< Yeremia 16 >

1 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
ויהי דבר יהוה אלי לאמר
2 “Ɛnsɛ sɛ woware na wowo mmabarima anaa mmabea wɔ ha.”
לא תקח לך אשה ולא יהיו לך בנים ובנות במקום הזה
3 Sɛɛ na Awurade ka fa mmabarima ne mmabea a wɔwo wɔn asase yi so; mmea a wɔyɛ wɔn nanom ne mmarima a wɔyɛ wɔn agyanom no ho:
כי כה אמר יהוה על הבנים ועל הבנות הילודים במקום הזה ועל אמתם הילדות אותם ועל אבותם המולדים אותם--בארץ הזאת
4 “Owuyare bekunkum wɔn. Wɔrensu wɔn na wɔrensie wɔn, mmom wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam. Wɔbɛtotɔ afoa ano na ɔkɔm bekunkum wɔn na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.”
ממותי תחלאים ימתו לא יספדו ולא יקברו--לדמן על פני האדמה יהיו ובחרב וברעב יכלו והיתה נבלתם למאכל לעוף השמים ולבהמת הארץ
5 “Nhyɛn ofi a ayiyɛ aponto wo mu; nkosu wɔn abia, na mma wɔn hyɛden, efisɛ mayi me nhyira, me dɔ ne mʼahummɔbɔ afi saa nnipa yi so,” Awurade na ose.
כי כה אמר יהוה אל תבוא בית מרזח ואל תלך לספוד ואל תנד להם כי אספתי את שלומי מאת העם הזה נאם יהוה--את החסד ואת הרחמים
6 Atitiriw ne mpapahwekwa bewuwu wɔ asase yi so. Wɔrensie wɔn na wɔrensu wɔn na obiara remmɔ ne ho kam, na ɔrenyi ne ti wɔ wɔn nti.
ומתו גדלים וקטנים בארץ הזאת לא יקברו ולא יספדו להם--ולא יתגדד ולא יקרח להם
7 Obiara remma wɔn a wodi awufo no ho awerɛhow no aduan mfa nkyekye wɔn werɛ, owufo no agya anaa ne na mpo, obiara remma wɔn nsa mfa nkyekye wɔn werɛ.
ולא יפרסו להם על אבל לנחמו על מת ולא ישקו אותם כוס תנחומים על אביו ועל אמו
8 “Na nhyɛn ofi a aponto kɔ so wɔ mu nkɔtena ase, nnidi na nnom.
ובית משתה לא תבוא לשבת אותם לאכל ולשתות
9 Na sɛɛ na Awurade Tumfo, Israel Nyankopɔn no se: Wo nkwanna mu a wʼani tua no, mede ahosɛpɛw ne anigye nnyigyei, ayeforokunu ne ayeforo ahosɛpɛw nne a ɛwɔ ha no bɛba awiei.
כי כה אמר יהוה צבאות אלהי ישראל הנני משבית מן המקום הזה לעיניכם ובימיכם--קול ששון וקול שמחה קול חתן וקול כלה
10 “Sɛ woka eyinom nyinaa kyerɛ saa nnipa yi na wobisa wo se, ‘Adɛn nti na Awurade abɔ atoyerɛnkyɛm a ɛyɛ hu sɛɛ atia yɛn? Dɛn mfomso na yɛayɛ? Bɔne bɛn na yɛayɛ atia Awurade, yɛn Nyankopɔn’ a,
והיה כי תגיד לעם הזה את כל הדברים האלה ואמרו אליך על מה דבר יהוה עלינו את כל הרעה הגדולה הזאת ומה עוננו ומה חטאתנו אשר חטאנו ליהוה אלהינו
11 ɛno de ka kyerɛ wɔn se, ‘Efisɛ mo agyanom gyaw me hɔ kodii anyame foforo akyi, kɔsom wɔn sɔree wɔn, Awurade asɛm ni. Wogyaw me na wɔanni me mmara so.
ואמרת אליהם על אשר עזבו אבותיכם אותי נאם יהוה וילכו אחרי אלהים אחרים ויעבדום וישתחוו להם ואתי עזבו ואת תורתי לא שמרו
12 Na mo de, moayɛ amumɔyɛsɛm asen mo agyanom. Monhwɛ sɛnea mo mu biara di ne koma bɔne asoɔden akyi wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ osetie ma me.
ואתם הרעתם לעשות מאבותיכם והנכם הלכים איש אחרי שררות לבו הרע לבלתי שמע אלי
13 Ɛno nti, metu mo afi saa asase yi so de mo akɔ asase a, mo anaasɛ mo agyanom nnim so, na mobɛsom anyame foforo wɔ hɔ awia ne anadwo, na merenhu mo mmɔbɔ.’
והטלתי אתכם מעל הארץ הזאת על הארץ אשר לא ידעתם אתם ואבותיכם ועבדתם שם את אלהים אחרים יומם ולילה אשר לא אתן לכם חנינה
14 “Nanso nna no reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’
לכן הנה ימים באים נאם יהוה ולא יאמר עוד חי יהוה אשר העלה את בני ישראל מארץ מצרים
15 mmom, wɔbɛka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi nea oyii Israelfo fii atifi fam asase ne aman a otuu wɔn kɔɔ so nyinaa.’ Efisɛ mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no no so.
כי אם חי יהוה אשר העלה את בני ישראל מארץ צפון ומכל הארצות אשר הדיחם שמה והשבתים על אדמתם אשר נתתי לאבותם
16 “Na mprempren, mɛsoma apopofo bebree a wɔbɛkyere wɔn.” Awurade na ose. “Ɛno akyi, mɛsoma akɔfa abɔmmɔfo bebree a wɔbɛtaataa wɔn wɔ mmepɔw ne nkoko nyinaa so ne abotan atokuru mu.
הנני שלח לדוגים (לדיגים) רבים נאם יהוה--ודיגום ואחרי כן אשלח לרבים צידים וצדום מעל כל הר ומעל כל גבעה ומנקיקי הסלעים
17 Mʼani tua wɔn akwan nyinaa; enhintaw me, na wɔn bɔne nso nhintaw wɔ mʼani so.
כי עיני על כל דרכיהם לא נסתרו מלפני ולא נצפן עונם מנגד עיני
18 Metua wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne so ka mprenu, efisɛ wɔde aniwude nsɛsode a enni nkwa ne wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade abɛhyɛ mʼagyapade so ma de agu mʼasase ho fi.”
ושלמתי ראשונה משנה עונם וחטאתם על חללם את ארצי בנבלת שקוציהם ותועבותיהם מלאו את נחלתי
19 Awurade, mʼahoɔden ne mʼabandennen, mʼahohia mu guankɔbea, wo nkyɛn na amanaman no bɛba; wobefi nsase ano aka se, “Yɛn agyanom annya biribiara sɛ anyame huhuw, ahoni a wɔn so nni mfaso na wɔammoa wɔn.
יהוה עזי ומעזי ומנוסי--ביום צרה אליך גוים יבאו מאפסי ארץ ויאמרו אך שקר נחלו אבותינו הבל ואין בם מועיל
20 Nnipa yɛ wɔn ankasa anyame ana? Yiw, nanso wɔnyɛ nokware anyame!”
היעשה לו אדם אלהים והמה לא אלהים
21 “Ɛno nti mɛkyerɛkyerɛ wɔn, saa bere yi nea mɛkyerɛ wɔn, me tumi ne mʼahoɔden. Afei wobehu sɛ me din ne Awurade.
לכן הנני מודיעם בפעם הזאת אודיעם את ידי ואת גבורתי וידעו כי שמי יהוה

< Yeremia 16 >