< Yesaia 59 >

1 Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa, na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.
耶和華的膀臂並非縮短,不能拯救, 耳朵並非發沉,不能聽見,
2 Nanso mo amumɔyɛ na atetew mo ne mo Nyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahintaw mo, a enti ɔrente.
但你們的罪孽使你們與上帝隔絕; 你們的罪惡使他掩面不聽你們。
3 Na mogya akeka mo nsa ho, afɔdi asra mo nsateaa ho. Mo ano akeka atosɛm, mo tɛkrɛma de amumɔyɛsɛm di nseku.
因你們的手被血沾染, 你們的指頭被罪孽沾污, 你們的嘴唇說謊言, 你們的舌頭出惡語。
4 Obiara nhwehwɛ atɛntrenee; obiara mfa nokwaredi mmɔ ne nkurow. Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuw so na wotwa nkontompo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.
無一人按公義告狀, 無一人憑誠實辯白; 都倚靠虛妄,說謊言。 所懷的是毒害; 所生的是罪孽。
5 Wosow nhurutoa nkesua na wɔnwen ananse ntontan. Nea odi wɔn nkesua biara bewu, mu baako nso bɔ a, ɛpae ahurutoa.
他們菢毒蛇蛋, 結蜘蛛網; 人吃這蛋必死。 這蛋被踏,必出蝮蛇。
6 Wɔn ntontan nye mma adurade; wɔrentumi mfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho. Wɔn nneyɛe yɛ nneyɛe bɔne, na wodi akakabensɛm.
所結的網不能成為衣服; 所做的也不能遮蓋自己。 他們的行為都是罪孽; 手所做的都是強暴。
7 Wotu mmirika kɔyɛ bɔne; wɔnkyɛ opira ne awudi ho. Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.
他們的腳奔跑行惡; 他們急速流無辜人的血; 意念都是罪孽, 所經過的路都荒涼毀滅。
8 Asomdwoe kwan no, wonnim; atɛntrenee nni wɔn akwan so. Wɔadan wɔn akwan kɔntɔnkye obiara a ɔnantew so no rennya asomdwoe.
平安的路,他們不知道; 所行的事沒有公平。 他們為自己修彎曲的路; 凡行此路的都不知道平安。
9 Enti atɛntrenee ne yɛn ntam aware, na adetrenee mmɛn yɛn. Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ sum; nea ɛhyerɛn, nanso yɛnam sum kabii mu.
因此,公平離我們遠, 公義追不上我們。 我們指望光亮,卻是黑暗, 指望光明,卻行幽暗。
10 Te sɛ anifuraefo no, yɛkeka wɔ afasu ho hwehwɛ ɔkwan te sɛ nnipa a wonni ani. Owigyinae no yehintihintiw sɛnea onwini adwo; yedu ahoɔdenfo mu a yɛte sɛ awufo.
我們摸索牆壁,好像瞎子; 我們摸索,如同無目之人。 我們晌午絆腳,如在黃昏一樣; 我們在肥壯人中,像死人一般。
11 Yɛn nyinaa woro so te sɛ sisi; yɛde awerɛhow kurum sɛ mmorɔnoma. Yɛhwehwɛ atɛntrenee nso yenhu bi; ogye, nanso ɛwɔ akyirikyiri.
我們咆哮如熊, 哀鳴如鴿; 指望公平,卻是沒有; 指望救恩,卻遠離我們。
12 Efisɛ, yɛn mfomso adɔɔso wɔ wʼani so, na yɛn bɔne di adanse tia yɛn. Yɛn mfomso da yɛn anim daa, na yegye yɛn amumɔyɛ to mu:
我們的過犯在你面前增多, 罪惡作見證告我們; 過犯與我們同在。 至於我們的罪孽,我們都知道:
13 atuatew ne nkontompo a etia Awurade, yɛn akyi a yɛdan kyerɛ yɛn Nyankopɔn, nhyɛso ne atuatew a yɛfoa so, atosɛm a efi koma mu a yɛka.
就是悖逆、不認識耶和華, 轉去不跟從我們的上帝, 說欺壓和叛逆的話, 心懷謊言,隨即說出。
14 Enti wɔapam atɛntrenee kɔ nʼakyi, na adetrenee akogyina baabi; nokware ahwe ase wɔ mmɔnten so nokwaredi ntumi mma mu.
並且公平轉而退後, 公義站在遠處; 誠實在街上仆倒, 正直也不得進入。
15 Nokware nni baabiara, obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no bɛyɛ ɔtamfo. Awurade hwɛe na ansɔ nʼani sɛ atɛntrenee nni hɔ.
誠實少見; 離惡的人反成掠物。 那時,耶和華看見沒有公平, 甚不喜悅。
16 Ohuu sɛ obiara nni hɔ, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; enti ɔno ankasa basa dii nkwagye ho dwuma maa no, na ne trenee wowaw no.
他見無人拯救, 無人代求,甚為詫異, 就用自己的膀臂施行拯救, 以公義扶持自己。
17 Ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo, ne nkwagye dadekyɛw wɔ ne ti so. Ɔhyɛɛ aweretɔ ntade na ofuraa mmɔdemmɔ sɛ ntama.
他以公義為鎧甲, 以拯救為頭盔, 以報仇為衣服, 以熱心為外袍。
18 Obegyina nea wɔayɛ so atua so ka nʼatamfo benya nʼabufuwhyew wɔn a wɔne no ayɛ dɔm benya so akatua; nsupɔw no nso obetua wɔn ka sɛnea ɛfata wɔn.
他必按人的行為施報, 惱怒他的敵人, 報復他的仇敵, 向眾海島施行報應。
19 Efi atɔe fam, nnipa besuro Awurade din na efi apuei, wɔde nidi bɛma nʼanuonyam. Na ɔbɛba sɛ asu a ayiri tɛnn na Awurade ahomegu repia no.
如此,人從日落之處必敬畏耶和華的名, 從日出之地也必敬畏他的榮耀; 因為仇敵好像急流的河水沖來, 是耶和華之氣所驅逐的。
20 “Ogyefo no bɛba Sion, na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu,” sɛɛ na Awurade se.
必有一位救贖主來到錫安- 雅各族中轉離過犯的人那裏。 這是耶和華說的。
21 “Me de, eyi yɛ me ne wɔn apam,” sɛnea Awurade se ni. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom, remfi mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefo anom, efi saa bere yi kosi daa apem,” sɛɛ na Awurade se.
耶和華說:「至於我與他們所立的約乃是這樣:我加給你的靈,傳給你的話,必不離你的口,也不離你後裔與你後裔之後裔的口,從今直到永遠;這是耶和華說的。」

< Yesaia 59 >