< Yesaia 58 >

1 “Monteɛ mu dennen, monnnyae. Momma mo nne so sɛ torobɛnto. Mompae mu nka me nkurɔfo atuatew nkyerɛ wɔn na monka Yakobfi nso nnebɔne nkyerɛ no.
¡Ruge desde la garganta! ¡No te contengas! ¡Grita como una trompeta! Anuncia a mi pueblo lo rebelde que es; denuncia a los descendientes de Jacob sus pecados.
2 Da biara da wɔhwehwɛ me; ayɛ sɛ wɔpere sɛ wobehu mʼakwan, te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ nea ɛteɛ na wɔmpoo ne Nyankopɔn ahyɛde. Wobisa me hɔ gyinae a ɛteɛ na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.
¡Cada día se acercan a mí, encantados de conocer mis caminos como si fueran una nación que hace lo correcto y sigue las leyes de su Dios! Me piden que los trate bien; les gusta estar cerca de su Dios.
3 Wɔka se, ‘Adɛn nti na yɛadi mmuada na woanhu yi? Adɛn nti na yɛabrɛ yɛn ho ase, na woanhwɛ yi?’ “Nanso mo mmuada da no, moyɛ nea mopɛ na musisi mo adwumayɛfo nyinaa.
“¿No has visto que hemos ayunado?”, me preguntan. “¿No has visto que nos negamos a nosotros mismos?” Eso es porque siempre que se ayuna se hace lo que se quiere, y se trata mal a los trabajadores.
4 Ntɔkwaw ne akasakasa na mode wie mo mmuadadi, ne akuturuku a mode bobɔ mo ho. Morentumi nni mmuada sɛnea moyɛ no nnɛ yi na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ ɔsoro.
¿No ven que cuando ayunan, se pelean y discuten, y acaban teniendo una pelea a puñetazos? Si ayunan así, no pueden esperar que sus oraciones sean escuchadas en las alturas.
5 Eyi ne mmuadadi a mepɛ ana? Da koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no ana? Ɛne sɛ obi si ne ti ase te sɛ mfea na ɔtena atweaatam so ne nsõ mu nko ara ana? Eyi na mofrɛ no mmuadadi, da a ɛsɔ Awurade ani yi ni ana?
¿Es éste el tipo de ayuno que quiero, cuando la gente manifiesta su humildad inclinando la cabeza como un junco y yaciendo en saco y ceniza? ¿Es eso lo que llamas ayuno, un día que el Señor aprecia?
6 “Saa mmuadadi yi na mepɛ: sɛ mubeyiyi ntɛnkyew nkɔnsɔnkɔnsɔn na moasan konnua ahama, sɛ mubegyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so na moabubu konnua biara.
No, este es el ayuno que yo quiero: libera a los que han sido injustamente encarcelados, desata las cuerdas del yugo utilizado para agobiar a la gente, libera a los oprimidos y deshazte de toda forma de abuso.
7 So ɛnsɛ sɛ mo ne wɔn a ɔkɔm de wɔn kyɛ mo aduan na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena; na muhu nea ɔda adagyaw a mumfura no ntama na munnyi mo ani mfi mo ankasa mo nkurɔfo ne mo abusuafo so ana?
Comparte tu comida con los hambrientos, acoge en tu casa a los pobres y a los que no tienen techo. Cuando veas a alguien desnudo, dale ropa, y no rechaces a tus propios parientes.
8 Ɛno na mo hann bepue te sɛ ahemadakye, na mo ayaresa aba ntɛm so; afei mo trenee bedi mo anim, na Awurade anuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.
Entonces tu luz brillará como la aurora, y serán curados rápidamente; tu salvación irá delante de ti, y la gloria del Señor irá detrás de ti.
9 Afei mobɛfrɛ, na Awurade begye mo so; mobɛteɛ mu ahwehwɛ mmoa, na ɔbɛka se: Mini. “Sɛ muyi nhyɛso konnua, nsa a moteɛ wɔ nnipa so ne ntwatoso fi hɔ,
Entonces, cuando llames, el Señor responderá; cuando clames por ayuda, el Señor dirá: “Aquí estoy”. Si se deshacen de la opresión entre ustedes, si dejan de señalar con el dedo y de calumniar a los demás,
10 na sɛ mohaw mo ho ma wɔn a ɔkɔm de wɔn na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nea ehia wɔn a, ɛno de, mo akanea bɛhyerɛn wɔ sum mu, na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinae.
si se dedican a ayudar a los hambrientos y a dar a los pobres lo que necesitan, entonces su luz brillará en las tinieblas, y su noche será como el sol del mediodía.
11 Awurade bɛkyerɛ mo kwan bere biara; ɔbɛma mo nea ehia mo wɔ asase wosee so na ɔbɛhyɛ mo nipadua den. Mobɛyɛ sɛ turo a wogugu so nsu yiye, sɛ asuwa a mu nsu nyow da.
El Señor los guiará siempre; les dará todo lo que necesitan en una tierra desolada; los hará fuertes de nuevo. Serán como un jardín bien regado, como un manantial que nunca se seca.
12 Mo nkurɔfo bɛsan asi teteete nnwiriwii no, na wɔato fapem a akyɛ no; wɔbɛfrɛ mo Nea Osiesie Afasu a Abubu no, Nea Ogye Atenae Si Hɔ.
Algunos de ustedes reconstruirán las antiguas ruinas; restaurarán los cimientos de generaciones. Serás llamados reparadores muros rotos, restauradores de caminos de vida.
13 “Sɛ mohwɛ mo anammɔntu so yiye Homeda na moanyɛ nea mopɛ wɔ me da kronkron no, sɛ mofrɛ Homeda no anigye da na mudi Awurade da kronkron no ni na moamfa mo ara mo akwan so na moanyɛ nea mopɛ anaa moanka nsɛnhunu a,
Si se aseguran de no quebrantar el sábado haciendo lo que les place en mi día sagrado, si dicen que el sábado les produce placer y que el día del Señor debe ser honrado, y si lo honran dejando de lado sus propias costumbres, no haciendo lo que les place y evitando las charlas cotidianas,
14 ɛno de mubenya anigye wɔ Awurade mu na mɛma mo anantew asase no sorɔnsorɔmmea so na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapade so.” Awurade na waka.
entonces descubrirán que el Señor es quien verdaderamente los hace feliz, y les daré altos cargos en la tierra y también lo que le prometí a Jacob, su antepasado. Yo, el Señor, he hablado.

< Yesaia 58 >