼanim ase no, saa na wɔagu Israelfi anim ase, wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfo, wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo.
贼被捉拿,怎样羞愧, 以色列家和他们的君王、首领、 祭司、先知也都照样羞愧。
27 Wɔka kyerɛ dua se, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɔbo se, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadan wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka se, ‘Bra begye yɛn!’
他们向木头说:你是我的父; 向石头说:你是生我的。 他们以背向我, 不以面向我; 及至遭遇患难的时候却说: 起来拯救我们。
28 Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he? Momma wɔmmra sɛ wobetumi agye mo bere a mowɔ amanehunu mu! Efisɛ mowɔ anyame bebree te sɛ nea mowɔ nkurow bebree no, Yuda.
你为自己做的神在哪里呢? 你遭遇患难的时候, 叫他们起来拯救你吧! 犹大啊,你神的数目与你城的数目相等。
29 “Adɛn nti na mobɔ me sobo? Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ose.
耶和华说: 你们为何与我争辩呢? 你们都违背了我。
30 “Metwee mo nkurɔfo aso kwa; wɔamfa me nteɛso. Wʼafoa akunkum wʼadiyifo te sɛ gyata a nʼani abere.
我责打你们的儿女是徒然的, 他们不受惩治。 你们自己的刀吞灭你们的先知, 好像残害的狮子。
31 “Mo nnɛmmafo, munnwen Awurade asɛm ho: “Mayɛ sɛ, nweatam ama Israel ana? Anaasɛ asase a so aduru sum kabii ana? Adɛn nti na me nkurɔfo ka se, ‘Yɛwɔ ho kwan sɛ yekyinkyin; yɛremma wo nkyɛn bio.’
这世代的人哪, 你们要看明耶和华的话。 我岂向以色列作旷野呢? 或作幽暗之地呢? 我的百姓为何说: 我们脱离约束,再不归向你了?
32 Ɔbabun werɛ fi ne mpempranne, ayeforo werɛ befi nʼahyehyɛde ana? Nanso me nkurɔfo werɛ afi me nna a wontumi nkan.
处女岂能忘记她的妆饰呢? 新妇岂能忘记她的美衣呢? 我的百姓却忘记了我无数的日子!
33 Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfo! Mmea a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.
你怎么修饰你的道路要求爱情呢? 就是恶劣的妇人你也叫她们行你的路。
34 Mo adurade mu wɔ ahiafo a wodi bem mogya, nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mu. Eyinom nyinaa akyi
并且你的衣襟上有无辜穷人的血; 你杀他们并不是遇见他们挖窟窿, 乃是因这一切的事。
35 woka se, ‘Midi bem; ne bo mfuw me.’ Nanso mebu wo atɛn efisɛ woka se, ‘Menyɛɛ bɔne biara ɛ.’
你还说:我无辜; 耶和华的怒气必定向我消了。 看哪,我必审问你; 因你自说:我没有犯罪。
36 Adɛn nti na wukyinkyin sɛɛ, sesa wʼakwan? Misraim bedi wo huammɔ sɛnea Asiria yɛe no.
你为何东跑西奔要更换你的路呢? 你必因埃及蒙羞, 像从前因亚述蒙羞一样。
37 Afei wubefi saa beae hɔ a wo nsa gu wo ti so. Efisɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no; wɔremmoa wo.
你也必两手抱头从埃及出来; 因为耶和华已经弃绝你所倚靠的, 你必不因他们得顺利。

< Yeremia 2 >