< Yesaia 63 >

1 Hena ne oyi a ofi Edom reba, nea ofi Bosra a nkekae kɔkɔɔ wɔ nʼatade mu yi? Hena ne oyi a wɔahyehyɛ no kɔsɔɔ yi, a ɔde nʼahoɔden kɛse retutu taataa yi? “Ɛyɛ me a, mekasa wɔ trenee mu, nea otumi gye nkwa no.”
Who is this that cometh from Edom, with dyed garments from Bozrah? this that is glorious in his apparel, marching in the greatness of his strength? I that speak in righteousness, mighty to save.
2 Adɛn nti na mo ntade bere kɔɔ, te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamoa so de yi?
Wherefore art thou red in thine apparel, and thy garments like him that treadeth in the winefat?
3 “Me nko ara atiatia nsakyiamoa so, na amanaman no mu obiara anka me ho. Mitiatia wɔn so wɔ mʼabufuw mu na mimiaa wɔn so wɔ mʼabufuwhyew mu; wɔn mogya bɔ petee me ntade mu, maa nkekae yɛɛ mʼadurade nyinaa mu.
I have trodden the winepress alone; and of the peoples there was no man with me: yea, I trod them in mine anger, and trampled them in my fury; and their lifeblood is sprinkled upon my garments, and I have stained all my raiment.
4 Na aweretɔda wɔ me koma mu na me gye afe aba.
For the day of vengeance was in mine heart, and the year of my redeemed is come.
5 Mehwɛe, nanso na ɔboafo biara nni hɔ, ɛyɛɛ me ahodwiriw sɛ obiara anso me mu; enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyedwuma maa me, na mʼabufuw wowaw me.
And I looked, and there was none to help; and I wondered that there was none to uphold: therefore mine own arm brought salvation unto me; and my fury, it upheld me.
6 Mitiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuw mu; mema wɔbobowee wɔ mʼabufuwhyew mu na mihwiee wɔn mogya guu fam.”
And I trod down the peoples in mine anger, and made them drunk in my fury, and I poured out their lifeblood on the earth.
7 Mɛka Awurade ayamye ho asɛm, ne nneyɛe a enti ɔsɛ ayeyi, wɔ nea Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho Yiw, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israelfifo. Wɔ nʼayamhyehye ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no nti.
I will make mention of the lovingkindnesses of the LORD, [and] the praises of the LORD, according to all that the LORD hath bestowed on us; and the great goodness toward the house of Israel, which he hath bestowed on them according to his mercies, and according to the multitude of his lovingkindnesses.
8 Ɔkae se, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfo, mmabarima a wɔrenni me huammɔ;” ɛno nti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.
For he said, Surely, they are my people, children that will not deal falsely: so he was their saviour.
9 Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso huu amane, na ɔbɔfo a ɔka ne ho no nso gyee wɔn. Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ogyee wɔn; ɔmaa wɔn so na ɔsoaa wɔn mfe a atwa mu no nyinaa mu.
In all their affliction he was afflicted, and the angel of his presence saved them: in his love and in his pity he redeemed them; and he bare them, and carried them all the days of old.
10 Nanso wɔtew atua de how ne Honhom Kronkron werɛ. Enti ɔbɛyɛɛ wɔn tamfo na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.
But they rebelled, and grieved his holy spirit: therefore he was turned to be their enemy, [and] himself fought against them.
11 Afei ne nkurɔfo kae tete nna no, Mose ne ne nkurɔfo nna no. Ɛhe na nea ɔde wɔn faa po mu no wɔ? Ɔne ne nguan no hwɛfo no? Ɛhe na nea ɔmaa ne Honhom Kronkron no tenaa wɔn mu no wɔ,
Then he remembered the days of old, Moses, [and] his people, [saying], Where is he that brought them up out of the sea with the shepherds of his flock? where is he that put his holy spirit in the midst of them?
12 nea ɔsomaa nʼanuonyam basa a ɛwɔ tumi sɛ ommegyina Mose nsa nifa so no, nea ɔpaee asu no mu wɔ wɔn anim, de gyee din maa ne ho afebɔɔ no,
that caused his glorious arm to go at the right hand of Moses? that divided the water before them, to make himself an everlasting name?
13 nea odii wɔn anim faa bun mu sɛnea ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so, wɔanhintiw;
that led them through the depths, as an horse in the wilderness, that they stumbled not?
14 te sɛ anantwi a wɔkɔ sare so, Awurade Honhom ma wɔhomee. Sɛnea wokyerɛɛ wo nkurɔfo kwan de gyee anuonyam abodin maa wo ho ni.
As the cattle that go down into the valley, the spirit of the LORD caused them to rest: so didst thou lead thy people, to make thyself a glorious name.
15 Brɛ wʼani ase hwɛ fam fi wʼahengua a ɛkorɔn, ɛyɛ kronkron na ho wɔ nyam no so. Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he? Wɔayi wʼayamhyehye ne wʼahummɔbɔ afi yɛn so.
Look down from heaven, and behold from the habitation of thy holiness and of thy glory: where is thy zeal and thy mighty acts? the yearning of thy bowels and thy compassions are restrained toward me.
16 Nanso wo ara wo ne yɛn Agya ɛwɔ mu, Abraham nnim yɛn na Israel nso nnye yɛn nto mu de; nanso wo, Awurade, wo ne yɛn Agya; efi tete, wo din ne; Yɛn Gyefo.
For thou art our father, though Abraham knoweth us not, and Israel doth not acknowledge us: thou, O LORD, art our father; our redeemer from everlasting is thy name.
17 Adɛn, Awurade, na woma yɛkwati wʼakwan na wupirim yɛn koma enti ɛmma yenni wo ni? San bra, esiane wʼasomfo, mmusuakuw a wɔyɛ wʼagyapade no nti.
O LORD, why dost thou make us to err from thy ways, and hardenest our heart from thy fear? Return for thy servants’ sake, the tribes of thine inheritance.
18 Bere tiaa bi mu wo nkurɔfo faa wo kronkronbea nanso mprempren yɛn atamfo atiatia so.
Thy holy people possessed [it] but a little while: our adversaries have trodden down thy sanctuary.
19 Enti yɛyɛ wo de fi tete, nanso wɔn de, wunnii wɔn so hene na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da.
We are become as they over whom thou never barest rule; as they that were not called by thy name.

< Yesaia 63 >