< Yakobo 4 >

1 Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi fi he? Efi mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo nipadua di asi no.
Πόθεν πόλεμοι καὶ μάχαι ἐν ὑμῖν; Οὐκ ἐντεῦθεν, ἐκ τῶν ἡδονῶν ὑμῶν τῶν στρατευομένων ἐν τοῖς μέλεσιν ὑμῶν;
2 Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno nti moayɛ mo adwene sɛ mubedi awu. Mo ani abere denneennen rehwehwɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Mo nsa renka nea morehwehwɛ no efisɛ mummisa Onyankopɔn.
Ἐπιθυμεῖτε, καὶ οὐκ ἔχετε· φονεύετε καὶ ζηλοῦτε, καὶ οὐ δύνασθε ἐπιτυχεῖν· μάχεσθε καὶ πολεμεῖτε, οὐκ ἔχετε διὰ τὸ μὴ αἰτεῖσθαι ὑμᾶς·
3 Na sɛ mubisa koraa nso a, mo nsa renka, efisɛ mowɔ adwemmɔne, sɛ ɛbɛyɛ a mode nea munya no begye mo ani.
αἰτεῖτε, καὶ οὐ λαμβάνετε, διότι κακῶς αἰτεῖσθε, ἵνα ἐν ταῖς ἡδοναῖς ὑμῶν δαπανήσητε.
4 Nnipa a munni gyidi! Munnim sɛ, sɛ mofa wiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfo? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no bɛyɛ Onyankopɔn tamfo.
Μοιχοὶ καὶ μοιχαλίδες, οὐκ οἴδατε ὅτι ἡ φιλία τοῦ κόσμου ἔχθρα τοῦ Θεοῦ ἐστιν; Ὃς ἂν οὖν βουληθῇ φίλος εἶναι τοῦ κόσμου, ἐχθρὸς τοῦ Θεοῦ καθίσταται.
5 Mususuw sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Ninkutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa ana?
Ἢ δοκεῖτε ὅτι κενῶς ἡ γραφὴ λέγει; Πρὸς φθόνον ἐπιποθεῖ τὸ πνεῦμα ὃ κατῴκησεν ἐν ἡμῖν.
6 Nanso adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yiye. Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”
Μείζονα δὲ δίδωσι χάριν· διὸ λέγει, Ὁ Θεὸς ὑπερηφάνοις ἀντιτάσσεται, ταπεινοῖς δὲ δίδωσι χάριν.
7 Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho.
Ὑποτάγητε οὖν τῷ Θεῷ· ἀντίστητε δὲ τῷ διαβόλῳ, καὶ φεύξεται ἀφ᾽ ὑμῶν.
8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!
Ἐγγίσατε τῷ Θεῷ, καὶ ἐγγιεῖ ὑμῖν· καθαρίσατε χεῖρας, ἁμαρτωλοί, καὶ ἁγνίσατε καρδίας, δίψυχοι.
9 Munni awerɛhow, munsu, na muntwa agyaadwo; momma mo serew nnan osu, na mo anigye nnan awerɛhow.
Ταλαιπωρήσατε καὶ πενθήσατε καὶ κλαύσατε· ὁ γέλως ὑμῶν εἰς πένθος μεταστραφήτω, καὶ ἡ χαρὰ εἰς κατήφειαν.
10 Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.
Ταπεινώθητε ἐνώπιον τοῦ Κυρίου, καὶ ὑψώσει ὑμᾶς.
11 Me nuanom, munnnidi mo ho nseku. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa obu no atɛn no, kasa tia mmara no. Na sɛ wubu mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ afei de, wunni mmara no so.
Μὴ καταλαλεῖτε ἀλλήλων, ἀδελφοί. Ὁ καταλαλῶν ἀδελφοῦ, καὶ κρίνων τὸν ἀδελφὸν αὐτοῦ, καταλαλεῖ νόμου, καὶ κρίνει νόμον· εἰ δὲ νόμον κρίνεις, οὐκ εἶ ποιητὴς νόμου, ἀλλὰ κριτής.
12 Onyankopɔn nko na ɔma mmara na obu atɛn. Ɔno nko na ogye nkwa na ɔsɛe. Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?
Εἷς ἐστιν ὁ νομοθέτης, ὁ δυνάμενος σῶσαι καὶ ἀπολέσαι· σὺ δὲ τίς εἶ ὃς κρίνεις τὸν ἕτερον;
13 Mo a moka se, “Nnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, muntie me.
Ἄγε νῦν οἱ λέγοντες, Σήμερον καὶ αὔριον πορευσώμεθα εἰς τήνδε τὴν πόλιν, καὶ ποιήσωμεν ἐκεῖ ἐνιαυτὸν ἕνα, καὶ ἐμπορευσώμεθα, καὶ κερδήσωμεν·
14 Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena. Mote sɛ omununkum a ɛba bere tiaa bi na ɛyera.
οἵτινες οὐκ ἐπίστασθε τὸ τῆς αὔριον. Ποία γὰρ ἡ ζωὴ ὑμῶν; Ἀτμὶς γὰρ ἔσται ἡ πρὸς ὀλίγον φαινομένη, ἔπειτα δὲ καὶ ἀφανιζομένη.
15 Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne se, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.”
Ἀντὶ τοῦ λέγειν ὑμᾶς, Ἐὰν ὁ Κύριος θελήσῃ, καὶ ζήσωμεν, καὶ ποιήσωμεν τοῦτο ἢ ἐκεῖνο.
16 Nanso mprempren mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo. Saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne.
Νῦν δὲ καυχᾶσθε ἐν ταῖς ἀλαζονείαις ὑμῶν· πᾶσα καύχησις τοιαύτη πονηρά ἐστιν.
17 Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.
Εἰδότι οὖν καλὸν ποιεῖν καὶ μὴ ποιοῦντι, ἁμαρτία αὐτῷ ἐστιν.

< Yakobo 4 >