< Yesaia 5 >

1 Mɛto dwom ama me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho: Na me dɔfo wɔ bobe turo bi wɔ asasebere bi a ɛda bepɔw ani.
Zapjevat ću svojemu dragome, pjesmu svog ljubljenog njegovu vinogradu. Moj je dragi imao vinograd na brežuljku rodnome.
2 Ofuntum asase no, yiyii mu abo, na oduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so. Osii ɔwɛn aban wɔ mfimfini na otuu nsakyiamoa nso. Afei ɔhwɛɛ anim sɛ obetwa bobe aba pa, nanso ɛsow aba bɔne.
Okopa ga, iskrči kamenje, posadi ga lozom plemenitom. Posred njega kulu on podiže i u nj tijesak metnu. Nadaše se da će uroditi grožđem, a on izrodi vinjagu.
3 “Afei mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima, mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.
Sad, žitelji jeruzalemski i ljudi Judejci, presudite izmeđ' mene i vinograda mojega.
4 Dɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturo boro nea mayɛ yi so? Bere a merehwɛ anim sɛ minya bobe a eye no adɛn nti na ɛsow aba bɔne?
Što još mogoh učiniti za svoj vinograd a da nisam učinio? Nadah se da će uroditi grožđem, zašto vinjagu izrodi?
5 Afei mɛka nea merebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo: Meyi ho ban no afi hɔ, na wɔbɛsɛe no; mebubu ho ɔfasu, na wobetiatia so.
No sad ću vam reći što ću učiniti od svog vinograda: plot ću mu soriti da ga opustoše, zidinu razvaliti da ga izgaze.
6 Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma, ohwirem ne nsɔe benyin wɔ so. Mɛhyɛ omununkum na wantɔ osu angu so.”
U pustoš ću ga obratiti, ni obrezana ni okopana, nek' u drač i trnje sav zaraste; zabranit ću oblacima da dažde nad njime.
7 Asafo Awurade bobeturo no yɛ Israelfi, na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho. Ɔpɛɛ atɛntrenee nanso ohuu mogyahwiegu; ɔpɛɛ trenee nanso ɔtee mmɔborɔsu.
Vinograd Jahve nad Vojskama dom je Izraelov; izabrani nasad njegov ljudi Judejci. Nadao se pravdi, a eto nepravde, nadao se pravičnosti, a eto vapaja.
8 Nnome nka mo a mode ofi ka ofi ho na mugyigye mfuw bobɔ so kosi sɛ asase no bɛsa na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.
Jao vama koji kuću kući primičete i polje s poljem sastavljate, dok sve mjesto ne zauzmete te postanete jedini u zemlji.
9 Asafo Awurade apae mu aka ama mate: “Nokwarem, afi akɛse no bɛda mpan, na aban afɛɛfɛ no, obiara rentena mu.
Na uši moje reče Jahve nad Vojskama: “Doista, mnoge će kuće opustjeti, velike i lijepe, bit će bez žitelja.
10 Bobeturo kɛse pa ara no nsa kakraa bi na ebefi mu. Aba lita aduonu baako a wodua no wobenya so lita aduonu abien pɛ.”
Deset rali vinograda dat će samo bačvicu, mjera sjemena dat će samo mjericu.”
11 Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsa akyi kwan wɔn a wosii pɛ anadwo kosi sɛ nsa bɛbow wɔn.
Jao onima što već jutrom na uranku žestokim se pićem zalijevaju i kasno noću sjede vinom raspaljeni.
12 Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn aponto ase, akasae, ne atɛntɛbɛn ne nsa, nanso wotwiri nea Awurade ayɛ, na wommu ne nsa ano adwuma.
Na gozbama im harfe i citare, bubnjevi i frule uz vino, a za djelo Jahvino ne mare, ne gledaju djelo ruku njegovih.
13 Ɛno nti, me nkurɔfo bɛkɔ nnommum mu, efisɛ wonni ntease; ɔkɔm bekum wɔn mu atitiriw na osukɔm betware wɔn mu bebree.
Stoga će u ropstvo narod moj odvesti, jer nema razumnosti, odličnici njegovi od gladi će umirati, puk njegov od žeđi će gorjeti.
14 Enti Owu bae nʼabogye mu na obue nʼanom bayaa; na mu na atitiriw ne dɔm no bɛkɔ wɔne wɔn a wɔsaw na wogye wɔn ani no. (Sheol h7585)
Da, Podzemlje će razvaliti ždrijelo, razjapit će ralje neizmjerne da se u njih strmoglave odličnici mu i mnoštvo sa svom grajom i veseljem! (Sheol h7585)
15 Enti wɔbɛbrɛ onipa ase na wama adesamma abotow. Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
Smrtnik će nikom poniknuti, ponizit' se čovjek, oborit će se pogled silnih.
16 nanso Asafo Awurade atɛntrenee bɛma no so, na Ɔkronkron Nyankopɔn de ne trenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.
Jahve nad Vojskama uzvisit će se sudom, i Bog će sveti otkrit' svetost svoju.
17 Afei nguan bɛkɔ adidi te sɛnea wɔwɔ wɔn adidibea; nguantenmma bedidi wɔ asikafo amamfo so.
Jaganjci će pasti kao na pašnjacima, a jarci će brstiti po ruševinama bogataškim.
18 Munnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne, na mode nteaseɛnam ntampehama twetwe amumɔyɛ.
Jao onima koji na se krivnju vuku volovskom užadi i grijeh kolskim konopcem -
19 Munnue, mo a moka se, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm, ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm sɛnea yebehu. Ma ɛmmɛn, Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛe no mmra, sɛnea yebehu.”
onima što govore: “Neka pohiti, neka poteče s djelom svojim da bismo ga vidjeli, neka se približi i završi naum Sveca Izraelova da bismo znali!”
20 Munnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa na papa nso sɛ bɔne, mo a mode sum si hann anan mu na hann si sum anan mu, mo a mofrɛ nweenwen se dɛɛdɛ ne dɛɛdɛ se nweenwen.
Jao onima koji zlo dobrom nazivaju, a dobro zlom, koji od tame svjetlost prave, a od svjetlosti tamu, koji gorko slatkim čine, a slatko gorkim!
21 Munnue, mo a mubu mo ho anyansafo, mo ankasa ani so ne anitewfo mo ankasa ani so.
Jao onima koji su mudri u svojim očima i pametni sami pred sobom!
22 Munnue mo a wɔfrɛ mo akatakyi wɔ nsanom mu ne ahoɔdenfo wɔ nsa afrafra mu.
Jao onima koji su jaki u vinu i junaci u miješanju jakih pića;
23 Mo a mugye adanmude, na mugyaa nea odi fɔ na mubu nea odi bem no fɔ.
onima koji za mito brane krivca, a pravedniku uskraćuju pravdu!
24 Enti sɛnea ogyaframa hyew nwuraguanee na sare a awo yera wɔ ogyaframa mu no, saa ara na mo ntin bɛporɔw, na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfutuma; efisɛ moapo Asafo Awurade mmara na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.
Zato, kao što plameni jezici proždiru slamu i kao što nestaje suha trava u plamenu, tako će korijen njihov istrunuti, poput praha razletjet' se pupoljak njihov, jer odbaciše Zakon Jahve nad Vojskama i prezreše riječ Sveca Izraelova.
25 Enti Awurade abufuw aba ne nkurɔfo so, wama ne nsa so, na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam. Mmepɔw no wosow, na afunu ayɛ sɛ mmɔnten so nwura. Nanso eyi nyinaa akyi, ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
Zato se raspali gnjev Jahvin protiv njegova naroda, i on diže ruku na nj i udari ga te se potresoše gore: trupla njihova leže k'o smeće po ulicama, ali gnjev se njegov još ne smiri, ruka mu je sveđer podignuta.
26 Ɔma frankaa so ma akyirikyiri aman, ɔhyɛn abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano. Wɔn na wɔreba no, afrɛ so ne ntɛm so!
On podiže stijeg ratni narodu dalekom, zazviždi mu na kraj zemlje, i gle: brzo, spremno hita.
27 Wɔn mu biara mmmrɛ na onhintiw, obiara ntɔ nko na ɔnna; abɔso biara mu nnwow wɔ asen mu na mpaboa hama biara nso rentew.
U njemu nema trudna ni sustala, ni dremljiva niti snena, oko boka pojas ne otpasuje, na obući ne driješi remena.
28 Wɔn agyan ano yɛ nnam, na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado; wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ ɔtwɛrebo, wɔn nteaseɛnam nkyimii te sɛ mfɛtɛ.
Strijele su mu dobro zašiljene, lukovi mu svi zapeti, kremen su kopita konja njegovih, vihor su točkovi bojnih mu kola.
29 Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata de, na wɔbobɔ mu sɛ gyatamma; wɔbobɔ mu kyere wɔn hanam na wɔde no kɔ a ogyefo biara nni hɔ.
Rika mu je k'o u lava i riče k'o lavovi mladi, reži, grabi plijen i odnosi, a nikoga da mu ga istrgne.
30 Da no wɔbɛbobɔ mu agu no so sɛnea po woro so no. Na sɛ obi hwɛ asase no a, obehu sum kabii ne ahohiahia; omununkum bɛma hann aduru sum.
U dan onaj režat će na njega k'o što more buči. Pogledaš li zemlju - sve tmina, tjeskoba, svjetlost proguta tmina oblačna.

< Yesaia 5 >