< Yakobo 5 >

1 Afei mo adefo nso muntie! Munsu na muntwa agyaadwo wɔ amanehunu a ɛreba mo so no ho.
Come now, you who are rich, weep and howl over the miseries that are coming upon you.
2 Mo ahonya no aporɔw na nwewee awe mo ntama.
Your riches have rotted, and your garments are moth-eaten.
3 Mo sika ne mo dwetɛ agye nkannare na saa nkannare no bedi adanse atia mo, na ahyew mo honam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapade wɔ nna a edi akyiri no mu.
Your gold and silver have rusted, and their rust will be a testimony against you and will eat your flesh like fire. You have laid up treasure in the last days.
4 Muntuaa nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuw mu no ka enti wɔresi apini. Na wɔn apinisi no adu Onyankopɔn, Asafo Awurade no aso mu.
Behold, the wages of the workers who harvested your fields, which you kept back by fraud, cry out, and the cries of the reapers have reached the ears of the Lord of hosts.
5 Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛde ne anigye. Moadɔ srade ama okum da.
You have lived on the earth in luxury and self-indulgence. You have nourished your hearts as in a day of slaughter.
6 Moabu nea ɔnnsɔre ntia mo no na onni fɔ no kumfɔ akum no.
You have condemned and murdered the righteous man; he does not resist you.
7 Me nuanom, montɔ mo bo ase nkosi sɛ Awurade bɛba. Monhwɛ sɛnea okuafo nya boasetɔ twɛn asusow bere.
Therefore be patient, brothers, until the coming of the Lord. Behold, the farmer waits for the precious fruit of the earth, being patient for it until it receives the early and latter rain.
8 Ɛsɛ sɛ mo nso motɔ mo bo ase. Momma mo anidaso mu nyɛ den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn.
You also must be patient. Establish your hearts, for the coming of the Lord has drawn near.
9 Anuanom, munnni nseku ntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Otemmufo no gyina ɔpon no ano.
Do not complain against one another, brothers, so that you will not be judged. Behold, the Judge is standing at the door.
10 Me nuanom, monkae adiyifo a wɔde Awurade din kasae no. Momfa wɔn sɛ nhwɛso wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wotumi de tenaa amanehunu mu no.
As an example of suffering and patience, my brothers, take the prophets who spoke in the name of the Lord.
11 Yɛde nidi ma wɔn, efisɛ wonyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na munim nea Awurade de dom no awiei no; efisɛ Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.
Behold, we regard as blessed those who endure. You have heard of the endurance of Job. Now consider the purpose of the Lord, how he is full of compassion and mercy.
12 Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Yiw” a, monka “Yiw.” Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na moamma Onyankopɔn atemmu ase.
Above all, my brothers, do not swear, neither by heaven, nor by earth, nor by any other oath. But let your “Yes” be “Yes” and your “No” be “No,” so that you will not fall into hypocrisy.
13 Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpae. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu ana? Ɛsɛ sɛ ɔto ayeyi nnwom.
Is anyone among you suffering? He should pray. Is anyone of good cheer? He should sing praise.
14 Mo mu bi yare ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanyimfo na wɔde Awurade din bɔ mpae ma no na wɔsra no ngo.
Is anyone among you sick? He should call for the elders of the church, and they should pray over him, anointing him with oil in the name of the Lord.
15 Sɛ wɔbɔ saa mpae no gyidi mu a, ɛbɛsa ɔyarefo no yare, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no.
The prayer of faith will save the one who is sick, and the Lord will raise him up. And if he has committed sins, he will be forgiven.
16 Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpae mma mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsa mo yare. Onipa trenee mpaebɔ tumi yɛ nneɛma bebree.
Confess your trespasses to one another and pray for one another so that you may be healed. The prayer of a righteous person is very powerful and effective.
17 Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpae nokware mu sɛ osu nntɔ, na ampa ara osu antɔ wɔ asase no so mfe abiɛsa ne fa.
Elijah was a man with a nature like ours, and he prayed earnestly that it would not rain, and for three years and six months it did not rain on the land.
18 Ɔsan bɔɔ mpae bio maa osu tɔ maa asase nyaa nnɔbae.
Then he prayed again, and the sky gave rain, and the land produced its fruit.
19 Me nuanom, sɛ mo mu bi guan fi nokware ho na ɔfoforo de no ba bio a,
Brothers, if anyone among you wanders from the truth and someone turns him back,
20 monkae sɛ, nea ɔdan ɔdebɔneyɛni fi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa fi owu mu ma wɔde ne bɔne dodow no nyinaa kyɛ no.
be assured that whoever turns a sinner back from the error of his way will save a soul from death and cover a multitude of sins.

< Yakobo 5 >