< Yesaia 8 >

1 Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa nhoma mmobɔwee kɛse no na fa kyerɛwdua biara kyerɛw so.
主はわたしに言われた、「一枚の大きな札を取って、その上に普通の文字で、『マヘル・シャラル・ハシ・バズ』と書きなさい」。
2 Na mɛfrɛ ɔsɔfo Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ me dansefo nokwafo aba.”
そこで、わたしは確かな証人として、祭司ウリヤおよびエベレキヤの子ゼカリヤを立てた。
3 Afei mekɔɔ nkɔmhyɛnibea no ho, na onyinsɛnee, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.
わたしが預言者の妻に近づくと、彼女はみごもって男の子を産んだ。その時、主はわたしに言われた、「その名をマヘル・シャラル・ハシ・バズと呼びなさい。
4 Ansa na abarimaa no betumi aka, ‘Mʼagya’ anaasɛ ‘me na’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahode ne Samaria asade nyinaa akɔ.”
それはこの子がまだ『おとうさん、おかあさん』と呼ぶことを知らないうちに、ダマスコの富と、サマリヤのぶんどり品とが、アッスリヤ王の前に奪い去られるからである」。
5 Awurade kasa kyerɛɛ me bio se,
主はまた重ねてわたしに言われた、
6 “Esiane sɛ saa nkurɔfo yi apo Siloa nsu a ɛsen brɛoo na wodi ahurusi wɔ Resin ne Remalia babarima no ho nti,
「この民はゆるやかに流れるシロアの水を捨てて、レヂンとレマリヤの子の前に恐れくじける。
7 Awurade reyɛ de Asubɔnten no yiri kɛse no atia wɔn, Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa. Ebeyiri afa nʼabon nyinaa mu, na abu afa ne konkɔn so
それゆえ見よ、主は勢いたけく、みなぎりわたる大川の水を彼らにむかってせき入れられる。これはアッスリヤの王と、そのもろもろの威勢とであって、そのすべての支流にはびこり、すべての岸を越え、
8 na apra abɛfa Yuda, akɔntɔn afa ho, ateɛ afa mu abɛdeda kɔn mu. Na atrɛtrɛw akata asase no nyinaa so Immanuel.”
ユダに流れ入り、あふれみなぎって、首にまで及ぶ。インマヌエルよ、その広げた翼はあまねく、あなたの国に満ちわたる」。
9 Momma ɔko nteɛmu so, mo aman na wɔnnwerɛw mo! Muntie mo akyirikyiri aman. Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo! Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo!
もろもろの民よ、打ち破られて、驚きあわてよ。遠き国々のものよ、耳を傾けよ。腰に帯して、驚きあわてよ。腰に帯して、驚きあわてよ。
10 Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuwii adi, nanso ɛrennyina, efisɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
ともに計れ、しかし、成らない。言葉を出せ、しかし、行われない。神がわれわれと共におられるからである。
11 Awurade de ne nsa dennen no too me so, ka kyerɛ me, bɔɔ me kɔkɔ se mennantew saa nkurɔfo yi kwan so. Ɔkae se,
主は強いみ手をもって、わたしを捕え、わたしに語り、この民の道に歩まないように、さとして言われた、
12 “Mommfrɛ no tirisopam biribiara a saa nkurɔfo yi frɛ no tirisopam no; Munnsuro nea wosuro, na momma ɛmmɔ mo hu.
「この民がすべて陰謀ととなえるものを陰謀ととなえてはならない。彼らの恐れるものを恐れてはならない。またおののいてはならない。
13 Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wubu no ɔkronkron, ɔno na ɛsɛ sɛ wusuro no, ɔno na ne ho yɛ hu,
あなたがたは、ただ万軍の主を聖として、彼をかしこみ、彼を恐れなければならない。
14 ɔbɛyɛ kronkronbea: nanso Israel ne Yuda de, ɔbɛyɛ hintibo ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase. Na ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem de, ɔbɛyɛ afiri a ebeyi wɔn.
主はイスラエルの二つの家には聖所となり、またさまたげの石、つまずきの岩となり、エルサレムの住民には網となり、わなとなる。
15 Wɔn mu bebree bɛwatiri; wɔbɛhwe ase a wɔrensɔre bio, wobesum wɔn afiri na ayi wɔn.”
多くの者はこれにつまずき、かつ倒れ、破られ、わなにかけられ、捕えられる」。
16 Kyekyere kɔkɔbɔ adanse no sɔw mmara no ano ma mʼasuafo.
わたしは、あかしを一つにまとめ、教をわが弟子たちのうちに封じておこう。
17 Mɛtwɛn Awurade a wayi nʼani afi Yakobfi so mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.
主はいま、ヤコブの家に、み顔をかくしておられるとはいえ、わたしはその主を待ち、主を望みまつる。
18 Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no ni. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde wɔ Israel, na yefi Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔw so no nkyɛn.
見よ、わたしと、主のわたしに賜わった子たちとは、シオンの山にいます万軍の主から与えられたイスラエルのしるしであり、前ぶれである。
19 Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkohu samanfrɛfo ne nnunsifo a wɔkasa aso mu na emu ntew a, adɛn nti na wommmisa wɔn Nyankopɔn? Adɛn nti na mubisa ade wɔ awufo nkyɛn ma ateasefo?
人々があなたがたにむかって「さえずるように、ささやくように語る巫子および魔術者に求めよ」という時、民は自分たちの神に求むべきではないか。生ける者のために死んだ者に求めるであろうか。
20 Sɛ wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann.
ただ教とあかしとに求めよ。まことに彼らはこの言葉によって語るが、そこには夜明けがない。
21 Wɔde ahohiahia ne ɔkɔm bɛnantenantew asase no so; na sɛ wɔtɔ beraw a, wɔn bo befuw na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn.
彼らはしえたげられ、飢えて国の中を経あるく。その飢えるとき怒りを放ち、自分たちの王、自分たちの神をのろい、かつその顔を天に向ける。
22 Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wubehu ahohiahia ne sum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛn sum kabii mu.
また地を見ると、見よ、悩みと暗きと、苦しみのやみとがあり、彼らは暗黒に追いやられる。

< Yesaia 8 >