< Yeremia 17 >

1 “Wɔde dade kyerɛwdua akrukyerɛw Yuda bɔne, dade kyerɛwdua a ano te sɛ kyerɛwbo, wɔ wɔn koma apon so ne wɔn afɔremuka mmɛn so.
The sin of Judah is written down with a pen of iron, with the point of a diamond: it is engraved upon the table of their heart, and on the horns of your altars.
2 Mpo, wɔn mma kae wɔn afɔremuka ne Asera nnua a ɛwɔ nnua a adennan no nkyɛn ne nkoko atenten no so.
Like their remembrance of their children, so are [to them] their altars and their groves by [every] green tree upon the high hills.
3 Me mmepɔw a ɛwɔ asase no so, mo ahonyade ne mo nnwetɛbona nyinaa mede bɛma sɛ asade, ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso, esiane mo man no so bɔne nti.
O my mountain in the field, thy substance, all thy treasures will I give up for spoil, thy high-places [reared] with sin, throughout all thy borders.
4 Mo ankasa mfomso nti mobɛhwere agyapade a mede maa mo no. Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfo wɔ asase a munnim so so, efisɛ moahwanyan mʼabufuw, na ɛbɛtena hɔ daa.”
And thou shalt be cast out, yea through thy own guilt, from thy heritage which I have given thee; and I will cause thee to serve thy enemies in a land which thou knowest not; for a fire have ye kindled in my anger, for ever shall it burn.
5 Sɛɛ na Awurade se, “Nnome nka nea ɔde ne ho to onipa so, nea ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden na ne koma dan fi Awurade ho.
Thus hath said the Lord, Cursed is the man that trusteth in man, and placeth on flesh his dependence, while from the Lord his heart departeth.
6 Ɔbɛyɛ sɛ wura a ɛwɔ nsase tamaa so; sɛ yiyedi ba a ɔrenhu, ɔbɛtena nweatam a awo so, ne nkyene asase a obi nte so so.
And he shall be like a lonely tree in the desert, which feeleth not when the good cometh; but abideth in the parched places in the wilderness, in a salty land which cannot be inhabited.
7 “Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so, na nʼanidaso wɔ ne mu.
Blessed is the man that trusteth in the Lord, and the Lord will be his trust.
8 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no asu ho na ne ntin teɛ kɔ asu no mu. Sɛ ahuhuru ba a onsuro; ne nhaban yɛ frɔmfrɔm mmere nyinaa. Onni ɔhaw biara wɔ afe a osu ntɔ mu na ɛkɔ so sow aba daa.”
And he shall be like a tree that is planted by the waters, and by a stream spreadeth out its roots, which feeleth not when heat cometh, but its leaf remaineth green; and in a year of drought it is undisturbed by care, and ceaseth not from yielding fruit.
9 Koma yɛ nnaadaa sen ade nyinaa na ano nni aduru. Hena na ɔbɛte nʼase?
Deceitful is the heart above all things, and sick: who can know it?
10 “Me Awurade, mepɛɛpɛɛ koma mu na mehwehwɛ adwene mu, gyina so de tua onipa ka sɛnea nʼabrabɔ te, ne sɛnea ɛfata ne nneyɛe.”
I the Lord search the heart, probe the reins: yea, to give unto every man according to his ways, according to the fruit of his deeds.
11 Sɛnea asɛmɛntɛ a osow nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee no, saa ara na onipa a onya sika a ɔmfa ɔkwan pa so no te. Sɛ obu ne nkwa nna mu abien a wobegyaw no mu, na awiei no, ne kwasea bɛda adi.
As a cuckoo that sitteth on eggs which he hath not laid, so is he that get the riches, and not by right; in the midst of his days shall he leave them, and at his end shall be called wicked.
12 Anuonyam ahengua a wɔama so fi mfiase no, ne yɛn kronkronbea.
A throne of glory, exalted from the beginning, is the place of our sanctuary!
13 Awurade, woyɛ Israel anidaso, wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bewu. Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wo ho no, wobesie wɔn efisɛ wɔagyaw Awurade a ɔyɛ nkwa asuti no.
Hope of Israel, O Lord, all that forsake thee shall be made ashamed, and the backsliders among me shall be written down on the earth; because they have forsaken the fountain of living waters, the Lord.
14 Sa me yare Awurade, na me ho bɛtɔ me; gye me na menya nkwa, na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.
Heal me, O Lord, and I shall be healed: save me, and I shall be saved; for my praise art thou.
15 Wobisa me daa sɛ, “Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ? Ma ɛmmra mu mprempren!”
Behold, they say unto me, Where is the word of the Lord? let it come now.
16 Minnguan mfii mʼadwuma sɛ wo guanhwɛfo ho; wunim sɛ menhwehwɛɛ abasamtu da. Nea efi mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.
As for me, I have not hastened to be a shepherd to follow thee; and the woeful day have I not longed for; thou knowest it: what came out of my lips was known before thee.
17 Nhunahuna me; wo ne me guankɔbea wɔ amanehunu da.
Be not a terror unto me: thou art my protection on the day of evil.
18 Ma wɔn a wɔtaa me anim ngu ase, na yi me fi ahohora mu. Ma wɔmmɔ hu, nanso mma me koma ntu. Ma amanehunu da no mmra wɔn so; fa ɔhawprenu sɛe wɔn.
Let those be made ashamed that persecute me, but let not me be made ashamed: let them be dismayed, but let me not be dismayed: bring upon them the day of evil, and strike them with a double breach.
19 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kogyina nnipa no pon a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛmfiri no; kogyina Yerusalem apon a aka no nso ano.
Thus said the Lord unto me, Go and stand in the gate of the children of the people, whereby the kings of Judah usually enter, and by which they usually go out, and in all the gates of Jerusalem;
20 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yudafo nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apon yi mu.
And say unto them, Hear ye the word of the Lord, ye kings of Judah, and all Judah, and all inhabitants of Jerusalem, that enter in by these gates.
21 Sɛɛ na Awurade se: Monhwɛ yiye na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apon mu.
Thus hath said the Lord, Take heed for your souls, and bear no burden on the sabbath-day, nor bring it in through the gates of Jerusalem;
22 Monnsoa adesoa mfi mo afi mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no.
Nor shall you carry forth a burden out of your houses on the sabbath-day, and no manner of work shall ye do, but hallow ye the sabbath-day, as I have commanded your fathers;
23 Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ nteɛso.
But they hearkened not, and inclined not their ear; and they made their neck stiff, so as not to hearken, and not to receive instruction.
24 Nanso sɛ mohwɛ yiye na moyɛ osetie ma me a, sɛɛ na Awurade se, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apon mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a,
And it shall come to pass, if ye will diligently hearken unto me, saith the Lord, so as to bring in no burden through the gates of this city on the sabbath-day, and to hallow the sabbath-day, so as to do no work thereon:
25 ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo bɛfa saa apon yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa.
Then shall there enter through the gates of this city kings and princes sitting upon the throne of David, riding in chariots and on horses, they, and their princes, the men of Judah, and the inhabitants of Jerusalem; and this city shall be inhabited for ever.
26 Nnipa befi Yuda nkurow ne nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia no aba, wobefi Benyamin asase ne atɔe fam nkoko so, wobefi mmepɔw, mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ, aduan afɔrebɔde, nnuhuam ne aseda afɔrebɔde reba Awurade fi.
And there shall come from the cities of Judah, and from the environs of Jerusalem, and from the land of Benjamin, and from the lowlands, and from the mountain, and from the south, those that bring burnt-offerings, and sacrifices, and meat-offerings, and frankincense, and those that bring thanksgiving-offerings, unto the house of the Lord.
27 Nanso sɛ moanyɛ osetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apon mu Homeda a, ɛno de mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apon mu na abɛhyew nʼaban ahorow no.’”
But if ye will not hearken unto me to hallow the sabbath-day, and not to bear a burden, and to enter in at the gates of Jerusalem on the sabbath-day: then will I kindle a fire in its gates, and it shall devour the palaces of Jerusalem, and it shall not be quenched.

< Yeremia 17 >