< Yesaia 55 >

1 “Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu no ho; na mo a munni sika, mommra mmɛtɔ na munni! Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu a munntua hwee.
הוי כל צמא לכו למים ואשר אין לו כסף לכו שברו ואכלו ולכו שברו בלוא כסף ובלוא מחיר יין וחלב׃
2 Adɛn nti na mosɛe sika wɔ nea ɛnyɛ aduan ho ne mo ahoɔden wɔ nea ɛmmee ho? Muntie, muntie me na munni nea eye, na mo kra ani begye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.
למה תשקלו כסף בלוא לחם ויגיעכם בלוא לשבעה שמעו שמוע אלי ואכלו טוב ותתענג בדשן נפשכם׃
3 Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; muntie me, na mo kra anya nkwa. Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, me dɔ a to ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.
הטו אזנכם ולכו אלי שמעו ותחי נפשכם ואכרתה לכם ברית עולם חסדי דוד הנאמנים׃
4 Hwɛ, mede no ayɛ adansedi ama nnipa no, wɔn kannifo ne ɔsahene.
הן עד לאומים נתתיו נגיד ומצוה לאמים׃
5 Ampa ara mobɛfrɛ aman a munnim wɔn, na aman a munnim no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn, Awurade, mo Nyankopɔn nti, Israel Ɔkronkronni no, efisɛ wahyɛ mo anuonyam.”
הן גוי לא תדע תקרא וגוי לא ידעוך אליך ירוצו למען יהוה אלהיך ולקדוש ישראל כי פארך׃
6 Monhwehwɛ Awurade bere a mubehu no. Momfrɛ no bere a ɔbɛn.
דרשו יהוה בהמצאו קראהו בהיותו קרוב׃
7 Ma omumɔyɛfo ntwe ne ho mfi nʼakwan ho na ɔbɔnefo nso mfi ne nsusuwii ho. Ma ɔnnan nkɔ Awurade nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ, ɔnnan nkɔ yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.
יעזב רשע דרכו ואיש און מחשבתיו וישב אל יהוה וירחמהו ואל אלהינו כי ירבה לסלוח׃
8 “Na mʼadwene nyɛ mo adwene, na mo akwan nso nyɛ mʼakwan,” sɛnea Awurade se ni.
כי לא מחשבותי מחשבותיכם ולא דרכיכם דרכי נאם יהוה׃
9 Sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na mʼakwan korɔn sen mo akwan na mʼadwene nso korɔn sen mo adwene.
כי גבהו שמים מארץ כן גבהו דרכי מדרכיכם ומחשבתי ממחשבתיכם׃
10 Sɛnea osu ne sukyerɛmma tɔ fi soro gu fam, na wɔnnsan nkɔ hɔ bio wɔ bere a ɛmfɔw asase mma enguu nhwiren mpaee, sɛnea ɛbɛsow aba ama ogufo ne aduan ama odifo no,
כי כאשר ירד הגשם והשלג מן השמים ושמה לא ישוב כי אם הרוה את הארץ והולידה והצמיחה ונתן זרע לזרע ולחם לאכל׃
11 saa ara na mʼasɛm a efi mʼanom no te: Ɛrensan mma me nkyɛn kwa. Mmom ɛbɛyɛ nea mepɛ na awie botae a ɛno nti mesomaa no.
כן יהיה דברי אשר יצא מפי לא ישוב אלי ריקם כי אם עשה את אשר חפצתי והצליח אשר שלחתיו׃
12 Mode ahosɛpɛw bepue na wɔagya mo kwan asomdwoe mu; mmepɔw ne nkoko betue nnwonto wɔ mo anim, na mfuw so nnua nyinaa bɛbɔ wɔn nsam.
כי בשמחה תצאו ובשלום תובלון ההרים והגבעות יפצחו לפניכם רנה וכל עצי השדה ימחאו כף׃
13 Nsɔe anan mu ɔpepaw befifi, na nnɛnkyɛnse anan mu ohuam dua befifi. Eyi bɛyɛ nea ɛhyɛ Awurade anuonyam, ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnne, a ɛrentwa mu da.
תחת הנעצוץ יעלה ברוש תחת הסרפד יעלה הדס והיה ליהוה לשם לאות עולם לא יכרת׃

< Yesaia 55 >