< Yesaia 62 >

1 Sion nti, merenyɛ komm, Yerusalem nti, merenyɛ dinn, kosi sɛ ne trenee bɛhyerɛn sɛ adekyee, na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.
למען ציון לא אחשה ולמען ירושלם לא אשקוט עד יצא כנגה צדקה וישועתה כלפיד יבער׃
2 Amanaman no behu wo trenee, na ahemfo nyinaa ahu wʼanuonyam; wɔbɛfrɛ wo din foforo a Awurade de bɛto wo no.
וראו גוים צדקך וכל מלכים כבודך וקרא לך שם חדש אשר פי יהוה יקבנו׃
3 Wobɛyɛ anuonyam ahenkyɛw wɔ Awurade nsam, ne adehye anuonyam abotiri wɔ wo Nyankopɔn nsam.
והיית עטרת תפארת ביד יהוה וצנוף מלוכה בכף אלהיך׃
4 Wɔremfrɛ wo amamfo bio, anaa wʼasase sɛ amamfo. Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefo efisɛ Awurade ani begye wo ho, na ɔbɛware wʼasase.
לא יאמר לך עוד עזובה ולארצך לא יאמר עוד שממה כי לך יקרא חפצי בה ולארצך בעולה כי חפץ יהוה בך וארצך תבעל׃
5 Sɛnea aberante ware ababaa no, saa ara na wo mmabarima bɛware wo; sɛ ayeforokunu ani gye nʼayeforo ho no, saa ara na wo Nyankopɔn ani begye wo ho.
כי יבעל בחור בתולה יבעלוך בניך ומשוש חתן על כלה ישיש עליך אלהיך׃
6 Mede awɛmfo agyinagyina wʼafasu so, Yerusalem; wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo. Mo a musu frɛ Awurade no, monnhome koraa,
על חומתיך ירושלם הפקדתי שמרים כל היום וכל הלילה תמיד לא יחשו המזכרים את יהוה אל דמי לכם׃
7 na mommma onnye nʼahome kosi sɛ, ɔbɛma Yerusalem atim na wayɛ no nea asase nyinaa bɛkamfo.
ואל תתנו דמי לו עד יכונן ועד ישים את ירושלם תהלה בארץ׃
8 Awurade de ne basa nifa aka ntam ne basa a ɛyɛ den no se, “Meremfa mo awi mma mo atamfo sɛ wɔn aduan bio, na ananafo rennom nsa foforo a moabrɛ ho no bio;
נשבע יהוה בימינו ובזרוע עזו אם אתן את דגנך עוד מאכל לאיביך ואם ישתו בני נכר תירושך אשר יגעת בו׃
9 wɔn a wotwa no na wobedi na wɔakamfo Awurade, na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom wɔ me kronkronbea adiwo.”
כי מאספיו יאכלהו והללו את יהוה ומקבציו ישתהו בחצרות קדשי׃
10 Momfa mu, momfa kuropɔn apon no mu! Munsiesie ɔkwan no mma nkurɔfo no. Mompae, mompae ɔtempɔn no! Munyiyi so abo no. Munsi frankaa mma amanaman no.
עברו עברו בשערים פנו דרך העם סלו סלו המסלה סקלו מאבן הרימו נס על העמים׃
11 Awurade abɔ no dawuru akosi nsase ano se, “Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se, ‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba! Hwɛ nʼakatua ka ne ho, na nʼanamuhyɛde nso ka ne ho.’”
הנה יהוה השמיע אל קצה הארץ אמרו לבת ציון הנה ישעך בא הנה שכרו אתו ופעלתו לפניו׃
12 Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron, wɔn a Awurade Agye Wɔn; na wɔbɛfrɛ wo Nea Wɔrehwehwɛ Nʼakyi Kwan, Kuropɔn a Ɛrenyɛ Amamfo Bio.
וקראו להם עם הקדש גאולי יהוה ולך יקרא דרושה עיר לא נעזבה׃

< Yesaia 62 >