< Yesaia 41 >
1 “Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔw! Ma aman no nhyɛ wɔn ho den! Ma wɔmmra ha mmɛkasa; momma yɛmmɔ mu nhyia wɔ asennii hɔ.
“Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔ! Ma aman no nhyɛ wɔn ho den! Ma wɔmmra ha mmɛkasa; momma yɛn mmom nhyia mu wɔ asɛnniiɛ hɔ.
2 “Hena na wakanyan nea ofi apuei no, afrɛ no trenee mu sɛ ɔmmɛsom no? Ɔde aman hyɛ ne nsa na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim. Ɔde nʼafoa ma wɔdan mfutuma, ɔde ne bɛmma ma wɔdan ntɛtɛ a mframa bɔ hwete.
“Hwan na wakanyane deɛ ɔfiri apueeɛ no, afrɛ no tenenee mu sɛ ɔmmɛsom no? Ɔde aman hyɛ ne nsa na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim. Ɔde nʼakofena ma wɔdane mfuturo, ɔde ne bɛma ma wɔdane ntɛtɛ a mframa bɔ hwete.
3 Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara nti ne ho, wɔ kwan a ɔmfaa so da no so.
Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara enti ne ho, wɔ ɛkwan a ɔmfaa so da so.
4 Hena na wayɛ eyi akosi awiei, afrɛ awo ntoatoaso afi mfiase? Me Awurade, meka adikanfo ne akyikafo ho, Mene ɔno ara.”
Hwan na wayɛ yei akɔsi awieeɛ, afrɛ awoɔ ntoatoasoɔ afiri mfitiaseɛ? Me Awurade, mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Mene ɔno ara.”
5 Nsupɔw no ahu na wɔbɔ hu; nsase ano ho popo. Wotwiw bɛn, na wɔba anim;
Nsupɔ no ahunu na wɔbɔ hu; nsase ano ho popo. Wɔtwi bɛn, na wɔba anim;
6 na obiara boa ne yɔnko na ɔka kyerɛ ne nua se, “Yɛ den!”
na obiara boa ne yɔnko na ɔka kyerɛ ne nua sɛ, “Yɛ den!”
7 Odwumfo hyɛ sikadwumfo nkuran, na nea ɔde asae yɛ no trontrom boa nea ɔbɔ atommo so. Ɔka fa nea ɔsɔw no ho se, “Eye pa ara.” Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛnea ɛrentu nhwe fam.
Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ nkuran, na deɛ ɔde asaeɛ yɛ no tromtrom boa deɛ ɔbɔ atomboɔ so. Ɔka fa ɔsɔ no ho sɛ, “Ɛyɛ pa ara.” Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛdeɛ ɛrentu nhwe fam.
8 “Nanso wo, Israel, me somfo, Yakob, nea mayi no no, mo, mʼadamfo Abraham asefo.
“Nanso wo, Ao Israel, me ɔsomfoɔ, Yakob, deɛ mayi no no, mo, mʼadamfo Abraham asefoɔ.
9 Mefaa wo fii nsase ano, fii nʼakyirikyiri ntwea so, na mefrɛɛ wo. Mekae se, ‘Woyɛ me somfo’; mapaw wo na mempoo wo ɛ.
Mefaa wo firi nsase ano, firi nʼakyirikyiri ntweaso, na mefrɛɛ wo. Mekaa sɛ, ‘Woyɛ me ɔsomfoɔ’; mapa wo na me ne wo wɔ hɔ.
10 Enti nsuro, na mene wo wɔ hɔ; mma wo werɛ nhow, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me trenee nsa nifa bɛma wo so.
Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ; mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo.
11 “Wɔn a wɔn bo afuw wo no nyinaa, ampa ara wɔn ani bewu na wɔn anim agu ase; wɔn a wɔsɔre tia wo no rensɛ hwee na wobewuwu.
“Wɔn a wɔn bo afu wo no nyinaa, ampa ara wɔn ani bɛwu na wɔn anim agu ase; wɔn a wɔtia wo no rensɛ hwee na wɔbɛwu.
12 Ɛwɔ mu sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfo de, nanso worenhu wɔn. Wɔn a wotu wo so sa no rensɛ hwee koraa.
Ɛwom sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfoɔ deɛ, nanso worenhunu wɔn. Wɔn a wɔtu wo so sa no rensɛ hwee koraa.
13 Na mene Awurade, wo Nyankopɔn, nea okura wo nsa nifa mu na ɔka kyerɛ wo se, Nsuro; mɛboa wo.
Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, deɛ ɔkura wo nsa nifa mu na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro; mɛboa wo.
14 Nsuro, osunson Yakob, Israel a wusua, na me ankasa mɛboa wo,” Awurade na ose, wo gyefo, Israel Ɔkronkronni no.
Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob, Ao Israel a wo sua, na mʼankasa mɛboa wo,” Awurade na ɔseɛ, wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no.
15 “Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhuwso apa, a ɛyɛ amono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. Wubehuhuw mmepɔw no so na woadwiriw wɔn, na woama nkoko ayɛ sɛ ntɛtɛ.
“Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhusoɔ apa, a ɛyɛ mono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. Wobɛhuhu mmepɔ no so na woadwiri wɔn, na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ.
16 Wubehuhuw wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani begye wɔ Awurade mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no anuonyam.
Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani bɛgye wɔ Awurade mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam.
17 “Ohiani ne mmɔborɔni kyin pɛ nsu, nanso bi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so ayow. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuae. Me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn.
“Ohiani ne mmɔborɔni kyini pɛ nsuo, nanso ebi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so awe. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuaeɛ. Me, Israel Onyankopɔn, merennya wɔn.
18 Mɛma nsubɔnten ateɛ wɔ sorɔnsorɔmmea a awu no so, na nsuti apue wɔ abon mu. Mɛdan nweatam ayɛ no mmura, na nsase a awo adan nsuti bebree.
Mɛma nsubɔntene atene wɔ sorɔnsorɔmmea bonini no so, na nsutire apue wɔ bɔnhwa mu. Mɛdane anweatam ayɛ no nsubura, na nsase a awo adane nsutire bebree.
19 Meduadua wɔ nweatam so, sida, ɔkanto, ohuam ne ngonnua. Meduadua ɔpepaw wɔ asase wosee so asɛsɛ ne kwabɔhɔre abɔ mu,
Mɛduadua wɔ anweatam so, ntweneduro, okuo, ohwam ne ngo nnua. Mɛduadua pepeaa, wɔ asase wesee so asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abɔ mu,
20 sɛnea nnipa behu na wɔate, na wɔasusuw ho na wɔate ase sɛ, Awurade nsa na ayɛ saa ade yi, Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbae.
sɛdeɛ nnipa bɛhunu na wɔate, na wɔasusu ho na wɔate aseɛ sɛ, Awurade nsa na ayɛ saa adeɛ yi; Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbaeɛ.
21 “Bɔ wo nkuro,” Awurade na ose. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Hene na ose.
“Bɔ wo nkuro,” Awurade na ɔseɛ. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Ɔhene na ɔseɛ.
22 “Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka nea ebesi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛnea na kan nneɛma no te nkyerɛ yɛn, sɛnea yebedwen ho afa na yɛahu nea ebefi mu aba. Anaasɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ebesi nkyerɛ yɛn.
“Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka deɛ ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛdeɛ na kane nneɛma no teɛ nkyerɛ yɛn, sɛdeɛ yɛbɛdwene ho afa na yɛahunu deɛ ɛbɛfiri mu aba. Anaa sɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ɛbɛsi nkyerɛ yɛn.
23 Monka yɛn nea ebesi daakye, na ama yɛahu sɛ moyɛ anyame. Monyɛ biribi, sɛ eye anaa enye, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn werɛ bɛhow na ehu aka yɛn.
Monka nkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi daakye, na ama yɛahunu sɛ moyɛ anyame. Monyɛ biribi, sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn aba mu bɛbu na ehu aka yɛn.
24 Nanso, monnka hwee, na mo nnwuma so nni mfaso; nea ɔfa mo no yɛ akyiwade.
Nanso, monnka hwee, na mo nnwuma ho nni mfasoɔ; deɛ ɔfa mo no yɛ akyiwadeɛ.
25 “Makanyan obi a ofi atifi fam na ɔreba, nea ofi owia apuei na ɔbɔ me din. Otiatia ahemfo so te sɛ dɔte a wɔde si dan, te sɛ ɔnwemfo a ɔrewɔw dɔte.
“Makanyane obi a ɔfiri atifi fam na ɔreba, deɛ ɔfiri owia apueeɛ na ɔbɔ me din. Ɔtiatia sodifoɔ so te sɛ dɔteɛ a wɔde si dan, te sɛ ɔnwomfoɔ a ɔrewɔ dɔteɛ.
26 Hena na ɔkaa eyi ho asɛm fii mfiase, sɛnea anka ɛbɛma yɛahu, anaa waka ato hɔ, sɛnea yebetumi aka se, ‘Ne de no ye’? Obiara anka eyi, obiara anni kan anka, obiara ante nsɛm biara amfi wo nkyɛn.
Hwan na ɔkaa yei ho asɛm firii ahyɛaseɛ, sɛdeɛ anka ɛbɛma yɛahunu, anaa waka ato hɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi aka sɛ, ‘Ne deɛ no yɛ’? Obiara anka yei, obiara anni ɛkan anka, obiara ante nsɛm biara amfiri wo nkyɛn.
27 Me na midii kan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, woni!’ Memaa Yerusalem ɔsomafo a ɔde asɛmpa ba.
Me na medii ɛkan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, wɔn nie!’ Mɛma Yerusalem ɔsomafoɔ bi a ɔde asɛmpa bɛba.
28 Mehwɛ, nanso obiara nni hɔ, obiara nni wɔn mu a obetu wɔn fo, sɛ mibisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuae.
Mehwɛ nanso obiara nni hɔ, obiara nni wɔn mu a ɔbɛtu wɔn fo, sɛ mebisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuaeɛ.
29 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofo! Wɔn nneyɛe nka hwee; wɔn nsɛsode yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara.
Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofoɔ! Wɔn nneyɛeɛ nka hwee; wɔn nsɛsodeɛ yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara.