< Yesaia 61 >

1 Otumfo Awurade Honhom wɔ me so, efisɛ, wɔafrɛ me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommum na wonyi nneduafo mfi sum mu,
Spiritus Domini super me, eo quod unxerit me: ad annunciandum mansuetis misit me, ut mederer contritis corde, et praedicarem captivis indulgentiam, et clausis apertionem:
2 se mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm, ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da. Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ,
Ut praedicarem annum placabilem Domino, et diem ultionis Deo nostro: ut consolarer omnes lugentes:
3 na memma wɔn a wodi awerɛhow wɔ Sion no nea wohia, na menhyɛ wɔn ahenkyɛw fɛfɛ nsi nsõ anan mu, anigye ngo nsi awerɛhowdi anan mu, ayeyi atade nsi abasamtu honhom anan mu. Wɔbɛfrɛ wɔn trenee adum nea Awurade adua de ada nʼanuonyam adi.
et ponerem fortitudinem lugentibus Sion: ut darem eis coronam pro cinere, oleum gaudii pro luctu, pallium laudis pro spiritu moeroris: et vocabuntur in ea fortes iustitiae, plantatio Domini ad glorificandum.
4 Wobesi tete mmubui no bio, na wɔasiesie mmeaemmeae a asɛe dedaada no; wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛe no foforo nea asɛe awo ntoatoaso bebree no.
Et aedificabunt deserta a saeculo, et ruinas antiquas erigent, et instaurabunt civitates desertas, dissipatas in generatione et generationem.
5 Ananafo bɛhwɛ mo nguankuw; ahɔho bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuw ne bobeturo mu.
Et stabunt alieni, et pascent pecora vestra: et filii peregrinorum agricolae et vinitores vestri erunt.
6 Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfo, wɔbɛto mo din sɛ yɛn Nyankopɔn asomfo. Amanaman no ahonya no na mubedi na wɔn ahode na mode bɛhoahoa mo ho.
Vos autem Sacerdotes Domini vocabimini: Ministri Dei nostri, dicetur vobis: Fortitudinem Gentium comedetis, et in gloria earum superbietis.
7 Wɔn animguase anan mu me nkurɔfo benya anuonyam mmɔho, na ahohora anan mu wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ wɔn adedi mu; ne saa nti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho, na anigye a enni awiei bɛyɛ wɔn dea.
Pro confusione vestra duplici, et rubore laudabunt partem eorum: propter hoc in terra sua duplicia possidebunt, laetitia sempiterna erit eis.
8 “Na me Awurade, mepɛ atɛntrenee. Mikyi korɔn ne nnebɔne. Me nokware mu, mɛbɔ wɔn aba so na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa.
Quia ego Dominus diligens iudicium, et odio habens rapinam in holocausto: et dabo opus eorum in veritate, et foedus perpetuum feriam eis.
9 Wɔn asefo begye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfo no mu. Wɔn a wohu wɔn nyinaa begye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”
Et scient in Gentibus semen eorum, et germen eorum in medio populorum: omnes, qui viderint eos, cognoscent illos, quia isti sunt semen, cui benedixit Dominus.
10 Awurade mu na me ho sɛpɛw me mmoroso, me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi. Efisɛ, ɔde nkwagye ntama afura me na ɔde trenee atade yuu awura me, sɛnea ayeforokunu siesie me ti so sɛ ɔsɔfo, ne sɛnea ayeforo de nnwinne hyehyɛ ne ho no.
Gaudens gaudebo in Domino, et exultabit anima mea in Deo meo: quia induit me vestimentis salutis: et indumento iustitiae circumdedit me, quasi sponsum decoratum corona, et quasi sponsam ornatam monilibus suis.
11 Na sɛnea asase ma afifide pue na turo nso ma aba nyin no, saa ara na Otumfo Awurade bɛma trenee ne ayeyi apue wɔ amanaman anim.
Sicut enim terra profert germen suum, et sicut hortus semen suum germinat, sic Dominus Deus germinabit iustitiam, et laudem coram universis Gentibus.

< Yesaia 61 >