< Yesaia 42 >
1 “Me somfo a mahyɛ no den ni, nea mayi no na ɔsɔ mʼani; mede me Honhom begu no so na ɔde atɛntrenee bɛbrɛ aman no.
“Me ɔsomfoɔ a mahyɛ no den nie, deɛ mayi noɔ na ɔsɔ mʼani; mede me Honhom bɛgu no so na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ aman no.
2 Ɔrenteɛ mu anaa ɔremma ne nne so. Ɔremma ne nne so wɔ mmɔnten so.
Ɔrenteam anaa ɔremma ne nne so. Ɔremma ne nne so wɔ mmɔntene so.
3 Demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu. Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum. Nokware mu na ɔbɛda trenee adi;
Demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu. Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum. Nokorɛ mu na ɔbɛda tenenee adi;
4 ɔrenhinhim na ɔrempa abaw kosi sɛ ɔde trenee bɛba asase so. Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛto.”
ɔrenhinhim na nʼabamu remmu kɔsi sɛ ɔde tenenee bɛba asase so. Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛtoɔ.”
5 Sɛɛ na Onyankopɔn, Awurade no se, nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛw mu, nea ɔtwee asase mu ne nea efi mu nyinaa, nea ɔma wɔn a wɔte so home, na ɔma wɔn a wɔnantew so no nkwa:
Yei ne deɛ Onyankopɔn, Awurade no seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, deɛ ɔtwee asase mu ne deɛ ɛfiri mu nyinaa, deɛ ɔma wɔn a wɔte so ahome, na ɔma wɔn a wɔnante soɔ no nkwa:
6 “Me, Awurade, mafrɛ wo trenee mu; meso wo nsa. Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfo no ne kanea ama amanamanmufo,
“Me, Awurade, mafrɛ wo tenenee mu; mɛsɔ wo nsa. Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no ne kanea ama amanamanmufoɔ,
7 na woabue ani a afura, na woayi nneduafo afi afiase na woagye wɔn a wɔda afiase amoa mu, wɔn a wɔte sum kabii mu no.
na woabue ani a afira, na woayi nneduafoɔ afiri afiase na woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no.
8 “Mene Awurade; me din ne no! Meremfa mʼanuonyam mma obi anaa mʼayeyi mma ahoni.
“Mene Awurade; me din ne no! Meremfa mʼanimuonyam mma obi anaa mʼayɛyie mma ahoni.
9 Hwɛ, nneɛma dedaw no asisi, na nneɛma foforo no mepae mu ka; ansa na ɛbɛba mu no, meka kyerɛ mo.”
Hwɛ, nneɛma dada no atwam, na nneɛma foforɔ no mepae mu ka; ansa na ɛbɛba mu no meka kyerɛ mo.”
10 Monto dwom foforo mma Awurade! Nʼayeyi mfi asase ano, mo a mokɔ po so ne nea ɛwo mu nyinaa, mo asupɔw ne wɔn a wɔtete so nyinaa.
Monto dwom foforɔ mma Awurade! Nʼayɛyie mfiri asase ano, mo a mokɔ ɛpo so ne deɛ ɛwo mu nyinaa, mo nsupɔ ne wɔn a wɔtete so nyinaa.
11 Ma nweatam ne so nkurow mma wɔn nne so; ma atenae a Kedar te so no nsɛpɛw wɔn ho. Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto nnwom nnye wɔn ani; ma wɔnteɛ mu mfi mmepɔw no atifi!
Ma anweatam ne ɛso nkuro mma wɔn nne so; ma atenaeɛ a Kedar te soɔ no nsɛpɛ wɔn ho. Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto anigye dwom; ma wɔn nteam mfiri mmepɔ no atifi!
12 Ma wɔnhyɛ Awurade anuonyam; na wɔmpae mu nka nʼayeyi no wɔ asupɔw no so.
Ma wɔnhyɛ Awurade animuonyam; na wɔmpae mu nka nʼayɛyie no wɔ nsupɔ no so.
13 Awurade bepue aba sɛ ɔkatakyi, te sɛ ɔkofo no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den; ɔde nteɛmu bɛyɛ ɔkofo nkanyan na obedi nʼatamfo so nkonim.
Awurade bɛpue aba sɛ ɔkatakyie, te sɛ ɔkofoni no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den; ɔde nteam bɛyɛ ɔkofrɛ na ɔbɛdi nʼatamfoɔ so nkonim.
14 “Mayɛ komm akyɛ, mayɛ dinn na mahyɛ me ho so. Nanso afei, te sɛ ɔbea a ɔrewo no, meteɛ mu, mehome a ensi so na mehome afrɛ so.
“Mayɛ komm akyɛre, mayɛ dinn na mahyɛ me ho so. Nanso, afei, te sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ no, meteam, mehome a ɛnsi so na mehome ɔherɛ so.
15 Mɛsɛe mmepɔw ne nkoko no na mahyew so afifide nyinaa. Mɛdan nsubɔnten ama ayɛ asupɔw, na mama atare ayoyow.
Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ no na mahye ɛso afifideɛ nyinaa. Mɛdane nsubɔntene ma ayɛ nsupɔ, na mama atadeɛ awewe.
16 Medi anifuraefo anim afa akwan a wonnim so so, akwan a wonnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan. Mɛma sum no ayɛ hann wɔ wɔn anim, na mayɛ mmeae a ɛyɛ abonkyiabonkyi no trontrom. Eyinom ne nneɛma a mɛyɛ; merennyaw wɔn mu.
Mɛdi anifirafoɔ anim afa ɛkwan a wɔnnim so, akwan a wɔnnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan. Mɛma esum no ayɛ hann wɔ wɔn anim, na mayɛ mmea a ɛyɛ mmomkyi mmɔnka no tromtrom. Yeinom ne nneɛma a mɛyɛ; merennya wɔn mu.
17 Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so, na wɔka kyerɛ nsɛsode se, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no, wɔbɛpam wɔn wɔ animguase mu.”
Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so, na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no, mɛpam wɔn animguaseɛ mu.”
18 “Tie, wo ɔsotifo; hwɛ, wo onifuraefo na hu!
“Tie, wo ɔsotifoɔ; hwɛ, wo onifirani na hunu!
19 Hena ne onifuraefo sɛ me somfo, na ɔyɛ ɔsotifo sɛ ɔbɔfo a mesoma no? Hena na nʼani afura sɛ nea ɔde ne werɛ ahyɛ me mu, nʼani afura sɛ Awurade somfo?
Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ, na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ? Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu? Anaa hwan na nʼani afira sɛ Awurade ɔsomfoɔ?
20 Woahu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho; Ɔkwan da wʼasom, nanso wonte hwee.”
Woahunu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho; Wʼasom da ɛkwan, nanso wonte hwee.”
21 Ɛsɔɔ Awurade ani, ne trenee nti sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛse na anya anuonyam.
Ɛsɔɔ Awurade ani ne tenenee enti sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.
22 Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafow wɔn yi, wɔn nyinaa aka amoa mu anaa wɔde wɔn asie wɔ afiase. Wɔayɛ wɔn asade na wonni obi a obegye wɔn; wɔayɛ wɔn akorɔnne na wonni obi a ɔbɛka se, “Momfa wɔn nsan nkɔ.”
Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafo wɔn yi, wɔn nyinaa aka amena mu anaa wɔde wɔn asie wɔ nneduadan mu. Wɔayɛ wɔn afodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛgye wɔn; wɔayɛ wɔn korɔnodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛka sɛ, “Momfa wɔn nsane nkɔ.”
23 Mo mu hena na obetie eyi anaa nʼani beku ho yiye akyiri yi?
Mo mu hwan na ɔbɛtie yei anaa ɔbɛdwene ho yie akyire yi?
24 Hena na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ akorɔnne, na ɔde Israel maa afowfo? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Efisɛ wɔannantew nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so.
Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ, na ɔde Israel maa afomfoɔ? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so.
25 Enti ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so, akodi mu basabasayɛ. Ɛde ogyaframa bunkam wɔn so, nanso wɔante ase. Ɛhyew wɔn, nanso amfa wɔn ho.
Enti ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so, akodie mu basabasayɛ. Ɛde egyadɛreɛ bunkam wɔn so, nanso wɔante aseɛ. Ɛhyee wɔn, nanso amfa wɔn ho.