< Yesaia 53 >

1 Hena na wagye yɛn asɛm no adi? na Awurade abasa no, hena so na ada adi?
LORD, who has believed our message? And to whom has the arm of the LORD been revealed?
2 Onyin wɔ nʼanim te sɛ dua amono ketewa bi, te sɛ ntin a efi asase wosee mu. Onni ahoɔfɛ anaa anuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. Ne tebea mu nni biribiara a ɛbɛma yɛapɛ no.
For he grew up before him as a tender plant, and as a root out of dry ground. He had no beauty or majesty to attract us to him, nor special appearance that we should desire him.
3 Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no, Ɔwerɛhowni a onim ɔyaw. Te sɛ obi a nnipa de wɔn anim hintaw no wobuu no animtiaa na yɛammu no.
He was despised, and rejected by people; a man of sorrows, and familiar with illness; and as one from whom people hide their face. He was despised, and we did not value him.
4 Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhow, nanso yebuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ, Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no.
Surely he bore our diseases, and took our pains; yet we considered him stricken, and struck down by God, and afflicted.
5 Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no, yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no; asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so, na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.
But he was pierced for our transgressions, and he was crushed for our iniquities. The punishment that brought our peace was on him; and by his wounds we are healed.
6 Yɛn nyinaa ayerayera te sɛ nguan, yɛn mu biara afa ne kwan; na Awurade de yɛn nyinaa amumɔyɛ ato no so.
All we like sheep have gone astray. Everyone has turned to his own way; and the LORD has laid on him the iniquity of us all.
7 Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no ayayade, nanso wammue nʼano; wɔde no kɔɔ te sɛ oguamma a wɔrekokum no. Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no, saa ara na wammue nʼano.
He was oppressed, yet when he was afflicted he did not open his mouth. He was led like a sheep to the slaughter, and like a lamb before its shearer is silent, so he does not open his mouth.
8 Wɔnam nhyɛso ne atemmu so faa no kɔe. Na hena na obetumi aka nʼasefo ho asɛm? Efisɛ woyii no fii asase yi so; me nkurɔfo mmarato nti wɔtwee nʼaso.
In his oppression his justice was taken away. Who will consider his generation? For his life was cut off from the earth. For the transgression of my people he was led to death.
9 Wɔyɛɛ ne da wɔ abɔnefo mu, na ne wu mu wɔde no too adefo mu ɛwɔ mu, wanyɛ akakabensɛm biara, na obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.
And they assigned his grave with the wicked, yet with the rich at his death, though he had committed no sin, nor was deceit found in his mouth.
10 Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛw no ama no ahu amane mpo ɔde ne nkwa yɛ afɔdi afɔrebɔde, obehu nʼasefo na ne nna bɛware, na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam.
Yet the LORD was pleased to crush him and make him ill. Although his soul is made a reparation offering, he will see his offspring, he will prolong his days, and the desire of the LORD will succeed by his hand.
11 Ne kra amanehunu akyi, obehu nkwa hann, na ne koma atɔ ne yam; na ne suahu mu me somfo treneeni no bebu bebree bem, na wasoa wɔn amumɔyɛ.
After the suffering of his soul he will see light and be satisfied by his knowledge. The righteous one, my servant, will make many righteous, and he will bear their iniquities.
12 Enti mɛma no kyɛfa wɔ atitiriw mu, na ɔne ahoɔdenfo bɛkyɛ asade efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owu, na wɔkan no fraa mmaratofo. Ɔsoaa nnipa bebree bɔne, na odi maa mmaratofo.
Therefore I will divide him a portion with the great, and he will divide the spoil with the strong; because he poured out his soul to death, and he was numbered with transgressors; yet he bore the sins of many, and made intercession for their transgressions.

< Yesaia 53 >