< Yeremia 12 >

1 Woyɛ ɔtreneeni bere biara, Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim a. Nso me ne wo bɛkasa afa wʼatɛntrenee ho: Adɛn nti na amumɔyɛfo kwan si wɔn yiye? Adɛn nti na wɔn a wonni gyidi ho dwo wɔn?
Eternel, quand je contesterai avec toi, tu [seras trouvé] juste; mais toutefois j'entrerai en contestation avec toi. Pourquoi la voie des méchants a-t-elle prospéré; et pourquoi tous les perfides vivent-ils en paix?
2 Woadua wɔn, na wɔagye ntin; wonyinyin na wɔsow aba. Wɔbɔ wo din bere biara nanso wɔn koma mmɛn wo.
Tu les as plantés, et ils ont pris racine; ils s'avancent, et fructifient. Tu es près de leur bouche, mais [tu es] loin de leurs reins.
3 Nanso wunim me, Awurade; wuhu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho no hwɛ. Twe wɔn kɔ sɛ nguan a wɔrekotwitwa wɔn mu! Yi wɔn si nkyɛn ma okumda!
Mais, ô Eternel! tu m'as connu, tu m'as vu, et tu as sondé quel est mon cœur envers toi. Traîne-les comme des brebis qu'on mène pour être égorgées, et prépare-les pour le jour de la tuerie.
4 Asase no nkyen nkosi da bɛn na prama so sare nguan nkosi da bɛn? Esiane sɛ wɔn a wɔte so no yɛ amumɔyɛfo nti mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu. Na nnipa no da so ka se, “Ɔrenhu nea ɛba yɛn so.”
Jusques à quand la terre mènera-t-elle deuil, et l'herbe de tous les champs séchera-t-elle à cause de la malice des habitants qui sont en la terre? Les bêtes et les oiseaux ont été consumés [par la disette], parce que [ces méchants] ont dit: on ne verra point notre dernière fin.
5 “Sɛ wo ne mmarima atu mmirika ama woabrɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ besi mmirikakan? Sɛ wuhintiw wɔ asase petee so a, ɛno de, dɛn na wobɛyɛ wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu?
Si tu as couru avec les gens de pied, et qu'ils t'aient lassé, comment te mêleras-tu parmi les chevaux? et si tu t'es cru en sûreté dans une terre de paix, que feras-tu lorsque le Jourdain sera enflé?
6 Wo nuabarimanom, wʼankasa abusuafo, wɔn mpo ayi wo ama; wɔteɛ mu dennen tia wo. Mfa wo ho nto wɔn so, sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a.
Certainement tes frères mêmes, et la maison de ton père, ceux-là mêmes ont agi perfidement contre toi, eux-mêmes ont crié après toi à plein gosier; ne les crois point, quoiqu'ils te parlent aimablement.
7 “Megyaw me fi, ato mʼagyapade asaworam; mede nea medɔ no no bɛhyɛ nʼatamfo nsa.
J'ai abandonné ma maison, j'ai quitté mon héritage, ce que mon âme aimait le plus je l'ai livré en la main de ses ennemis.
8 Mʼagyapade ayɛ me sɛ gyata a ɔwɔ kwae mu. Ɔbobɔ mu gu me so; ɛno nti metan no.
Mon héritage m'a été comme un lion dans la forêt; il a jeté son cri contre moi, c'est pourquoi je l'ai en haine.
9 So mʼagyapade nyɛɛ me sɛ anomaa a nkekae sisi ne ho a ɔkyere mmoa na nnomaa foforo a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔw no ana? Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano. Momfa wɔn mmra na wonkum wɔn.
Mon héritage me sera-t-il donc [comme] l'oiseau peint? les oiseaux ne sont-ils pas autour de lui? Venez, assemblez-vous, vous tous les animaux des champs, venez pour le dévorer.
10 Nguanhwɛfo bebree bɛsɛe me bobeturo, na wɔatiatia me mfuw so; wɔbɛdan me mfuw fɛɛfɛ no ayɛ no asase hunu a ɛda mpan.
Plusieurs pasteurs ont gâté ma vigne, ils ont foulé mon partage, ils ont réduit mon partage désirable en un désert affreux.
11 Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a, awo wosee na ɛda hɔ kwa wɔ mʼanim; asase no nyinaa bɛda mpan efisɛ obiara nni hɔ a ɔhwɛ so.
On l'a ravagé, et lui, tout désolé, a été en deuil devant moi; toute la terre a été ravagée, parce qu'il n'y a personne qui y fasse attention.
12 Nkoko wosee a ɛwɔ nweatam no nyinaa so no na asɛefo bɛba abegu bebree, Awurade afoa bekunkum wɔn afi asase ano de akosi ano nohɔ; obiara remfa ne ho nni.
Les destructeurs sont venus sur toutes les hautes places qui sont au désert, car l'épée de l'Eternel dévore depuis un bout du pays jusqu’à l'autre; il n'y a point de paix pour aucune chair.
13 Wobedua atoko, nso wobetwa nsɔe; wɔbɛbrɛ wɔn ho nanso wɔrennya hwee. Wɔn ani bewu wɔ wɔn nnɔbaetwa ho. Awurade abufuwhyew nti.”
Ils ont semé du froment, et ils moissonneront des épines; ils se sont peinés, [et] ils n'y profiteront rien; vous serez confus en vos revenus par l'ardeur de la colère de l'Eternel.
14 Nea Awurade se ni: “Na me yɔnkonom amumɔyɛfo a wɔfa agyapade a, mede maa me nkurɔfo Israelfo no de, metu wɔn afi wɔn nsase so na metu Yudafi afi wɔn mu.
Ainsi a dit l'Eternel contre tous mes mauvais voisins, qui mettent la main sur l'héritage que j'ai fait hériter à mon peuple d'Israël: voici, je vais les arracher de leur pays, et j'arracherai la maison de Juda du milieu d'eux.
15 Na sɛ mitu wɔn wie a, mehu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapade, ne nʼasase so.
Mais il arrivera qu'après les avoir arrachés, j'aurai encore compassion d'eux, et je les ferai retourner chacun à son héritage, et chacun en son quartier.
16 Na sɛ wosua me nkurɔfo akwan yiye na wɔbɔ me din ka ntam se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwɔ mu sɛ mmere bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfo ma wɔde Baal kaa ntam de, nanso wɔn ase betim wɔ me nkurɔfo mu.
Et il arrivera que s'ils apprennent bien les voies de mon peuple, pour jurer en mon Nom, l'Eternel est vivant, ainsi qu'ils ont enseigné à mon peuple à jurer par Bahal, ils seront édifiés parmi mon peuple.
17 Nanso sɛ ɔman bi antie a, metu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ose.
Mais s'ils n'écoutent point, j'arracherai entièrement une telle nation, et [la] ferai périr, dit l'Eternel.

< Yeremia 12 >