< Yesaia 44 >
1 “Na afei tie, Yakob me somfo, Israel, nea mapaw no.
Et maintenant écoute, Jacob, mon serviteur, et toi, Israël, que j’ai choisi.
2 Sɛɛ na Awurade se, nea ɔnwen wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu, ɔno na ɔbɛboa wo: Nsuro Yakob, me somfo, Yeshurun, a mapaw no.
Ainsi dit l’Éternel, qui t’a fait et formé dès la matrice, celui qui t’aide: Ne crains pas, mon serviteur Jacob, et toi, Jeshurun, que j’ai choisi.
3 Na mehwie nsu agu asase a awo no so, ne nsuten wɔ asase kesee so; mehwie me Honhom agu wo mma so, ne me nhyira agu wʼasefo so.
Car je verserai de l’eau sur celui qui a soif, et des ruisseaux d’eau sur la terre sèche; je verserai mon Esprit sur ta semence, et ma bénédiction sur ceux qui sortent de toi;
4 Wobefifi sɛnea sare fifi wɔ mmoa adidibea, te sɛ mpampuro a ɛwɔ asuten ho.
et ils germeront parmi l’herbe, comme les saules auprès des courants d’eau.
5 Obi bɛka se, ‘Meyɛ Awurade de’; ɔfoforo bɛfrɛ ne ho se Yakob; afoforo bɛkɔ so akyerɛw wɔn nsa ho se, ‘Awurade de,’ na wɔafa din Israel.
Celui-ci dira: Moi, je suis à l’Éternel; et celui-là s’appellera du nom de Jacob; et celui-là écrira de sa main: Je suis à l’Éternel, et se nommera du nom d’Israël.
6 “Sɛɛ na Awurade Israelhene ne Ogyefo, Asafo Awurade se: Mene odikanfo ne okyikafo; Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.
Ainsi dit l’Éternel, le roi d’Israël, et son rédempteur, l’Éternel des armées: Je suis le premier, et je suis le dernier; et hors moi il n’y a pas de Dieu.
7 Hena na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka. Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim nea asisi fi bere a migyee me tete nkurɔfo sii hɔ, ne nea ɛrebɛba. Yiw, ma ɔnhyɛ nea ɛreba ho nkɔm.
Et qui, comme moi, appellera, – et qui le déclarera, et l’arrangera pour moi, depuis que j’ai établi le peuple ancien? Qu’ils leur déclarent les choses qui arriveront et celles qui viendront.
8 Mommma mo ho mpopo, munnsuro. Mampae mu anka eyi, manhyɛ ho amfi teteete ana? Mone me nnansefo. Onyankopɔn foforo bi ka me ho ana? Dabi, Ɔbotan foforo bi nni hɔ; minnim baako mpo.”
N’ayez pas peur, et ne craignez pas. Ne te l’ai-je pas, dès ce temps-là, fait entendre et déclaré? et vous m’en êtes les témoins. Y a-t-il un Dieu hors moi? Il n’y a pas de rocher, je n’en connais point.
9 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, na nneɛma a ɛsom wɔn bo no so nni mfaso. Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afura; wonnim wɔn ankasa animguase ho hwee.
Ceux qui forment une image taillée sont tous un néant, et leurs choses désirables ne sont d’aucun profit; et ils en sont eux-mêmes les témoins: ils ne voient pas, et ils ne connaissent pas, afin qu’ils soient honteux.
10 Hena na ɔbɔ onyame na ogu ohoni, a ne so mma no mfaso biara?
Qui a formé un dieu, ou fondu une image, qui n’est d’aucun profit?
11 Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim begu ase; adwumfo nyɛ hwee sɛ nnipa. Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina, ehu ne animguase na ɛbɛka wɔn.
Voici, tous ses compagnons seront honteux, et les ouvriers ne sont que des hommes. Qu’ils s’assemblent tous, qu’ils se tiennent là! Qu’ils aient peur, qu’ils aient honte ensemble!
12 Ɔtomfo fa nʼatonnade ɔde hyehyɛ nnyansramma mu; ɔde asae bobɔ so yɛ no ohoni, ɔde nʼabasa mu ahoɔden mmoroso na ɛyɛ; ɔkɔm de no na ɔyɛ mmrɛw; ɔnnom nsu nti ɔtɔ beraw.
L’ouvrier en fer [a] un ciseau, et il travaille avec des charbons; il forme l’image avec des marteaux, et la travaille avec son bras vigoureux; mais il a faim et il n’a pas de force; il n’a pas bu d’eau, et il est las.
13 Duadwumfo de hama susuw na ɔde kyerɛwdua sensan; na ɔde pɛe yiyi ho afei ɔde kɔmpaase hyɛ no agyirae. Osen na ɛyɛ sɛ onipa sɛso, ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanuonyam nyinaa mu, sɛ wɔde besi abosonnan mu.
Le sculpteur en bois étend un cordeau; il trace sa forme avec de la craie rouge, il la fait avec des outils tranchants, et la trace avec un compas, et la fait selon la figure d’un homme, selon la beauté de l’homme, pour qu’elle demeure dans la maison.
14 Otwitwaa sida, anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔre anaa odum. Ɔma enyinii wɔ kwae mu, anaa oduaa ɔpepaw, na osu ma enyinii.
Il se coupe des cèdres, et il prend un rouvre et un chêne; il choisit parmi les arbres de la forêt. Il plante un pin, et la pluie le fait croître.
15 Ɛyɛ nea onipa de sɔ ogya; ɔde bi ka ne ho hyew, ɔde bi sɔ ogya to brodo. Nanso ɔde bi sen onyame na ɔsɔre no; ɔyɛ ohoni na ɔkotow no.
Et un homme l’aura pour en faire du feu, et il en prend et s’en chauffe; il l’allume aussi, et cuit du pain; il en fait aussi un dieu, et l’adore; il en fait une image taillée, et se prosterne devant elle.
16 Ɔde dua no mu fa sɔ ogya; so na ɔnoa nʼaduan, ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee. Afei ɔka ne ho hyew na ɔka se, Aa! mahu ogya; me ho ayɛ me hyew.
Il en brûle la moitié au feu; avec la moitié il mange de la chair, il cuit un rôti, et il est rassasié; il a chaud aussi, et dit: Ha, ha! je me chauffe, je vois le feu!
17 Nkae no ɔde yɛ onyame, ne ohoni; ɔkotow no na ɔsɔre no. Ɔbɔ no mpae se, “Gye me; wo ne me nyame.”
Et avec le reste il fait un dieu, son image taillée: il se prosterne devant elle et l’adore, et lui adresse sa prière, et dit: Délivre-moi, car tu es mon dieu.
18 Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase; wɔatare wɔn ani so nti wonhu ade, wɔato wɔn adwene mu nti wɔnte hwee ase.
Ils n’ont pas de connaissance et ne comprennent pas; car Il a couvert d’un enduit leurs yeux, en sorte qu’ils ne voient pas, [et] leurs cœurs, en sorte qu’ils ne comprennent pas. –
19 Obiara nna nnwen ho, obiara nni nimdeɛ anaa nhumu a ɔde bɛka se, “Mede fa sɔɔ ogya; na mpo metoo brodo wɔ ne nnyansramma so; metotoo nam wɔ so wee. Ɛsɛ sɛ mede nkae no yɛ akyiwade ana? Ɛsɛ sɛ mekotow gyentia ana?”
Et on ne rentre pas en soi-même, et il n’y a pas de connaissance, et il n’y a pas d’intelligence, pour dire: J’en ai brûlé la moitié au feu, et encore, j’ai cuit du pain sur ses charbons, j’ai rôti de la chair, et j’ai mangé; et de ce qui reste, en ferai-je une abomination? Me prosternerai-je devant ce qui provient d’un arbre?
20 Saa onipa no di nsõ, nnaadaa koma ma no to kwan; ɔrentumi nnye ne ho, anaa nka se, “Nea mikura wɔ me nsa nifa yi nyɛ atoro ana?”
Il se repaît de cendres; un cœur abusé l’a détourné; et il ne délivre pas son âme, et ne dit pas: N’ai-je pas un mensonge dans ma main droite?
21 “Kae saa nneɛma yi, Yakob, efisɛ, woyɛ me somfo, Israel. Me na meyɛɛ wo, woyɛ me somfo; Ao Israel, me werɛ remfi wo.
Souviens-toi de ces choses, ô Jacob, et toi, Israël, car tu es mon serviteur. Je t’ai formé; tu es mon serviteur, Israël; tu ne seras pas oublié de moi.
22 Mapra wo mfomso agu te sɛ omununkum ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosu. San bra me nkyɛn, efisɛ magye wo.”
J’ai effacé comme un nuage épais tes transgressions, et comme une nuée tes péchés: reviens à moi, car je t’ai racheté. –
23 Momfa ahosɛpɛw nto dwom, ɔsorosoro, na Awurade na wayɛ eyi. Mommɔ ose, asase ase. Momma nnwonto so, mo mmepɔw, mo kwae ne emu nnua nyinaa, na Awurade agye Yakob, wada nʼanuonyam adi wɔ Israel.
Exultez, cieux, car l’Éternel l’a fait; jetez des cris, vous, profondeurs de la terre; éclatez en chants de triomphe, montagnes, forêts, et tous les arbres qui y sont! Car l’Éternel a racheté Jacob, et s’est glorifié en Israël.
24 “Sɛɛ na Awurade se, wo Gyefo a ɔnwen wo wɔ awotwaa mu no: “Mene Awurade, nea wayɛ nneɛma nyinaa, nea ɔno nko ara trɛw ɔsoro mu nea ɔno nko ara twee asase mu,
Ainsi dit l’Éternel, ton rédempteur, et celui qui t’a formé dès la matrice: C’est moi, l’Éternel, qui ai fait toutes choses, qui seul ai déployé les cieux, et qui, par moi-même, ai étendu la terre;
25 nea ɔsɛe atoro adiyifo nsɛnkyerɛnne na ɔma nkɔmhyɛfo yɛ nkwaseafo, nea otutu anyansafo adenim gu na ɔdan no nkwaseasɛm,
qui rends vains les signes des menteurs et qui trouble l’esprit des devins, qui fais retourner en arrière les sages et qui fais de leur connaissance une folie;
26 nea ɔma nʼasomfo nsɛm ba mu nea ɔhyɛ nʼasomafo nkɔmhyɛ mu ma, “nea ɔka fa Yerusalem ho se, ‘Wɔbɛtena mu,’ ne Yuda nkurow ho se, ‘Wɔbɛkyekye,’ ne mmubui ho se, ‘Mɛyɛ no foforo,’
qui confirme la parole de mon serviteur et accomplis le conseil de mes messagers; qui dis à Jérusalem: Tu seras habitée, et aux villes de Juda: Vous serez bâties, et je relèverai ses ruines;
27 nea ɔka kyerɛ asubun se, ‘Yow, na mɛma wo nsuwa ayoyow,’
[moi] qui dis à l’abîme: Sois sec, et je dessécherai tes fleuves;
28 nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo na obewie nea mepɛ nyinaa yɛ; ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,” na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.”’”
qui dis de Cyrus: [Il est] mon berger, et il accomplira tout mon bon plaisir, disant à Jérusalem: Tu seras bâtie, et au temple: Tes fondements seront posés.