< Yeremia 19 >

1 Sɛɛ na Awurade se: “Kɔ na kɔtɔ dɔtekuruwa fi ɔnwemfo nkyɛn. Fa nnipa no mpanyimfo no mu bi ne asɔfo no mu bi ka wo ho
Yahweh said this, “Go and purchase a potter's clay flask while you are with the elders of the people and the priests.
2 na fi adi kɔ Ben Hinom Bon a ɛbɛn Pɔthɛd Pon ano no. Ɛhɔ na pae mu ka nsɛm a meka kyerɛ wo no,
Then go out to the Valley of Ben Hinnom at the entry of the Broken Pottery Gate, and there proclaim the words that I will tell you.
3 se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛɛ na Asafo Awurade Israel Nyankopɔn se. Muntie, mede amanehunu reba ha, na obiara a ɔbɛte no aso mu bɛyɛ no yonn.
Say, 'Hear the word of Yahweh, kings of Judah and inhabitants of Jerusalem! Yahweh of hosts, God of Israel, says this, “See, I am about to bring disaster on this place, and the ears of everyone who hears of it will tingle.
4 Efisɛ wɔagyaw me na wɔde ha ama ananafo anyame; wɔahyew afɔrebɔde wɔ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhuu wɔn da, na wɔde mogya a edi bem ahyɛ ha ma.
I will do this because they have abandoned me and profaned this place. In this place they offer sacrifices to other gods that they did not know. They, their ancestors, and the kings of Judah have also filled this place with innocent blood.
5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mmabarima sɛ afɔrebɔde ama Baal, ade a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu.
They built the high places of Baal to burn their sons in the fire as burnt offerings to him—something that I did not command or mention, nor did it enter my mind.
6 Ɛno nti, monhwɛ yiye na nna bi reba, Awurade na ose, a nnipa remfrɛ ha se Tofet anaa Ben Hinom Bon bio, na mmom, Okum Bon.
Therefore, see, the days are coming—this is Yahweh's declaration—when this place will no longer be called Topheth, the Valley of Ben Hinnom, for it will be the Valley of Slaughter.
7 “‘Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛe wɔ ha. Mɛma wɔatotɔ wɔ afoa ano wɔ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma wim nnomaa ne asase so mmoa sɛ wɔn aduan.
In this place I will make the plans of Judah and Jerusalem useless. I will make them to fall by the sword before their enemies and by the hand of the ones seeking their lives. Then I will give their corpses as food to the birds of the heavens and the beasts of the earth.
8 Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no ahodwiriwde; wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nyinaa ho bedwiriw wɔn, na nʼapirakuru no nti wobedi ne ho fɛw.
Then I will make this city a ruin and the object of hissing, for everyone passing by it will shudder and hiss regarding all of its plagues.
9 Mɛma wɔawe wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nam, na wobefi ahohia a atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no anotua de bɛba wɔn so no mu awe wɔn ho wɔn ho nam.’
I will make them eat the flesh of their sons and daughters; each man will consume the flesh of his neighbor in the siege and in the anguish brought on them by their enemies and the ones seeking their lives.”'
10 “Afei bɔ kuruwa no wɔ wɔn a wɔka wo ho no anim ma wɔnhwɛ,
Then you will break the clay flask in the sight of the men who went with you.
11 na ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Mɛbɔ saa ɔman yi ne kuropɔn yi sɛnea wɔabɔ ɔnwemfo kuruwa yi a wɔrentumi nsiesie bio. Wobesie awufo wɔ Tofet kosi sɛ, ɛhɔ bɛyɛ ma.
You will say to them, 'Yahweh of hosts says this: I will do this same thing to this people and this city—this is Yahweh's declaration—just as Jeremiah shattered the clay flask so that it could not be repaired again. People will bury the dead in Topheth until there is no place left for any more dead.
12 Sɛɛ ara na mɛyɛ saa beae yi ne wɔn a wɔtete so, Awurade na ose. Mɛyɛ kuropɔn yi sɛ Tofet.
This is what I will do to this place and its inhabitants when I make this city like Topheth—this is Yahweh's declaration—
13 Afi a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda ahemfo ahemfi ho begu fi te sɛ Tofet ha. Afi a wɔhyew nnuhuam wɔ adan atifi maa ɔsoro asafo nyinaa na woguu nsa maa anyame foforo no.’”
so the houses of Jerusalem and of the kings of Judah will become like Topheth—all the houses on whose rooftops the unclean people worship all the stars of the heavens and pour out drink offerings to other gods.'”
14 Afei Yeremia san fii Tofet, faako a Awurade somaa no se ɔnkɔhyɛ nkɔm wɔ hɔ no bae, na Obegyinaa Awurade asɔredan abangua mu na ɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se,
Then Jeremiah went from Topheth, where Yahweh had sent him to prophesy. He stood in the courtyard of Yahweh's house and he said to all the people,
15 “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Muntie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, efisɛ wɔyɛɛ asoɔden, na wɔantie me nsɛm.’”
“Yahweh of hosts, God of Israel, says this, 'See, I am about to bring to this city and to all of its towns all the disaster that I have proclaimed against it, since they stiffened their neck and refused to listen to my words.'”

< Yeremia 19 >