< Yesaia 47 >
1 “Sian kɔ, tena mfutuma mu, Ɔbabea Babilonia; tena fam na mfa ahengua, Babiloniafo hemmea kuropɔn. Wɔremfrɛ wo bio se, nsiforo anaa nea ne ho yɛ na.
“Siane kɔ, tena mfuturo mu, Ɔbabaa bunu Babilonia; tena fam. Worentena ahennwa so bio, Ɔbabaa Babiloniafoɔ. Wɔremfrɛ wo bio sɛ, ɔbaabereɛ a wɔkorɔkorɔ no bio.
2 Fa awiyammo na yam esiam; yi wo nkataanim no. Ma wʼatade so kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ, na fa nsuwansuwa no mu.
Fa owiyammoɔ na yam esiam; yi wo nkatanimu no. Pagya wʼatadeɛ kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ, na fa nsuwansuwa no mu.
3 Wʼadagyaw bɛda adi na wʼanimguase so renkata. Mɛtɔ were; meremfa obiara ho nkyɛ no.”
Wʼadagya bɛda adi na wʼanimguaseɛ so renkata. Mɛtɔ were; memfa obiara ho nkyɛ no.”
4 Yɛn Gyefo, Asafo Awurade ne ne din, ɔno ne Israel Kronkronni.
Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din, ɔno ne Israel Kronkronni.
5 “Tena ase dinn, kɔhyɛ sum mu, Babiloniafo hemmea kurow; wɔremfrɛ wo bio se ahenni ahorow so hemmea.
“Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu, Ɔbabaa Babilonia; wɔremfrɛ wo bio sɛ ahennie ahodoɔ so hemaa.
6 Me bo fuw me nkurɔfo, na miguu mʼagyapade ho fi; mede wɔn hyɛɛ wo nsa, na woanhu wɔn mmɔbɔ. Nkwakoraa koraa mpo, wosoaa wɔn konnua duruduru.
Me bo fuu me nkurɔfoɔ, na meguu mʼagyapadeɛ ho fi; mede wɔn hyɛɛ wo nsa, na woanhunu wɔn mmɔbɔ. Nkɔkoraa koraa mpo wosoaa wɔn kɔnnua duruduru.
7 Wokae se, ‘Mɛkɔ so daa, ayɛ ɔhemmea afebɔɔ.’ Nanso woannwen saa nneɛma yi ho na woansusuw nea ebetumi asi ho.
Wokaa sɛ, ‘Mɛkɔ so daa, ayɛ ɔhemmaa afebɔɔ.’ Nanso woannwene saa nneɛma yi ho na woansusu deɛ ɛbɛtumi asie ho.
8 “Afei tie, wo oguamanfo, woredwudwo wo ho wɔ wo bammɔ mu na woka kyerɛ wo ho se, ‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me. Merenyɛ okunafo da na merenni awommawu.’
“Afei tie, wo odwamanfoɔ, woredwodwo wo ho wɔ wo banbɔ mu na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me. Merenyɛ okunafoɔ da na merenni abawuo.’
9 Saa nneɛma abien yi bɛto wo prɛko pɛ, da koro pɛ: awommawu ne kunayɛ. Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara, wʼabayisɛm bebrebe yi ne ntafowayi a mu yɛ den nyinaa akyi.
Saa nneɛma mmienu yi bɛto wo prɛko pɛ, dakoro pɛ: abawuo ne kunayɛ. Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara, wʼabayisɛm bebrebe yi ne ntafowayie a emu yɛ den nyinaa akyi.
10 Wode wo ho ato wʼamumɔyɛ so na waka se, ‘Obiara nhu me.’ Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan bere a woka kyerɛ wo ho se, ‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’
Wode wo ho ato wʼamumuyɛ so na waka sɛ, ‘Obiara nhunu me.’ Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan ɛberɛ a woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’
11 Amanehunu bɛto wo, na worenhu ɔkwan ko a wobɛfa so ayi afi hɔ. Ɔhaw bi bɛba wo so a worentumi mfa mpata nyi mfi hɔ; atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo bɛba wo so mpofirim.
Amanehunu bɛto wo, na worenhunu ɛkwan ko a wobɛfa so ayi afiri hɔ. Ɔhaw bi bɛba wo so a worentumi mfa mpatadeɛ nyi mfiri hɔ; atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo bɛba wo so mpofirim.
12 “Kɔ so yɛ wo ntafowayi ne wʼabayisɛm bebrebe a wode adi dwuma fi wo mmofraase no. Ebia wubedi nkonim, ebia wode ehu bɛba.
“Kɔ so yɛ wo ntafowayie ne wʼabayisɛm bebrebe a wode adi dwuma firi wo mmɔfraase no. Ebia wobɛdi nkonim, ebia wode ehu bɛba.
13 Woabrɛ wɔ afotufo bebrebe a woanya no mu! Ma wo nsoromma ho anyansafo mmra anim, wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no, ka nea ɛreba ɔsram biara mu no, ma wonnye wo mfi nea ɛreba wo so no mu.
Woabrɛ wɔ afotufoɔ bebrebe a woanya no mu! Ma wo nsoromma ho anyansafoɔ mmra anim, wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no ka deɛ ɛreba bosome biara mu no, ma wɔnnnye wo mfiri deɛ ɛreba wo so no mu.
14 Nokwarem, wɔte sɛ gyentia; ogya bɛhyew wɔn. Na wontumi nnye wɔn ankasa ho mfi ogyaframa anoden no ho. Nnyansramma biara nni ha a ɛbɛka obiara hyew; ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.
Nokorɛm, wɔte sɛ nnyentia; ogya bɛhye wɔn. Na wɔntumi nnye wɔn ankasa ho mfiri egyadɛreɛ ano den no ho. Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye; ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.
15 Nea wobetumi ayɛ ama wo ara ne no, eyinom na wo ne wɔn abrɛ na wo ne wɔn anantew fi mmofraase. Wɔn mu biara kɔ so yɛ ne mfomso; ɔbaako mpo nni hɔ a obetumi agye wo.
Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wo ara ne no, yeinom na wo ne wɔn abrɛ na wo ne wɔn anante firi mmɔfraase. Wɔn mu biara afa ne kwan; ɔbaako mpo nni hɔ a ɔbɛtumi agye woɔ.