< Yesaia 65 >

1 “Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase; wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me. Ɔman a wonsu mfrɛ me no, meka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mini, Mini.’
素来没有访问我的,现在求问我; 没有寻找我的,我叫他们遇见; 没有称为我名下的,我对他们说: 我在这里!我在这里!
2 Da mu nyinaa, matrɛw me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano, a wɔnenam akwammɔne so, na wodi wɔn ankasa nsusuwii akyi.
我整天伸手招呼那悖逆的百姓; 他们随自己的意念行不善之道。
3 Nnipa a daa no woyi me ahi wɔ mʼanim pɛɛ, wɔbɔ afɔre wɔ nturo mu na wɔhyew nnuhuam wɔ ntayaa afɔremuka so;
这百姓时常当面惹我发怒; 在园中献祭, 在坛上烧香;
4 wɔn a wɔtenatena nna so na anadwo wosii pɛ kokoa mu; wɔwe mprakonam na wɔn nkutu mu wɔ nkwan a wɔde nam a ɛho ntew ayɛ;
在坟墓间坐着, 在隐密处住宿, 吃猪肉; 他们器皿中有可憎之物做的汤;
5 wɔka se, ‘Mumfi ha; mommmɛn me, efisɛ me ho tew dodo ma mo!’ Saa nnipa yi yɛ wusiw wɔ me hwenem, ogya a ɛkɔ so hyew da mu nyinaa.
且对人说:你站开吧! 不要挨近我,因为我比你圣洁。 主说:这些人是我鼻中的烟, 是整天烧着的火。
6 “Hwɛ; wɔakyerɛw ato hɔ wɔ mʼanim se, merenyɛ komm, metua so ka pɛpɛɛpɛ; metua so ka agu wɔn asrɛ so,
看哪,这都写在我面前。 我必不静默,必施行报应, 必将你们的罪孽和你们列祖的罪孽, 就是在山上烧香, 在冈上亵渎我的罪孽, 一同报应在他们后人怀中, 我先要把他们所行的量给他们; 这是耶和华说的。
7 mo ne mo agyanom bɔne nti,” sɛɛ na Awurade se. “Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw so na wotwirii me wɔ nkoko so nti mesusuw bɔne a wɔyɛɛ kan no so akatua pɛpɛɛpɛ agu wɔn asrɛ so.”
8 Sɛɛ na Awurade se: “Sɛnea wonya nsu fi bobe kasiaw mu, na nnipa ka se, ‘Monnsɛe no, efisɛ ade pa bi da so wɔ mu’ no saa ara na mʼasomfo no nti mɛyɛ. Merensɛe wɔn nyinaa.
耶和华如此说:葡萄中寻得新酒, 人就说:不要毁坏, 因为福在其中。 我因我仆人的缘故也必照样而行, 不将他们全然毁灭。
9 Mede Yakob asefo bɛba, na me mmepɔw no sodifo afi Yuda aba; me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn ade, na hɔ na mʼasomfo bɛtena.
我必从雅各中领出后裔, 从犹大中领出承受我众山的。 我的选民必承受; 我的仆人要在那里居住。
10 Saron bɛyɛ nguankuw adidibea, na Akor bon no ayɛ anantwikuw homebea ama me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me.
沙 平原必成为羊群的圈; 亚割谷必成为牛群躺卧之处, 都为寻求我的民所得。
11 “Na mo a mo de mugyaw Awurade na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no, mo a moto pon ma Ahonya na mohyɛ afrasa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea no,
但你们这些离弃耶和华、 忘记我的圣山、给时运摆筵席、 给天命盛满调和酒的,
12 mede mo bɛto afoa ano, na mo nyinaa akotow ama wɔakum mo; efisɛ mefrɛe nanso moannye so, mekasae nanso moantie. Moyɛɛ nea ɛyɛ mʼani so bɔne na moyɛɛ nea mempɛ.”
我要命定你们归在刀下, 都必屈身被杀; 因为我呼唤,你们没有答应; 我说话,你们没有听从; 反倒行我眼中看为恶的, 拣选我所不喜悦的。
13 Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Mʼasomfo bedidi, nanso ɔkɔm bɛde mo, mʼasomfo bɛnom, nanso osukɔm bɛde mo; mʼasomfo ani begye, nanso mo anim begu ase.
所以,主耶和华如此说: 我的仆人必得吃,你们却饥饿; 我的仆人必得喝,你们却干渴; 我的仆人必欢喜,你们却蒙羞。
14 Mʼasomfo bɛto nnwom afi koma mu anigye mu na mobɛteɛ mu asu afi mo koma ahoyeraw mu, na mubetwa adwo afi honhom a ayɛ mmrɛw mu.
我的仆人因心中高兴欢呼, 你们却因心中忧愁哀哭, 又因心里忧伤哀号。
15 Wubegyaw din bi a ɛbɛyɛ mmusu ama wɔn a mapaw wɔn; Otumfo Awurade bekum wo na nʼasomfo de, mɛma wɔn din foforo.
你们必留下自己的名, 为我选民指着赌咒。 主耶和华必杀你们, 另起别名称呼他的仆人。
16 Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so no, bɛyɛ wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu; obiara a ɔka ntam wɔ asase no so bɛka no wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu. Na ɔhaw a atwa mu no wɔn werɛ befi na wɔde behintaw me.
这样,在地上为自己求福的, 必凭真实的 神求福; 在地上起誓的, 必指真实的 神起誓。 因为,从前的患难已经忘记, 也从我眼前隐藏了。
17 “Hwɛ! Mɛbɔ ɔsorosoro foforo ne asase foforo. Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, na ɛremma adwene mu nso.
看哪!我造新天新地; 从前的事不再被记念,也不再追想。
18 Nanso momma mo ani nnye na munni ahurusi afebɔɔ wɔ nea merebɛbɔ ho, efisɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anigye, na mu nnipa ayɛ anigye farebae.
你们当因我所造的永远欢喜快乐; 因我造耶路撒冷为人所喜, 造其中的居民为人所乐。
19 Mɛsɛpɛw me ho wɔ Yerusalem mu, na madi ahurusi wɔ me nkurɔfo ho. Na wɔrente agyaadwo ne osu nnyigyei wɔ mu bio.
我必因耶路撒冷欢喜, 因我的百姓快乐; 其中必不再听见哭泣的声音和哀号的声音。
20 “Ɛrensi bio wɔ mu abofra a ne nkwanna yɛ kakraa bi, anaa akwakoraa a onni ne mfe nwie; nea odi mfe ɔha na owu no wɔbɛfa no sɛ ɔbabun bi kɛkɛ; na nea wannya mfe ɔha no wɔbɛfa no sɛ wɔadome no.
其中必没有数日夭亡的婴孩, 也没有寿数不满的老者; 因为百岁死的仍算孩童, 有百岁死的罪人算被咒诅。
21 Wobesisi afi na wɔatena mu, wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.
他们要建造房屋,自己居住; 栽种葡萄园,吃其中的果子。
22 Wɔrensisi afi mma afoforo mmɛtena mu bio, na wɔrennua mma afoforo mmedi. Na nna a dua di no, saa ara na me nkurɔfo nna bɛyɛ; me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛ.
他们建造的,别人不得住; 他们栽种的,别人不得吃; 因为我民的日子必像树木的日子; 我选民亲手劳碌得来的必长久享用。
23 Wɔremmrɛ ngu na wɔrenwo mma a wɔn nkrabea nye; efisɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn, wɔne wɔn asefo.
他们必不徒然劳碌, 所生产的,也不遭灾害, 因为都是蒙耶和华赐福的后裔; 他们的子孙也是如此。
24 Mebua wɔn ansa, mpo, na wɔafrɛ me. Bere a wogu so rekasa no metie.
他们尚未求告,我就应允; 正说话的时候,我就垂听。
25 Pataku ne oguamma bedidi abɔ mu gyata bɛwe sare sɛ nantwi, nanso mfutuma bɛyɛ ɔwɔ aduan. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔw kronkron so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni.
豺狼必与羊羔同食; 狮子必吃草与牛一样; 尘土必作蛇的食物。 在我圣山的遍处, 这一切都不伤人,不害物。 这是耶和华说的。

< Yesaia 65 >