< Yesaia 7 >

1 Bere a Usia babarima Yotam babarima Ahas bedii Yudaman so hene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoe, nanso wɔantumi anni ne so.
ウジャの子ヨタムその子ユダヤ王アハズのときアラムの王レヂンとレマリヤの子イスラエル王ペカと上りきたりてヱルサレムを攻しがつひに勝ことあたはざりき
2 Na wɔka kyerɛɛ Dawidfi se, “Aram ne Efraim ayɛ apam;” Enti Ahas ne ne nkurɔfo ho wosow sɛnea kwaennua wosow wɔ mframa ano no.
ここにアラムとエフライムと結合なりたりとダビデの家につぐる者ありければ王のこころと民の心とは林木の風にうごかさるるが如くに動けり
3 Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia se, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkohyia Ahas wɔ Atifi Tare no subon a ɛwɔ Ntamahorofo Afuw no kwan so.
その時ヱホバ、イザヤに言たまひけるは今なんぢと汝の子シヤルヤシユブと共にいでて布をさらす野の大路のかたはらなる上池の樋口にゆきてアハズを迎へ
4 Ka kyerɛ no se, ‘Hwɛ yiye, yɛ komm na nsuro. Mma wo koma ntu wɔ saa nnyentia abien a ɛrefi wusiw yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuwhyew no nti.
これに告べしなんぢ謹みて静かなれ アラムのレヂン及びレマリャの子はげしく怒るとも二の燼餘りたる煙れる片柴のごとし懼るるなかれ心をよわくするなかれ
5 Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛe ho pɔw se,
アラム、エフライム及びレマリヤの子なんぢにむかひて惡き謀ごとを企てていふ
6 “Momma yɛntow nhyɛ Yuda so, na yɛntetew wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yensi Tabeel babarima hene wɔ so.”
われらユダに攻上りて之をおびやかし我儕のためにこれを破りとりタビエルの子をその中にたてて王とせんと
7 Nanso nea Asafo Awurade se ni: “‘Ɛremma so, na ɛrensi da,
されど主ヱホバいひたまはくこの事おこなはれずまた成ことなし
8 Aram ti ne Damasko, na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti. Mfirihyia aduosia anum mu no Efraim mu bɛtetew koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman.
アラムの首はダマスコ、ダマスコの首はレヂンなり エフライムは六十五年のうちに敗れて國をなさざるべし
9 Efraim ti ne Samaria Remalia babarima pɛ ne Samaria ti. Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidi mu a, worennyina koraa.’”
またエフライムの首はサマリヤ、サマリヤの首はレマリヤの子なり 若なんぢら信ぜずばかならず立ことを得じと
10 Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio se,
ヱホバ再びアハズに告ていひたまはく
11 “Bisa Awurade, wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnne, sɛ ɛwɔ bun ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohɔ.” (Sheol h7585)
なんぢの神ヱホバに一の豫兆をもとめよ或はふかき處あるひは上のたかき處にもとめよ (Sheol h7585)
12 Nanso Ahas buae se, “Meremmisa, merensɔ Awurade nhwɛ.”
アハズいひけるは我これを求めじ 我はヱホバを試むることをせざるべし
13 Na Yesaia kae se, “Muntie Dawidfi! Ɛnso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboase ahwɛ? Na mobɛsɔ me Nyankopɔn nso ntoboase ahwɛ ana?
イザヤいひけるはダビデのいへよ請なんぢら聞 なんぢら人をわづらはしこれを小事として亦わが神をも煩はさんとするか
14 Ɛno de, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnne; ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔbɛfrɛ no Immanuel.
この故に主みづから一の豫兆をなんぢらに賜ふべし 視よをとめ孕みて子をうまんその名をインマヌエルと稱ふべし
15 Obedi nufusu ani srade ne ɛwo, bere a wahu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no.
かれ惡をすて善をえらぶことを知 ころほひにいたりて乳酥と蜂蜜とをくらはん
16 Nanso ansa na abarimaa no behu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no, wɔbɛma ahemfo abien a wusuro wɔn no nsase ada mpan.
そはこの子いまだ惡をすて善をえらぶことを知ざるさきになんぢが忌きらふ兩の王の地はすてらるべし
17 Awurade de bere bi bɛba wo ne wo nkurɔfo ne wʼagya fi so a ɛso bi mmaa da, efi bere a Efraim tew ne ho fii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.”
ヱホバはエフライムがユダを離れし時よりこのかた臨みしことなき日を汝となんぢの民となんぢの父の家とにのぞませ給はん是アツスリヤの王なり
18 Da no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afi nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nnowa a wofi Asiria asase so.
其日ヱホバ、エジプトなる河々のほとりの蠅をまねきアツスリヤの地の蜂をよびたまはん
19 Wɔn nyinaa bɛba abegu aku a mu dɔ ne ntokuru a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne suka mu.
皆きたりて荒たるたに岩穴すべての荊棘すべての牧場のうヘに止まるべし
20 Da no, Awurade de oyiwan a obegye wɔ Asubɔnten no agya nohɔ wɔ Asiriahene nkyɛn, no beyi mo ti so ne mo anan ho nwi na wayi mo abogyesɛ nso.
その日主はかはの外ふより雇へるアツスリヤの王を剃刀として首と足の毛とを剃たまはんまた髯をも除きたまふべし
21 Saa da no, obiara bɛyɛn nantwi ba baako ne mmirekyi abien.
その日人わかき牝犢ひとつと羊ふたつとを飼をらん
22 Na esiane nufusu dodow a wɔbɛma nti, obenya nufusu ani srade adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bedi nufusu ani srade ne ɛwo.
その出すところの乳おほきによりて乳酥をくらふことを得んすべて國のうちに遺れるものは乳酥と蜂蜜とをくらふべし
23 Saa da no, baabiara a na anka bobe apem a ne bo yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wobehu nnɛnkyɛnse ne nsɔe.
その日千株に銀一千の價をえたる葡萄ありし處もことごとく荊と棘はえいづべし
24 Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, efisɛ nnɛnkyɛnse ne nsɔe agye hɔ.
荊とおどろと地にあまねきがゆゑに人々矢と弓とをもて彼處にゆくなり
25 Nkoko a na anka kan no wɔde nsɔw yɛ so adwuma, nnɛnkyɛnse ne nsɔe ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio; ɛbɛdan mmeaemmeae a wogyaa anantwi ne nguan ma wɔkɔ.
鋤をもて掘たがへしたる山々もいばらと棘のために人おそれてその中にゆくことを得じ その地はただ牛をはなち羊にふましむる處とならん

< Yesaia 7 >