< Yesaia 40 >

1 Monkyekye, monkyekye me nkurɔfo werɛ. Saa na mo Nyankopɔn se.
“Comfort, comfort My people,” says your God.
2 Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mompae mu nka nkyerɛ no se ne som dennen no aba awiei, wɔatua ne bɔne no so ka, na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho afi Awurade nsam.
Speak to the heart of Jerusalem, and call to her, That her warfare has been completed, That her punishment has been accepted, That she has received from the hand of YHWH Double for all her sins.
3 Nne bi reteɛ mu se, “Munsiesie ɔkwan mma Awurade wɔ nweatam no so. Monteɛ ɔtempɔn wɔ sare no so mma yɛn Nyankopɔn.
A voice is crying in a wilderness: “Prepare the way of YHWH, Make straight in a desert a highway for our God.
4 Obon biara bɛyɛ ma, bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam, asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa, na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.
Every valley is raised up, And every mountain and hill become low, And the crooked place has become a plain, And the entangled places a valley.
5 Na Awurade anuonyam bɛda adi, na nnipa nyinaa behu. Efisɛ Awurade na waka!”
And the glory of YHWH has been revealed, And all flesh have seen [it] together, For the mouth of YHWH has spoken.”
6 Nne bi kae se, “Teɛ mu.” Na mekae se, “Menteɛ mu nka dɛn?” “Nnipa nyinaa te sɛ sare, na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ afuw so nhwiren.
A voice is saying, “Call,” And he said, “What do I call?” All flesh [is] grass, and all its goodness [Is] as a flower of the field:
7 Sare hyew, na nhwiren twintwam efisɛ Awurade ahomegu fa wɔn so. Nokware, nnipa no yɛ sare.
Grass has withered, the flower faded, For the Spirit of YHWH blew on it, Surely the people [is] grass;
8 Sare hyew, na nhwiren twintwam, nanso yɛn Nyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”
Grass has withered, the flower faded, But a word of our God rises forever.
9 Wo a wode asɛm pa reba Sion, foro kɔ bepɔw tenten bi so. Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem, ma wo nne so na teɛ mu, ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow se, “Mo Nyankopɔn ni!”
Get up on a high mountain, O Zion, Proclaiming tidings, Lift up your voice with power, O Jerusalem, proclaiming tidings, Lift up, do not fear, say to cities of Judah, “Behold, your God.”
10 Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba, na nʼabasa bedi hene ama no. Hwɛ, nʼakatua ka ne ho, na ɔde nʼabasobɔde nam.
Behold, Lord YHWH comes with strength, And His arm is ruling for Him, Behold, His hire [is] with Him, and His wage before Him.
11 Ɔhwɛ ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo. Ɔboa nguantenmma no wɔ nʼabasa so oturu wɔn ne koko so; na nguan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.
He feeds His flock as a shepherd, He gathers lambs with His arm, And He carries [them] in His bosom: He leads suckling ones.
12 Hena na wasusuw obon mu nsu wɔ ne nsam anaa ɔde ne nsateaa asusuw ɔsoro? Hena na ɔde asase so mfutuma agu kɛntɛn mu, anaa wakari mmepɔw wɔ nsania so ne nkoko wɔ nsania apampaa so?
Who has measured the waters in the hollow of His hand, And has meted out the heavens by a span, And comprehended the dust of the earth in a measure, And has weighed the mountains in scales, And the hills in a balance?
13 Hena na wate Awurade ase, anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufo?
Who has meted out the Spirit of YHWH, And [being] His counselor, teaches Him?
14 Hena na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase, na hena na ɔkyerɛɛ no ɔkwan pa no? Hena na ɔmaa no nimdeɛ anaa ɔkyerɛɛ no nhumu kwan?
With whom [did] He consult, That he causes Him to understand? And teaches Him in the path of judgment, And teaches Him knowledge? And causes Him to know the way of understanding?
15 Ampa ara aman no te sɛ nsu sope wɔ bokiti mu; wɔde wɔn toto mfutuma a egu nsania so ho; ɔkari nsupɔw te sɛnea ɛyɛ mfutuma muhumuhu.
Behold, nations [are] as a drop from a bucket, And have been reckoned as small dust of the balance, Behold, He takes up islands as a small thing.
16 Lebanon nnɔɔso mma afɔremuka so gya, na ne mmoa renso mma ɔhyew afɔrebɔde.
And Lebanon is not sufficient to burn, Nor its beasts sufficient for a burnt-offering.
17 Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim; obu wɔn adehunu bi a wɔnka hwee.
All the nations [are] as nothing before Him, Less than nothing and emptiness, They have been reckoned to Him.
18 Afei hena ho na wode Onyankopɔn bɛtoto? Nsɛsode bɛn ho na wode no bɛto?
And to whom do you liken God, And what likeness do you compare to Him?
19 Ohoni de, odwumfo na ɔyɛ, na sikadwumfo de sikakɔkɔɔ agu ho na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.
An artisan has poured out the carved image, And a refiner spreads it over with gold, And he is refining chains of silver.
20 Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛde yi mma no kɔhwehwɛ dua a ɛremporɔw. Ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo na wayɛ ohoni a ɛremmunum nhwe fam asi hɔ.
He who is poor [by] raised-offerings, Chooses a tree [that is] not rotten, He seeks a skillful artisan for it, To establish a carved image—not moved.
21 Wunnim ana? Wontee ana? Wɔnnka nkyerɛɛ wo mfii mfiase no ana? Efi bere a wɔbɔɔ asase no, wontee ase ana?
Do you not know—do you not hear? Has it not been declared from the first to you? Have you not understood [From] the foundations of the earth?
22 Ɔte ahengua so wɔ asase dantaban no atifi ɛso nnipa te sɛ tɛwtɛw ɔtwe ɔsoro mu te sɛ bamkyinii, na ɔtrɛw mu sɛ ntamadan tena mu.
He who is sitting on the circle of the earth, And its inhabitants [are] as grasshoppers, He who is stretching out the heavens as a thin thing, And spreads them as a tent to dwell in.
23 Ɔma ahemmea yɛ nnipahunu na wiase yi sodifo nso, ɔbrɛ wɔn ase.
He who is making princes become nothing, Has made judges of earth formless;
24 Wɔtɛw wɔn ara pɛ, woduaa wɔn ara pɛ, wogyee ntin wɔ asase mu pɛ, na wahome agu wɔn so ama wɔakisa, na mframa abɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.
Indeed, they have not been planted, Indeed, they have not been sown, Indeed, their stock is not taking root in the earth, And He has also blown on them, and they wither, And a whirlwind takes them away as stubble.
25 “Hena ho na wode me bɛto? Anaasɛ hena na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ose.
And to whom do you liken Me, And [to whom] I equal? Says the Holy One.
26 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa? Nea oyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, na ɔbɔ obiara din frɛ no. Nʼahoɔden ne ne tumi nti wɔn mu baako mpo nyera.
Lift up your eyes on high, And see—who has created these? He who is bringing out their host by number, He calls to all of them by name, By the abundance of His strength And mighty power, Not one is lacking.
27 Adɛn na wunwiinwii, Yakob, na woka se, Israel, “Mʼakwan ahintaw Awurade; na me Nyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?
Why say, O Jacob, and speak, O Israel, “My way has been hid from YHWH, And from my God my judgment passes over?”
28 Wunnim ana? Wontee ana? Awurade yɛ daapem Nyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw, na ne nhumu nni nhwehwɛmu.
Have you not known? Have you not heard? The God of the age—YHWH, Preparer of the ends of the earth, Is not wearied nor fatigued, There is no searching of His understanding.
29 Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.
He is giving power to the weary, And to those not strong He increases might.
30 Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw, na mmerante hintihintiw hwehwe ase;
Even youths are wearied and fatigued, And young men utterly stumble,
31 Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so benya ahoɔden foforo. Wɔde ntaban sɛ akɔre de betu akɔ wim; wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw. Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.
But those expecting YHWH pass [to] power, They raise up the pinion as eagles, They run and are not fatigued, They go on and do not faint!

< Yesaia 40 >