< Yesaia 39 >

1 Saa bere no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛde kɔmaa Hesekia, efisɛ na wate sɛ wayare ama ne ho atɔ no.
En ce temps-là Mérodach-Baladan, fils de Baladan, Roi de Babylone, envoya des Lettres avec un présent à Ezéchias, parce qu'il avait entendu qu'il avait été malade, et qu'il était guéri.
2 Hesekia gyee asomafo no fɛw so, na afei ɔde nea ɔwɔ wɔ ne adekoradan mu kyerɛɛ wɔn; dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam, ngohuam, nʼakode akorae ne biribiara a ɛka nʼademude ho. Biribiara nni nʼahemfi ne nʼahenni mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.
Et Ezéchias en fut joyeux, et leur montra les cabinets de ses choses précieuses, l'argent, et l'or, et les choses aromatiques, et les onguents précieux, tout son arsenal, et tout ce qui se trouvait dans ses trésors; il n'y eut rien qu'Ezéchias ne leur montrât dans sa maison, et dans toute sa cour.
3 Afei Odiyifo Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kobisaa no se, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kae na he na wofi bae?” Hesekia buae se, “Wofi akyirikyiri asase bi so. Wofi Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.”
Puis le Prophète Esaïe vint vers le roi Ezéchias, et lui dit; qu'ont dit ces hommes-là, et d'où sont-ils venus vers toi? et Ezéchias répondit; ils sont venus vers moi d'un pays éloigné; de Babylone.
4 Odiyifo no bisae se, “Dɛn na wohuu wɔ wʼahemfi hɔ?” Hesekia buae se, “Wohuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfi ha. Biribiara nni mʼademude mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”
Et [Esaïe] dit; qu'ont-ils vu dans ta maison? et Ezéchias répondit; ils ont vu tout ce qui [est] dans ma maison; il n'y a rien eu dans mes trésors que je ne leur aie montré.
5 Afei Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia se, “Tie asɛm a efi Asafo Awurade nkyɛn:
Et Esaïe dit à Ezéchias; écoute la parole de l'Eternel des armées.
6 Nokware, bere bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfi ne agyapade a wʼagyanom akora de abedu nnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sɛɛ na Awurade se.
Voici venir les jours que tout ce qui est dans ta maison, et ce que tes pères ont amassé dans leurs trésors jusqu'à aujourd'hui, sera emporté en Babylone; il n'en demeurera rien de reste; a dit l'Eternel.
7 Wʼankasa wʼasefo bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ piamfo a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfi.”
Même on prendra de tes fils qui sortiront de toi, et que tu auras engendrés, afin qu'ils soient Eunuques au palais du Roi de Babylone.
8 Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia se, “Saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn a woaka akyerɛ me yi yɛ asɛm papa.” Nanso na ɔhene no redwene sɛ, ne bere so de, obenya asomdwoe ne bammɔ.
Et Ezéchias répondit à Esaïe; La parole de l'Eternel que tu as prononcée, est bonne; et il ajouta; Au moins qu'il y ait paix et sûreté en mes jours.

< Yesaia 39 >