< Yeremia 14 >

1 Eyi ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuyow ho:
ひでりの事についてエレミヤに臨んだ主の言葉。
2 “Yuda resu, ne nkuropɔn hu amane; wɔbɔ asase no ho abubuw, na osu foro fi Yerusalem kɔ.
「ユダは悲しみ、その町々の門は傾き、民は地に座して嘆き、エルサレムの叫びはあがる。
3 Mmapɔmma soma wɔn asomfo ma wɔkɔhwehwɛ nsu; wɔkɔhwɛ ahina mu nanso wonnya nsu. Wɔde wɔn asuhina san ba a hwee nni mu; wɔde awerɛhow ne abawpa katakata wɔn ti so.
その君たちは、しもべをつかわして水をくませる。彼らが井戸の所にきても、水は見つからず、むなしい器をもって帰り、恥じ、かつ当惑して、その頭をおおう。
4 Asase no apaapae, efisɛ osu ntɔ wɔ asase no so; akuafo no koma atutu na wɔkata wɔn ti so.
地に雨が降らず、土が、かわいて割れたため、農夫は恥じて、その頭をおおう。
5 Mpo ɔforotebere a ɔwɔ sare so gyaw ne ba a wawo no foforo, efisɛ sare biara nni hɔ.
野にいる雌じかでさえも子を産んで、これを捨てる。草がないからである。
6 Sare so mfurum gyinagyina nkoko wosee no so home sɛ sakraman; wɔkrankran wɔn ani hwehwɛ didibea nanso wonhu bi.”
野ろばは、はげ山の上に立って、山犬のようにあえぎ、草のないために、その目はくらむ。
7 Ɛwɔ mu sɛ yɛn amumɔyɛ di adanse tia yɛn de, nanso Awurade, wo din nti yɛ ho biribi. Yɛn atuatew dɔɔso; na yɛayɛ bɔne atia wo.
主よ、われわれの罪がわれわれを訴えて不利な証言をしても、あなたの名のために、事をなしてください。われわれの背信の数は多く、あなたに向かって罪を犯しました。
8 Wo a woyɛ Israel Anidaso, nʼAgyenkwa wɔ amanehunu mmere mu, adɛn nti na woayɛ sɛ ɔhɔho wɔ asase no so, sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo?
イスラエルの望みなる主よ、悩みの時の救主よ、なぜ、あなたはこの地に住む異邦の人のようにし、また一夜の宿りのために立ち寄る旅びとのようになさらねばならないのですか。
9 Adɛn nti na woayɛ sɛ obi a ade afu ne mu yi, sɛ ɔkofo a onni ahoɔden a ɔde boa? Wowɔ yɛn ntam, Awurade na wo din da yɛn so; nnyaw yɛn mu!
なぜ、あなたは、うろたえている人のようにし、また人を救いえない勇士のようになさらねばならないのですか。主よ、あなたはわれわれのうちにいらせられます。われわれは、み名によって呼ばれている者です。われわれを見捨てないでください」。
10 Eyi ne nea Awurade ka fa saa nnipa yi ho: “Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyin ho yiye; wɔmma wɔn anan nhome. Ɛno nti Awurade nnye wɔn nto mu; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛsɛm no na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”
この民について主はこう言われる、「彼らはこのように好んで、さまよい、その足をとどめることをしなかったので、主は彼らを喜ばず、いまそのとがを覚え、その罪を罰するのだ」。
11 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mmɔ yiyeyɛ ho mpae mma saa nnipa yi.
主はわたしに言われた、「この民のために恵みを祈ってはならない。
12 Mmom ɛwɔ mu sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre de, nso merennye. Mmom, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”
彼らが断食しても、わたしは彼らの呼ぶのを聞かない。燔祭と素祭をささげても、わたしはそれを受けない。かえって、つるぎと、ききん、および疫病をもって、彼らを滅ぼしてしまう」。
13 Nanso mekae se, “Ao, Otumfo Awurade, adiyifo no ka kyerɛ wɔn daa se, ‘Morenhu afoa, na ɔkɔm remma. Nokware mɛma mo asomdwoe a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’”
わたしは言った、「ああ、主なる神よ、預言者たちはこの民に向かい、『あなたがたは、つるぎを見ることはない。ききんもこない。わたしはこの所に確かな平安をあなたがたに与える』と言っています」。
14 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Adiyifo no hyɛ akɔntoro wɔ me din mu. Mensomaa wɔn, minnyii wɔn na menkasa nkyerɛɛ wɔn ɛ. Wɔrehyɛ nkɔm fa atoro anisoadehu, asumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho.
主はわたしに言われた、「預言者らはわたしの名によって偽りの預言をしている。わたしは彼らをつかわさなかった。また彼らに命じたこともなく、話したこともない。彼らは偽りの黙示と、役に立たない占い、および自分の心でつくりあげた欺きをあなたがたに預言しているのだ。
15 Ɛno nti, nea Awurade ka fa adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho ni: mensomaa wɔn nanso wɔka se, ‘Afoa biara anaa ɔkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifo no ara bɛtotɔ wɔ afoa ano ne ɔkɔm mu.
それゆえ、わたしがつかわさないのに、わたしの名によって預言して、『つるぎとききんは、この地にこない』と言っているあの預言者について、主はこう仰せられる、この預言者らは、つるぎとききんに滅ぼされる。
16 Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtotow wɔn agu Yerusalem mmɔnten so esiane ɔkɔm ne afoa nti. Wɔrenya obiara nsie wɔn: wɔn yerenom, wɔn mmabarima anaa wɔn mmabea. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.
また彼らの預言を聞く民は、ききんとつるぎとによって、エルサレムのちまたに投げ捨てられる。だれもこれを葬る者はない。彼らとその妻、およびそのむすこ娘も同様である。わたしが彼らの悪をその上に注ぐからである。
17 “Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn: “‘ma nisu nguare me anadwo ne awia, a to ntwa, efisɛ Ɔbabea Babun no, me nkurɔfo, anya apirakuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ ahodwiriw mmoroso.
この言葉を彼らに語れ、『わたしの目は夜も昼も絶えず涙を流す。わが民の娘であるおとめが大きな傷と重い打撃によって滅ぼされるからである。
18 Sɛ mekɔ ɔman no mu a, mihu nnipa a wɔatotɔ wɔ afoa ano; sɛ mekɔ kuropɔn no mu a mihu ɔkɔm nsunsuanso. Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa kɔ asase a wonnim so so.’”
わたしが出て畑に行くと、つるぎで殺された者がある。町にはいると、ききんで病んでいる者がある。預言者も祭司も共にその地にさまよって、知るところがない』」。
19 Woapo Yuda koraa ana? Wubu Sion animtiaa ana? Adɛn nti na wode ɔhaw aba yɛn so na yennya ayaresa? Yɛn ani daa asomdwoe so, nanso ade papa biara mmaa ɛ; yɛn ani daa ayaresa bere so nanso ehu na ɛbae.
あなたはまったくユダを捨てられたのですか。あなたの心はシオンをきらわれるのですか。あなたはわれわれを撃ったのに、どうしていやしてはくださらないのですか。われわれは平安を望んだが、良い事はこなかった。いやされる時を望んだが、かえって恐怖が来た。
20 Awurade, yegye yɛn amumɔyɛ ne yɛn agyanom afɔdi to mu; nokware, yɛayɛ bɔne atia wo.
主よ、われわれは自分の悪と、先祖のとがとを認めています。われわれはあなたに罪を犯しました。
21 Na wo din nti mmu yɛn animtiaa; nhura wʼanuonyam ahengua no ho. Kae wo ne yɛn apam no na mmu so.
み名のために、われわれを捨てないでください。あなたの栄えあるみ位をはずかしめないでください。あなたがわれわれにお立てになった契約を覚えて、それを破らないでください。
22 Na amanaman ahoni ahuhuw no mu bi ma osu tɔ ana? Wim ankasa na ɛtɔ obosu ana? Dabi da, ɛyɛ wo, Awurade yɛn Nyankopɔn. Enti wo so na yɛn ani da, na wo na woyɛ eyinom nyinaa.
異邦の偽りの神々のうちに、雨を降らせうる者があるであろうか。天が自分で夕立ちを降らすことができようか。われわれの神、主よ、あなたこそ、これをなさる方ではありませんか。われわれの待ち望むのはあなたです。あなたがこれらすべてのことをなさるからです。

< Yeremia 14 >