< Yesaia 64 >

1 Ao, sɛ anka wubesunsuane ɔsorosoro mu, asian aba fam a, ɛno na anka mmepɔw no ho bɛpopo wɔ wʼanim!
Oh that you would tear the heavens, that you would come down, that the mountains might quake at your presence—
2 Sɛnea ogya ma mmabaa dɛw na ɛma nsu huru no, sian bra fam na ma wʼatamfo nhu wo din, na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim!
as when fire kindles the brushwood, and the fire causes the water to boil. Make your name known to your adversaries, that the nations may tremble at your presence!
3 Na bere a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛanhwɛ anim no, wusian baa fam na mmepɔw no ho popoo wɔ wʼanim.
When you did awesome things which we didn’t look for, you came down, and the mountains quaked at your presence.
4 Efi teteete obiara ntee, entwaa obiara aso mu, ani biara nhuu Onyankopɔn bi sɛ wo, nea odi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no no.
For from of old men have not heard, nor perceived by the ear, nor has the eye seen a God besides you, who works for him who waits for him.
5 Woboa wɔn a wɔde anigye yɛ nea ɛteɛ, wɔn a wɔkae wʼakwan. Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wɔn no, wo bo fuwii. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?
You meet him who rejoices and does righteousness, those who remember you in your ways. Behold, you were angry, and we sinned. We have been in sin for a long time. Shall we be saved?
6 Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho ntew, na yɛn trenee nneyɛe nyinaa te sɛ ntamagow fi; yɛn nyinaa akisa te sɛ ahaban, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.
For we have all become like one who is unclean, and all our righteousness is like a polluted garment. We all fade like a leaf; and our iniquities, like the wind, take us away.
7 Obiara mmɔ wo din, na obiara mpere sɛ obeso wo mu; efisɛ wode wʼanim ahintaw yɛn na yɛn bɔne nti woama yɛasɛe.
There is no one who calls on your name, who stirs himself up to take hold of you; for you have hidden your face from us, and have consumed us by means of our iniquities.
8 Nanso wo, Awurade, ne yɛn Agya. Yɛyɛ dɔte, na wo ne ɔnwemfo no; yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
But now, LORD, you are our Father. We are the clay and you our potter. We all are the work of your hand.
9 Mma wo bo mfuw ntra so, Awurade; nkae yɛn bɔne da biara da. Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, efisɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfo.
Don’t be furious, LORD. Don’t remember iniquity forever. Look and see, we beg you, we are all your people.
10 Wo nkuropɔn kronkron no adan nweatam; Sion mpo ayɛ nweatam, Yerusalem ada mpan.
Your holy cities have become a wilderness. Zion has become a wilderness, Jerusalem a desolation.
11 Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ anuonyam, faako a yɛn nenanom yii wo ayɛ no, wɔde ogya ahyew, na nea ɛsom bo ma yɛn no, abubu.
Our holy and our beautiful house where our fathers praised you is burned with fire. All our pleasant places are laid waste.
12 Eyi nyinaa akyi, Awurade, wode wo ho bɛkame yɛn ana? Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so ana?
Will you hold yourself back for these things, LORD? Will you keep silent and punish us very severely?

< Yesaia 64 >