< Yeremia 18 >

1 Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn.
Yei ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn.
2 “Kɔ ɔnwemfo no fi, na hɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.”
“Kɔ ɔnwomfoɔ no efie, na ɛhɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.”
3 Ɛno nti, mekɔɔ ɔnwemfo no fi na mihuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahode so.
Ɛno enti, mekɔɔ ɔnwomfoɔ no efie na mehunuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahodeɛ so.
4 Nanso kuku a na ɔde dɔte no reyɛ ho adwuma no sɛe wɔ ne nsam; ɛno nti ɔnwemfo no yɛɛ kuku foforo, sɛnea eye pa ara ma no.
Nanso kukuo a na ɔde dɔteɛ no reyɛ ho adwuma no sɛeɛ wɔ ne nsa mu; ɛno enti ɔnwomfoɔ no yɛɛ kukuo foforɔ, sɛdeɛ ɛyɛ pa ara ma no.
5 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
6 “Israelfi, merentumi nyɛ mo sɛnea ɔnwemfo yi yɛ ana?” Awurade na ose. “Sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mote wɔ me nsam, Israelfi.
“Ao, Israel fiefoɔ, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwomfoɔ yi yɛ anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsa mu no, saa ara na moteɛ wɔ me nsa mu, Ao Israel fiefoɔ.
7 Sɛ bere biara meka se ɛsɛ sɛ wotutu ɔman bi anaa ahenni bi ase, dwerɛw wɔn, sɛe wɔn a,
Sɛ ɛberɛ biara meka sɛ ɛsɛ sɛ wɔtutu ɔman bi anaa ahennie bi ase, dwerɛ wɔn, sɛe wɔn a,
8 na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra fi ne bɔne ho a, mɛsakra mʼadwene na meremfa amanehunu a misusuwii sɛ mede bɛba wɔn so mma bio.
na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra firi ne bɔne ho a, mɛsesa mʼadwene na meremfa amanehunu a mesusuiɛ sɛ me de bɛba wɔn so mma bio.
9 Na sɛ mmere foforo bi meka se, ɛsɛ sɛ wɔkyekye ɔman anaa ahenni bi gye no si hɔ,
Na sɛ mmerɛ foforɔ bi meka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyekyere ɔman anaa ahennie bi gye no si hɔ,
10 na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ osetie amma me a, ɛno de mesan adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ no no ho.
na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ ɔsetie amma me a, ɛnneɛ mesane adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ noɔ no ho.
11 “Na afei ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Hwɛ! mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛe a etia mo. Ɛno nti mo mu biara nnan mfi nʼakwammɔne so na munsiesie mo akwan ne mo nneyɛe.’
“Na afei ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ! Mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. Ɛno enti mo mu biara nnane mfiri nʼakwammɔne so na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.’
12 Nanso wobebua se, ‘So nni mfaso. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛe so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a efi ne koma bɔne mu.’”
Nanso wɔbɛbua sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’”
13 Ɛno nti nea Awurade se ni, “Mummisa wɔ amanaman no mu se, hena na wate biribi sɛɛ pɛn? Ɔbabun Israel ayɛ ade bi a ɛyɛ hu yiye.
Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie, “Mommisa wɔ amanaman no mu sɛ, hwan na wate biribi sɛi pɛn? Ɔbaabunu Israel ayɛ adeɛ bi a ɛyɛ hu yie.
14 So sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon no yera fi nʼabotan a esian no so ana? So nʼatifi nsu wiridudu a efi akyirikyiri no gyae sen ana?
Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa? Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyiri gyae sene anaa?
15 Nanso me nkurɔfo werɛ afi me. Wɔhyew nnuhuam ma ahoni huhuw, a ɛma wohintihintiw wɔ wɔn akwan so ne tete atempɔn so. Wɔma wɔfa kwatikwan ne akwan a wɔmmɔe so.
Nanso, me nkurɔfoɔ werɛ afiri me. Wɔhye nnuhwam ma ahoni huhuo, a ɛma wɔn suntisunti wɔ wɔn akwan so ne tete atempɔn so. Wɔma wɔfa akwan nkyɛn ne akwan a wɔmmɔeɛ so.
16 Wɔn asase bɛda mpan, na ayɛ ade a wobebu no animtiaa daa; wɔn a wotwa mu hɔ no ho bedwiriw wɔn na wobehinhim wɔn ti.
Wɔn asase bɛda mpan, na ayɛ adeɛ a wɔbɛbu no animtia daa; wɔn a wɔtwam hɔ no ho bɛdwiri wɔn na wɔbɛwosowoso wɔn ti.
17 Sɛnea apuei mframa te no, mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfo anim; mɛdan mʼakyi akyerɛ wɔn na ɛnyɛ mʼanim wɔ wɔn amanehunu da no.”
Mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim te sɛ deɛ apueeɛ mframa yɛ no. Mɛdane mʼakyi akyerɛ wɔn, na ɛnyɛ mʼanim, wɔ wɔn amanehunu da no.”
18 Wɔkae se, “Mommra ma yɛmfa adwene ntia Yeremia; sɛnea ɛbɛyɛ a asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho, anyansafo no afotu anaa asɛm a efi adiyifo hɔ no renyera. Mommra na yentu yɛn ano ngu ne so a yɛrentie nea ɔbɛka biara.”
Wɔkaa sɛ, “Mommra mma yɛmfa adwene ntia Yeremia; yɛremma asɔfoɔ no anaa anyansafoɔ no anaa adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyera. Mommra na yɛntu yɛn ano ngu ne so a yɛnntie deɛ ɔbɛka biara.”
19 Yɛ aso ma me, Awurade; tie nea wɔn a wɔpam me ti so no reka!
Yɛ aso ma me, Ao, Awurade; tie deɛ wɔn a wɔpam me tiri so reka!
20 Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka ana? Nanso wɔatu amoa ama me. Kae sɛ migyinaa wʼanim na mekasa maa wɔn, sɛnea wubeyi wʼabufuwhyew afi wɔn so.
Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka anaa? Nanso wɔatu amena ama me. Kae sɛ megyinaa wʼanim na mekasa maa wɔn sɛdeɛ wobɛyi wʼabufuhyeɛ afiri wɔn so.
21 Ɛno nti, ma ɔkɔm nne wɔn mma; yi wɔn ma afoa. Ma wɔn yerenom nyɛ abonin ne akunafo; ma wonkunkum wɔn mmarima, na wɔmfa afoa nkunkum wɔn mmerante wɔ ɔko mu.
Ɛno enti, ma ɛkɔm nne wɔn mma; yi wɔn ma akofena. Ma wɔn yerenom nyɛ abonini ne akunafoɔ; ma wɔnkunkum wɔn mmarima na wɔmfa akofena nkunkum wɔn mmeranteɛ wɔ ɔko mu.
22 Ma wɔnte osu wɔ wɔn afi mu bere a atamfo atu wɔn so sa mpofirim, efisɛ wɔatu amoa ama me, na wɔasunsum mʼanan mfiri.
Ma wɔnte osu wɔ wɔn afie mu ɛberɛ a atamfoɔ atu wɔn so sa mpofirim, ɛfiri sɛ, wɔatu amena ama me, na wɔasumsum me nan mfidie.
23 Nanso wunim Awurade, pɔw a wɔabɔ nyinaa se wobekum me. Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn, na nyi wʼani mfi wɔn bɔne so. Ma wonni nkogu wɔ wʼanim; na wo ne wɔn nni wɔ wʼabufuw mu.
Nanso wonim Ao, Awurade, ɛpɔ a wɔabɔ nyinaa sɛ wɔbɛkum me. Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn, na nyi wʼani mfiri wɔn bɔne so. Ma wɔnni nkoguo wɔ wʼanim; na wo ne wɔn nni wɔ wʼabofuo mu.

< Yeremia 18 >