< Yesaia 60 >

1 “Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na Awurade anuonyam apue wo so.
קומי אורי כי בא אורך וכבוד יהוה עליך זרח
2 Hwɛ, sum akata asase so na sum kabii akata aman no so, nanso Awurade apue wo so na nʼanuonyam ada adi wɔ wo so.
כי הנה החשך יכסה ארץ וערפל לאמים ועליך יזרח יהוה וכבודו עליך יראה
3 Amanaman bɛba wo hann no mu, na Ahemfo bɛba wo adekyee hann no mu.
והלכו גוים לאורך ומלכים לנגה זרחך
4 “Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia: wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn; wo mmabarima fifi akyirikyiri, na wokura wo mmabea wɔ abasa so.
שאי סביב עיניך וראי--כלם נקבצו באו לך בניך מרחוק יבאו ובנותיך על צד תאמנה
5 Afei wobɛhwɛ na wʼanim atew, wo koma bɛbɔ na anigye ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ po so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahode nso bɛba wo nkyɛn.
אז תראי ונהרת ופחד ורחב לבבך כי יהפך עליך המון ים חיל גוים יבאו לך
6 Yoma akuwakuw bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforo a wufi Midian ne Efa. Na wɔn a wofi Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhuam na wɔpae mu ka Awurade ayeyi.
שפעת גמלים תכסך בכרי מדין ועיפה--כלם משבא יבאו זהב ולבונה ישאו ותהלת יהוה יבשרו
7 Wɔbɛboaboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wobegye wɔn sɛ afɔrebɔde wɔ mʼafɔremuka so, na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no anuonyam.
כל צאן קדר יקבצו לך אילי נביות ישרתונך יעלו על רצון מזבחי ובית תפארתי אפאר
8 “Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn berebuw mu yi?
מי אלה כעב תעופינה וכיונים אל ארבתיהם
9 Ampa ara asupɔw no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wodi anim, wɔde wo mmabarima fifi akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Nyankopɔn anuonyam, Israel Kronkronni No, efisɛ wahyɛ wo anuonyam.
כי לי איים יקוו ואניות תרשיש בראשנה להביא בניך מרחוק כספם וזהבם אתם--לשם יהוה אלהיך ולקדוש ישראל כי פארך
10 “Ananafo bɛto wʼafasu no bio, na wɔn ahemfo bɛsom wo. Ɛwɔ mu, mede abufuw asɛe wo de, nanso menam adom so behu wo mmɔbɔ.
ובנו בני נכר חמתיך ומלכיהם ישרתונך כי בקצפי הכיתיך וברצוני רחמתיך
11 Wo apon ano bɛdeda hɔ bere biara, wɔrentoto mu awia anaa anadwo, sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo, wɔn ahemfo dii nkonimdi santen no anim.
ופתחו שעריך תמיד יומם ולילה לא יסגרו להביא אליך חיל גוים ומלכיהם נהוגים
12 Na ɔman anaa ahenni a wɔrensom wo no bɛyera, wɔbɛsɛe no pasaa.
כי הגוי והממלכה אשר לא יעבדוך יאבדו והגוים חרב יחרבו
13 “Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn, ɔpepaw, ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔre bɛbɔ mu, abesiesie me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ beae a me nan sisi no anuonyam.
כבוד הלבנון אליך יבוא ברוש תדהר ותאשור יחדו--לפאר מקום מקדשי ומקום רגלי אכבד
14 Wo nhyɛsofo mmabarima bɛba abɛkotow wo; wɔn a wobu wo animtiaa nyinaa bɛkotow wʼanan ase na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn, Israel Kronkronni, Sion.
והלכו אליך שחוח בני מעניך והשתחוו על כפות רגליך כל מנאציך וקראו לך עיר יהוה ציון קדוש ישראל
15 “Ɛwɔ mu, wɔapa wʼakyi atan wo, a obiara ntu kwan mfa wo mu, nanso mɛyɛ wo ahohoahoade a ɛte hɔ daa ne awo ntoatoaso nyinaa anigyede.
תחת היותך עזובה ושנואה ואין עובר ושמתיך לגאון עולם משוש דור ודור
16 Wobɛnom amanaman nufusu no na woanum adehye nufu. Afei wubehu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa, wo gyefo, Yakob Tumfo no.
וינקת חלב גוים ושד מלכים תינקי וידעת כי אני יהוה מושיעך וגאלך אביר יעקב
17 Mede sikakɔkɔɔ besi kɔbere anan mu abrɛ wo, na dwetɛ asi dade anan mu. Mede kɔbere besi dua anan mu abrɛ wo, na dade asi abo anan mu. Mede asomdwoe bɛyɛ wo so amrado na trenee ayɛ wo sodifo.
תחת הנחשת אביא זהב ותחת הברזל אביא כסף ותחת העצים נחשת ותחת האבנים ברזל ושמתי פקדתך שלום ונגשיך צדקה
18 Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio, anaa nnwiriwii ne ɔsɛe wɔ wʼahye so mmom wobɛfrɛ wʼafasu se Nkwagye ne wʼapon se Ayeyi.
לא ישמע עוד חמס בארצך שד ושבר בגבוליך וקראת ישועה חומתיך ושעריך תהלה
19 Owia renyɛ wo hann adekyee mu bio na ɔsram hann renhyerɛn wo so, efisɛ Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wo Nyankopɔn bɛyɛ wo anuonyam.
לא יהיה לך עוד השמש לאור יומם ולנגה הירח לא יאיר לך והיה לך יהוה לאור עולם ואלהיך לתפארתך
20 Wo wia rentɔ bio, wo sram rennum bio, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wʼawerɛhownna to betwa.
לא יבוא עוד שמשך וירחך לא יאסף כי יהוה יהיה לך לאור עולם ושלמו ימי אבלך
21 Na afei wo nkurɔfo nyinaa bɛyɛ atreneefo na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. Wɔyɛ ade a madua na afefɛw me nsa ano adwuma a ɛbɛda mʼanuonyam adi.
ועמך כלם צדיקים לעולם יירשו ארץ נצר מטעו (מטעי) מעשה ידי להתפאר
22 Mo mu akumaa koraa bɛdɔ ayɛ apem, na aketewa no ayɛ ɔman kɛse. Mene Awurade; na ne bere mu, mɛyɛ eyi ntɛm so.”
הקטן יהיה לאלף והצעיר לגוי עצום אני יהוה בעתה אחישנה

< Yesaia 60 >