< Yesaia 45 >

1 “Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ nea wasra no ngo, Kores a maso ne nsa nifa mu sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim na onnye ahemfo akode mfi wɔn nsam sɛ ommuebue apon a ɛwɔ nʼanim sɛnea kurow apon no mu rentoto.
כה אמר יהוה למשיחו לכורש אשר החזקתי בימינו לרד לפניו גוים ומתני מלכים אפתח לפתח לפניו דלתים ושערים לא יסגרו׃
2 Medi wʼanim mɛyɛ mmepɔw tamaa; mebubu kɔbere mfrafrae apon agu na matwitwa nnade adaban mu.
אני לפניך אלך והדורים אושר דלתות נחושה אשבר ובריחי ברזל אגדע׃
3 Mede sum mu ademude bɛma wo ahonyade a wɔde asie kokoa mu sɛnea wubehu sɛ, mene Awurade, Israel Nyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ wo no.
ונתתי לך אוצרות חשך ומטמני מסתרים למען תדע כי אני יהוה הקורא בשמך אלהי ישראל׃
4 Me somfo Yakob nti, Israel a mapaw no nti, mebɔ wo din frɛ wo na mɛma wo anuonyamhyɛ abodin, ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de.
למען עבדי יעקב וישראל בחירי ואקרא לך בשמך אכנך ולא ידעתני׃
5 Mene Awurade, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Mɛhyɛ wo den, ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de,
אני יהוה ואין עוד זולתי אין אלהים אאזרך ולא ידעתני׃
6 sɛnea ɛbɛyɛ a efi nea owia pue kosi beae a ɛtɔ no nnipa behu sɛ obiara nka me ho. Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.
למען ידעו ממזרח שמש וממערבה כי אפס בלעדי אני יהוה ואין עוד׃
7 Meyɛ hann, na mebɔ sum. Mede yiyedi ba na mede ɔhaw ba; Me, Awurade, na meyɛ eyinom nyinaa.
יוצר אור ובורא חשך עשה שלום ובורא רע אני יהוה עשה כל אלה׃
8 “Mo ɔsorosoro munhwie trenee ngu fam; momma emfi omununkum mu ntɔ momma asase mu mmue kɛse, na nkwagye mpue mfi mu, na trenee ne no nnyin; Me, Awurade na mayɛ.
הרעיפו שמים ממעל ושחקים יזלו צדק תפתח ארץ ויפרו ישע וצדקה תצמיח יחד אני יהוה בראתיו׃
9 “Nnome nka nea ɔne ne Yɛfo ham ɛnka nea ɔmfra te sɛ kyɛmfɛre a ɛfra nea egugu fam mu. Dɔte betumi abisa ɔnwemfo se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’ Wʼadwuma betumi abisa wo se ‘Wunni nsa’?
הוי רב את יצרו חרש את חרשי אדמה היאמר חמר ליצרו מה תעשה ופעלך אין ידים לו׃
10 Nnome nka nea ose nʼagya se ‘Dɛn na woawo yi?’ Anaa obisa ne na se, ‘Dɛn na wokyem woe?’
הוי אמר לאב מה תוליד ולאשה מה תחילין׃
11 “Sɛɛ na Awurade se, Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfo; Nea ɛfa nneɛma a ɛreba ho no, wubisa me nsɛm a ɛfa me mma ho, anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?
כה אמר יהוה קדוש ישראל ויצרו האתיות שאלוני על בני ועל פעל ידי תצוני׃
12 Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adesamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛw ɔsoro mu; nsoromma ahorow nyinaa hyɛ mʼase.
אנכי עשיתי ארץ ואדם עליה בראתי אני ידי נטו שמים וכל צבאם צויתי׃
13 Mɛma Kores so wɔ me trenee mu; meteɛteɛ nʼakwan nyinaa. Ɔbɛsan akyekyere me kuropɔn na wagyaa me nnommumfo, nanso ɔrennye akatua anaa akyɛde, Asafo Awurade na ose.”
אנכי העירתהו בצדק וכל דרכיו אישר הוא יבנה עירי וגלותי ישלח לא במחיר ולא בשחד אמר יהוה צבאות׃
14 Sɛɛ na Awurade se: “Nneɛma a efi Misraim ne aguade a efi Kus, ne Sebafo atenten no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wobedi wʼakyi brɛoo aba a wogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wobebu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka se, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na obi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’”
כה אמר יהוה יגיע מצרים וסחר כוש וסבאים אנשי מדה עליך יעברו ולך יהיו אחריך ילכו בזקים יעברו ואליך ישתחוו אליך יתפללו אך בך אל ואין עוד אפס אלהים׃
15 Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.
אכן אתה אל מסתתר אלהי ישראל מושיע׃
16 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase; wɔbɛbɔ mu akɔ animguase mu.
בושו וגם נכלמו כלם יחדו הלכו בכלמה חרשי צירים׃
17 Nanso Awurade begye Israel nkwa, ɔde daapem nkwagye; wɔremma wʼani nwu na wʼanim rengu ase bio kosi daapem.
ישראל נושע ביהוה תשועת עולמים לא תבשו ולא תכלמו עד עולמי עד׃
18 Na sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; nea ɔmaa asase, ne tebea na ɔbɔe no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ so nna hɔ kwa, mmom, ɔyɛe se nnipa ntena so, ɔka se: “Mene Awurade, na obi nni hɔ.
כי כה אמר יהוה בורא השמים הוא האלהים יצר הארץ ועשה הוא כוננה לא תהו בראה לשבת יצרה אני יהוה ואין עוד׃
19 Menkasaa wɔ kokoa mu, mfi asase so baabi a aduru sum; menka nkyerɛɛ Yakob asefo se, ‘Monhwehwɛ me na munhu me.’ Me Awurade, meka nokware no; meka nea eye.
לא בסתר דברתי במקום ארץ חשך לא אמרתי לזרע יעקב תהו בקשוני אני יהוה דבר צדק מגיד מישרים׃
20 “Mommoaboa mo ho ano na mommra; munhyia mu, mo aguanfo a mufi amanaman so. Wɔn a wonnim de na wɔsoa nnua ahoni de kyinkyin wɔn a wɔbɔ anyame a wontumi nnye nkwa no mpae.
הקבצו ובאו התנגשו יחדו פליטי הגוים לא ידעו הנשאים את עץ פסלם ומתפללים אל אל לא יושיע׃
21 Mompae mu nka nea ebesi, momfa nto gua, ma wɔmmɔ mu ntu agyina. Hena na odii kan kaa no teteete, hena na ɔdaa no adi fi tete nteredee? Ɛnyɛ me Awurade ana? Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, trenee Nyankopɔn ne Agyenkwa; obiara nni hɔ sɛ me.
הגידו והגישו אף יועצו יחדו מי השמיע זאת מקדם מאז הגידה הלוא אני יהוה ואין עוד אלהים מבלעדי אל צדיק ומושיע אין זולתי׃
22 “Monnan mmra me nkyɛn na munnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.
פנו אלי והושעו כל אפסי ארץ כי אני אל ואין עוד׃
23 Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokwaredi nyinaa mu asɛm a wɔntwe nsan sɛ: obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.
בי נשבעתי יצא מפי צדקה דבר ולא ישוב כי לי תכרע כל ברך תשבע כל לשון׃
24 Wɔbɛka me ho asɛm se, ‘Awurade nko ara mu na trenee ne ahoɔden wɔ.’” Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa bɛba ne nkyɛn na wɔn anim begu ase.
אך ביהוה לי אמר צדקות ועז עדיו יבוא ויבשו כל הנחרים בו׃
25 Nanso Awurade mu, Israel asefo nyinaa wobebu wɔn bem, na wɔahoahoa wɔn ho.
ביהוה יצדקו ויתהללו כל זרע ישראל׃

< Yesaia 45 >