< Yesaia 9 >
1 Nanso wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no renni awerɛhow bio. Kan no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufo man na ne kwan da Yordan ne po ntam no anuonyam.
The gloom will be dispelled from her who was in anguish. In an earlier time he humiliated the land of Zebulun and the land of Naphtali, but in the later time he will make it glorious, the way to the sea, beyond the Jordan, Galilee of the nations.
2 Nnipa a wɔnam sum mu ahu Hann kɛse; wɔn a wɔte asase a so sum kabii no, hann bi apue wɔn so.
The people who walked in darkness have seen a great light; those who have lived in the land of the shadow of death, the light has shone on them.
3 Woatrɛw ɔman no mu woama wɔn ani agye mmoroso wodi ahurusi wɔ wʼanim sɛnea nnipa di ahurusi otwabere, sɛnea nnipa ho sɛpɛw wɔn wɔ bere a wɔrekyɛ asade no.
You have multiplied the nation; you have increased their joy. They rejoice before you like the joy at harvest time, as men rejoice when they divide the plunder.
4 Te sɛ da a Midian dii nkogu no, woadwerɛw konnua a ɛda wɔn so no, abaa a ɛda wɔn mmati, wɔn nhyɛsofo pema.
For the yoke of his burden, the beam across his shoulder, the rod of his oppressor, you have shattered as on the day of Midian.
5 Ɔkofo mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa ne atade biara a mogya akeka mu, wobegyaw agu hɔ na wɔahyew; ɛbɛyɛ nea ɛma ogya dɛw.
For every boot treading in the tumult and the garments rolled in blood will be burned, fuel for the fire.
6 Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabarima, na amammui no bɛda ne mmati so. Na wɔbɛfrɛ no Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn, Daa Agya, Asomdwoe Wura.
For to us a child has been born, to us a son has been given; and the rule will be on his shoulder; and his name will be called Wonderful Counselor, Mighty God, Everlasting Father, Prince of Peace.
7 Nʼamammui no nkɔso ne Nʼasomdwoe bɛtena hɔ daa. Ɔbɛtena Dawid ahengua so abu Nʼahenni, Ɔde atɛntrenee ne treneeyɛ befi ase na wama atim afi saa bere no akosi daa apem. Asafo Awurade mmɔdemmɔ bɛyɛ eyi.
Of the increase of his government and of peace there will be no end, as he rules on the throne of David, and over his kingdom, to establish it and sustain it with justice and with righteousness from this time onward and for evermore. The zeal of Yahweh of hosts will do this.
8 Awurade ama Yakob nkra a etia no, na ɛbɛka Israel.
The Lord sent a word against Jacob, and it fell on Israel.
9 Nnipa no nyinaa behu, Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria a wɔde ahohoahoa ne ahomaso koma kasa no,
All the people will know, even Ephraim and the inhabitants of Samaria, who say in pride and with an arrogant heart,
10 “Ntayaa no abubu agu fam nanso yɛde abo a wɔatwa bɛto bio. Wɔabubu borɔdɔma nnua no nanso yɛde sida besi anan mu.”
“The bricks have fallen, but we will rebuild with chiseled stone; the sycamores have been cut down, but we will put cedars in their place.”
11 Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfo den atia wɔn, na ɔhyɛ wɔn atamfo no nkuran.
Therefore Yahweh will raise up against him Rezin, his adversary, and will stir up his enemies,
12 Aramfo a wofi apuei fam, Filistifo a wofi atɔe fam, abue wɔn anom amene Israel. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
the Arameans on the east, and the Philistines on the west. They will devour Israel with open mouth. In all these things, his anger does not subside; instead, his hand is still stretched out.
13 Nanso nnipa no nsan nkɔɔ nea ɔtwee wɔn aso no nkyɛn, na wɔnhwehwɛɛ Asafo Awurade no akyi kwan nso.
Yet the people will not turn to him who struck them, nor will they seek Yahweh of hosts.
14 Enti Awurade betwa eti ne dua afi Israel ho na berɛw ne demmire nso, ɔde da koro pɛ;
Therefore Yahweh will cut off from Israel head and tail, palm branch and reed, in one day.
15 mpanyimfo ne akunini no ne eti no, na atoro adiyifo no ne dua no.
The leader and the noble man are the head; and the prophet that teaches lies is the tail.
16 Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no, nkyerɛ wɔn ɔkwan pa, na wɔn a wonya akwankyerɛ no nso, fom kwan.
Those who lead this people lead them astray, and those who are led by them are swallowed up.
17 Enti Awurade ani rennye mmerante no ho, na ɔrenhu ayisaa ne akunafo mmɔbɔ efisɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumɔyɛfo, ano biara ka ahuhusɛm. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
Therefore the Lord will not rejoice over their young men nor will he have compassion on their fatherless and widows, since every one is godless and an evildoer, and every mouth speaks foolish things. In all these things, his anger does not subside; instead, his hand is still stretched out.
18 Nokware, atirimɔden hye te sɛ ogya; ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe, ɛde ogya to kwaeberentuw mu hyew no, na ɛnam wusiw kumɔnn mu foro kɔ soro.
Wickedness burns like a fire; it devours the briers and thorns; it even burns the thickets of the forest, which rise in a column of smoke.
19 Ɛnam Asafo Awurade abufuw so, asase no bɛkyen na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no; na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.
Through the fury of Yahweh of hosts the land is scorched, and the people are like fuel for the fire. No man spares his brother.
20 Nifa so, wɔbɛfom aduan adi, nanso ɔkɔm bɛde wɔn; benkum so wobedidi, nanso wɔremmee. Obiara bɛwe ne ba nam.
They will grab food on the right hand but still be hungry; they will eat food on the left hand but will not be satisfied. Each will even eat the flesh of his own arm.
21 Manase bɛdan Efraim na Efraim adan Manase na wɔbɛbɔ mu atia Yuda. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
Manasseh will devour Ephraim, and Ephraim, Manasseh; and they together will attack Judah. In all these things, his anger does not subside; instead, his hand is still stretched out.