< Yeremia 10 >
1 Muntie nea Awurade ka kyerɛ mo, Israelfi.
Hear the word that Jehovah speaketh unto you, house of Israel.
2 Sɛɛ na Awurade se: “Munnsua amanaman no akwan anaa momma wim nsɛnkyerɛnne mmɔ mo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ amanaman no hu.
Thus saith Jehovah: Learn not the way of the nations, and be not dismayed at the signs of the heavens; for the nations are dismayed at them.
3 Na nkurɔfo no amanne nka hwee; wotwa dua fi kwae mu, na odwumfo de ne fitii asen.
For the statutes of the peoples are vanity; for [it is] a tree cut out of the forest, worked with a chisel by the hands of the artizan;
4 Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no; wɔde nnadewa ne asae bobɔ si hɔ sɛnea ɛrenhwe fam.
they deck it with silver and with gold; they fasten it with nails and with hammers, that it move not.
5 Ɛte sɛ kaakaabotoni a esi ɛfere mfikyifuw mu, wɔn ahoni no ntumi nkasa; ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn efisɛ wontumi nnantew. Munnsuro wɔn; wɔrentumi nhaw mo na wɔrentumi nyɛ ade pa biara nso.”
They are as a palm-column of turned work, and they speak not; they are carried, for they cannot go. Be not afraid of them; for they cannot do evil, neither also is it in them to do good.
6 Obiara nte sɛ wo, Awurade; woyɛ ɔkɛse na wo din so wɔ tumi mu.
There is none like unto thee, Jehovah; thou art great, and thy name is great in might.
7 Hena na ɛnsɛ sɛ odi wo ni, Amansanhene? Eyi na ɛfata wo. Amanaman no so anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahenni nyinaa mu, obiara ne wo nsɛ.
Who would not fear thee, O King of nations? For to thee doth it appertain; for among all the wise men of the nations, and in all their kingdoms, there is none like unto thee.
8 Wɔn nyinaa yɛ adwenharefo ne nkwaseafo; dua ahoni a so nni mfaso na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.
But they are one and all senseless and foolish; the teaching of vanities is a stock.
9 Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba, ne sikakɔkɔɔ nso fi Ufas ba. Ɛyɛ nea odwumfo ne sika dwumfo ayɛ a wɔde ntama bibiri ne beredum afura no, ne nyinaa yɛ adwumfo anyansafo nsa ano nnwuma.
Silver spread into plates is brought from Tarshish, and gold from Uphaz, the work of the artizan and of the hands of the founder; blue and purple is their clothing: they are all the work of skilful [men].
10 Nanso Awurade ne nokware Onyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn teasefo, daapem Hene no. Sɛ ne bo fuw a asase wosow; na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuwhyew ano.
But Jehovah Elohim is truth; he is the living God, and the King of eternity. At his wrath the earth trembleth, and the nations cannot abide his indignation.
11 “Ka eyi kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afi asase so ne ɔsorosoro ase.’”
Thus shall ye say unto them: The gods that have not made the heavens and the earth, these shall perish from the earth, and from under the heavens.
12 Nanso Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu, na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.
He hath made the earth by his power, he hath established the world by his wisdom, and hath stretched out the heavens by his understanding.
13 Sɛ ɔpaapae aprannaa a ɔsorosoro nsu bobɔ mu; ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano. Ɔde anyinam ka osu ho ba, na ogyaa mframa mu fi nʼadekoradan mu.
When he uttereth his voice, there is a tumult of waters in the heavens, and he causeth the vapours to ascend from the end of the earth; he maketh lightnings for the rain, and bringeth forth the wind out of his treasuries.
14 Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ; sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti. Ne nsɛsode yɛ atoro; wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.
Every man is become brutish, bereft of knowledge; every founder is put to shame by the graven image, for his molten image is falsehood, and there is no breath in them.
15 Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew; sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera.
They are vanity, a work of delusion: in the time of their visitation they shall perish.
16 Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom, efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfo a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho, Asafo Awurade ne ne din.
The portion of Jacob is not like them; for it is he that hath formed all [things], and Israel is the rod of his inheritance: Jehovah of hosts is his name.
17 Mommoaboa mo ahode ano mfi asase no so, mo a motete nkurow a wɔatua wɔn ano mu.
Gather up thy baggage out of the land, O inhabitress of the fortress.
18 Na sɛɛ na Awurade se: “Saa bere yi mɛtow wɔn a wɔtete asase yi so agu; mede amanehunu bɛba wɔn so sɛnea wɔbɛfa wɔn nnommum.”
For thus saith Jehovah: Behold, I will this time sling out the inhabitants of the land, and will distress them, that they may be found.
19 Me pira yi nti minnue, mʼapirakuru yɛ akisikuru! Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ, “Eyi ne me yare, na ɛsɛ sɛ mimia mʼani.”
Woe is me, for my wound! My stroke is hard to heal, and I had said, Yea, this is [my] grief, and I will bear it.
20 Wɔasɛe me ntamadan; wɔatwitwa nʼahama nyinaa mu. Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhu wɔn bio; anka obiara a obesi me ntamadan anaa obesiesie me suhyɛ.
My tent is despoiled, and all my cords are broken; my children are gone forth from me, and they are not; there is none to stretch forth my tent any more, and to set up my curtains.
21 Nguanhwɛfo no yɛ adwenharefo wommisa Awurade akyi kwan; ɛno nti wɔnkɔ so na wɔn nguankuw no abɔ ahwete.
For the shepherds are become brutish, and have not sought Jehovah; therefore have they not acted wisely, and all their flock is scattered.
22 Muntie! Amanneɛ no reba, basabasayɛ kɛse a efi atifi fam asase bi so! Ɛbɛma Yuda nkurow ada mpan, na ayɛ sakraman atu.
The voice of a rumour! Behold, it cometh, and a great commotion out of the north country, to make the cities of Judah a desolation, a dwelling-place of jackals.
23 Awurade, minim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne de; na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntu.
I know, Jehovah, that the way of man is not his own; it is not in a man that walketh to direct his steps.
24 Teɛ me so, Awurade, wɔ trenee mu, mfi wʼabufuw mu nyɛ; anyɛ saa a wobɛdwerɛw me.
Jehovah, correct me, but with judgment; not in thine anger, lest thou bring me to nothing.
25 Hwie wʼabufuwhyew no gu amanaman a wonnye wo nto mu no so, nnipa a wɔmmɔ wo din no so. Efisɛ, wɔasɛe Yakob wɔasɛe no koraa na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so no.
Pour out thy fury upon the nations that know thee not, and upon the families that call not on thy name; for they have eaten up Jacob, yea, they have eaten him up and consumed him, and have laid waste his dwelling-place.