< Yesaia 43 >

1 Na afei, sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ wo, Yakob nea ɔnwen wo, Israel; “Nsuro na magye wo; mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.
But now this is what Yahweh says, he who created you, Jacob, and he who formed you, Israel: “Do not be afraid, for I have redeemed you; I have called you by your name, you are mine.
2 Sɛ wofa nsu mu a, mɛka wo ho; na sɛ wutwa nsubɔnten no a, ɛremmu mfa wo so. Sɛ wonantew ogya no mu a, worenhyew; ogyaframa no renhye wo.
When you pass through the waters, I will be with you; and through the rivers, they will not overwhelm you. When you walk through the fire you will not be burned, and the flames will not destroy you.
3 Na mene Awurade, wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo Agyenkwa. Mede Misraim yɛ mpata ma wo na mede Kus ne Seba si wʼanan mu.
For I am Yahweh your God, the Holy One of Israel, your Savior. I have given Egypt as your ransom, Cush and Seba in exchange for you.
4 Sɛ wosom bo ma me na wowɔ anuonyam wɔ mʼanim na medɔ wo nti, mede nnipa bɛsesa wo, na mede nkurɔfo asesa wo nkwa.
Since you are precious and special in my sight, I love you; therefore I will give people in exchange for you, and other peoples in exchange for your life.
5 Nsuro, efisɛ meka mo ho; mede wo mma befi apuei fam aba na maboa wɔn ano afi atɔe fam.
Do not be afraid, for I am with you; I will bring your offspring from the east, and gather you from the west.
6 Mɛka akyerɛ atifi fam se, ‘Munnyaa wɔn!’ ne anafo fam se, ‘Munnye wɔn ntena ha.’ Momfa me mmabarima mfi akyirikyiri mmra na me mmabea mfi asase ano mmra,
I will say to the north, 'Hand them over;' and to the south, 'Do not hold any back;' Bring my sons from afar, and my daughters from the remote regions of the earth,
7 obiara a me din da no so, nea mebɔɔ no de hyɛɛ me ho anuonyam, nea menwen no na meyɛɛ no.”
everyone who is called by my name, whom I have created for my glory, whom I have formed, yes, whom I have made.
8 Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wonhu ade wɔn a wɔwɔ aso nanso asisiw no mmra.
Bring out the people who are blind, even though they have eyes, and the deaf, even though they have ears.
9 Aman no nyinaa boa wɔn ho ano, na nnipa no hyia mu. Wɔn mu hena na ɔkaa eyi fii mfiase na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn? Ma wɔmmfa wɔn nnansefo mmra mmedi adanse sɛ wodi bem, sɛnea afoforo bɛte na wɔaka se, “Ɛyɛ nokware.”
All the nations gather together, and the peoples assemble. Who among them could have declared this and announced to us earlier events? Let them bring their witnesses to prove themselves right, let them listen and affirm, 'It is true.'
10 “Mone me nnansefo, ne mʼasomfo a mapaw no,” sɛɛ na Awurade se, “Sɛnea mubehu na moagye me adi na moate ase sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma.
You are my witnesses,” declares Yahweh, “and my servant whom I have chosen, so that you may know and believe in me, and understand that I am he. Before me there was no god formed, and there will be none after me.
11 Me, Me ara, Mene Awurade, na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.
I, I am Yahweh, and there is no savior but me.
12 Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka se, Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu. Mone me nnansefo,” Awurade na ose sɛ, “Mene Onyankopɔn.
I have declared, saved, and proclaimed, and there is no other god among you. You are my witnesses,” declares Yahweh, “I am God.
13 Yiw, na efi teteete no me ne no. Obiara rentumi nnye mfi me nsam sɛ meyɛ biribi a, hena na obetumi adan no?”
From this day on I am he, and no one can rescue anyone from my hand. I act, and who can turn it back?”
14 Sɛɛ na Awurade se, wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no: “Mo nti, mɛsoma akɔ Babilonia, na mede Babiloniafo nyinaa bɛba sɛ aguanfo wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.
This is what Yahweh says, your Redeemer, the Holy One of Israel: “For your sake I send to Babylon and lead them all down as fugitives, turning the Babylonians' expressions of joy into songs of lamentation.
15 Mene Awurade, wo Kronkronni no, Israel Yɛfo, wo Hene.”
I am Yahweh, your Holy One, the Creator of Israel, your King.”
16 Sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ kwan wɔ po mu, kwan a ɛda asubun mu,
This is what Yahweh says (who opened a way through the sea and a path in the mighty waters,
17 nea ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ, asraafo ne ne nkekaho nyinaa, na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio, wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntamabamma:
who led out the chariot and horse, the army and the mighty host. They fell down together; they will never rise again; they are extinguished, quenched like a burning wick.)
18 “Momma mo werɛ mfi kan nneɛma no monntɔ nnkɔ nea atwam no so.
“Do not think about these former things, nor consider the things of long ago.
19 Hwɛ, mereyɛ ade foforo! Mprempren, ɛrepue; na munhu ana? Merebɔ kwan afa nweatam so na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wosee so.
Look, I am about to do a new thing; now it begins to happen; do you not perceive it? I will make a road in the desert and streams of water in the wilderness.
20 Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me anuonyam, adompo ne mpatu, efisɛ mema nsu wɔ nweatam so ne nsuwansuwa wɔ asase wosee so, de ma me nkurɔfo, wɔn a mapaw wɔn no nsu,
The wild animals of the field will honor me, the jackals and the ostriches, because I give water in the wilderness, and rivers in the desert, for my chosen people to drink,
21 nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho sɛ wɔmpae mu nka mʼayeyi.
this people whom I formed for myself, that they might recount my praises.
22 “Nanso, womfrɛɛ me, Yakob, wonhaw wo ho wɔ me ho, Israel.
But you have not called on me, Jacob; you have become tired of me, Israel.
23 Momfaa nguan mmrɛɛ me sɛ ɔhyew afɔrebɔde, na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me anuonyam nso. Memmaa aduan afɔre nyɛɛ mo adesoa na memfaa nnuhuamgye nhaw mo.
You have not brought me any of your sheep as burnt offerings, or honored me with your sacrifices. I have not burdened you with grain offerings, nor wearied you with demands for incense.
24 Montɔɔ nnuhuam mmrɛɛ me, na mommaa mo afɔrebɔde mu srade mmuu me so. Mmom, mode mo bɔne asoa me na mode mo mfomso ho haw abɛto me so.
You have bought me no sweet-smelling cane with money, neither have you poured out to me the fat of your sacrifices; but you have burdened me with your sins, you have wearied me with your evil deeds.
25 “Me, me ara, mene nea ɔpepa mo bɔne, me nti, na menkae mo amumɔyɛ bio.
I, yes, I, am he who blots out your offenses for my own sake; and I will not call to mind your sins any longer.
26 Monhwehwɛ nea atwa mu no mu bio mma me, momma yɛmmɔ mu nnye asɛm no ho akyinnye; ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wunni fɔ no.
Remind me of what happened. Let us debate together; present your cause, that you may be proved innocent.
27 Mo agya a odii kan no yɛɛ bɔne; mo kasamafo tew mʼanim atua.
Your first father sinned, and your leaders have transgressed against me.
28 Enti magu mo asɔredan mu atitiriw anim ase, na mede Yakob ama ɔsɛe na mede Israel ama ahohora.
Therefore I will defile the holy officials; I will hand Jacob over to complete destruction, and Israel to abusive humiliation.”

< Yesaia 43 >