< Yesaia 38 >

1 Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.”
En ce temps-là, Ezéchias fut atteint d’une maladie mortelle. Le prophète Isaïe, fils d’Amoç, lui rendit visite et lui dit: "Ainsi parle l’Eternel: Donne tes ordres à ta maison, car tu vas mourir; tu ne te rétabliras pas."
2 Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ Awurade mpae se,
Ezéchias tourna la face vers le mur et implora l’Eternel,
3 “Kae, Awurade, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.
en ces termes: "De grâce, Seigneur, daigne te souvenir que j’ai marché devant toi fidèlement et d’un cœur sincère, et que j’ai fait ce qui te plaît!" Puis il éclata en longs sanglots.
4 Na saa asɛm yi fii Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ se,
L’Eternel s’adressa alors à Isaïe en lui disant:
5 “San kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, wʼagya Dawid Nyankopɔn, ka: Mate wo mpaebɔ no, na mahu wo nisu. Mede mfe dunum bɛka wo nkwanna ho.
"Va, et parle ainsi à Ezéchias: Voici ce que déclare l’Eternel, le Dieu de David, ton père: J’Ai entendu ta prière et vu tes larmes, je prolongerai ta vie de quinze ans.
6 Na megye wo ne kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.
Je te délivrerai ainsi que cette ville de la main du roi d’Assyrie, et j’étendrai ma protection sur cette ville.
7 “‘Na eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade bɛyɛ de adi ho adanse sɛ, obedi ne bɔhyɛ so:
Et ceci est le signe que t’accorde l’Eternel pour te prouver qu’il accomplira la parole qu’il a prononcée:
8 Mɛma owia ano sunsuma atwe akɔ nʼakyi anammɔn du wɔ Ahas antweri so.’” Ɛno nti, owiahyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn du.
je vais faire revenir de dix degrés en arrière l’ombre qui était descendue sur le cadran solaire d’Achaz." Et l’ombre revint de dix degrés en arrière sur le cadran où elle était descendue.
9 Nea Yudahene Hesekia kyerɛw wɔ ne yare ne nʼayaresa akyi ni:
Cantique d’Ezéchias, roi de Juda, composé à l’occasion de sa maladie, maladie dont il guérit:
10 Mekae se, “Mʼasetena mu nnapa yi mu ɛsɛ sɛ mefa owu apon mu na wogye me mfe a aka yi ana?” (Sheol h7585)
Moi, je disais: par suite de la ruine de mes jours, je vais franchir les portes du Cheol; je suis frustré du surplus de mes ans. (Sheol h7585)
11 Mekae se, “Merenhu Awurade Nyankopɔn bio Awurade a ɔwɔ ateasefo asase so. Merenhu adesamma bio, anaa merenka wɔn a wɔte wiase yi ho bio.
Je disais: je ne verrai plus Dieu, mon Dieu, dans le pays des vivants; relégué chez les habitants du néant, je ne poserai plus mon regard sur les humains.
12 Wɔadwiriw me fi agu agye afi me nsam, te sɛ, oguanhwɛfo ntamadan. Matwa me nkwa so sɛnea ɔnwemfo twa me fi asadua so; awia ne anadwo wutwaa me nkwa so.
Ma demeure est déracinée, emportée loin de moi comme une tente de berger; j’ai vu trancher ma vie comme par le tisserand qui m’aurait violemment séparé de la trame: du matin au soir tu m’auras achevé!
13 Mede ntoboase twɛn kosii ahemadakye, nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata; awia ne anadwo wutwaa me nkwa so.
Je tournais mon attente vers le matin, mais, comme un lion, on a brisé tous mes os: du matin au soir tu m’auras achevé!
14 Misuu sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn; mitwaa adwo sɛ, aborɔnoma a ɔredi awerɛhow. Mʼani yɛɛ siamoo bere a mehwɛɛ soro. Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!”
Ainsi qu’une hirondelle plaintive, je gémissais, je roucoulais comme une colombe; mes yeux s’élevaient languissants en haut: Seigneur, je suis accablé, garantis-moi!
15 Na dɛn na metumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ eyi. Mede ahobrɛase bɛnantew mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyeraw yi nti.
Que dirai-je? II a parlé et il a agi: pendant toute mon existence, je marcherai avec humilité au souvenir de l’amertume de mon cœur.
16 Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa na me honhom nso nya nkwa wɔ mu. Wode mʼakwahosan asan ama me nam so ama manya nkwa.
Seigneur, c’est là le devoir de ceux qui vivent, de tous ceux qu’anime comme moi le souffle de vie. Tu m’as rendu force et santé.
17 Yiw, ɛyɛ me yiyeyɛ nti na mekɔɔ saa ahoyeraw yi mu. Wo dɔ nti, wode me siei na mankɔ ɔsɛe amoa mu; na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.
Voici que ma profonde amertume s’est changée en paix; et toi, dans ton amour, tu as préservé mon âme de la fosse de perdition, car tu as jeté derrière toi toutes mes fautes.
18 Ɔda rentumi nkamfo wo; owu rentumi nto wo ayeyi nnwom; wɔn a wosian kɔ amoa mu no rentumi nnya anidaso wɔ wo nokware mu bio. (Sheol h7585)
Aussi bien ce n’est pas le Cheol qui te célèbre, ce n’est pas la mort qui te loue; ceux qui sont descendus dans le sépulcre ne comptent plus sur ta fidélité. (Sheol h7585)
19 Ateasefo nko na wobetumi akamfo wo, sɛnea mereyɛ nnɛ yi; agyanom ka wo nokwaredi ho asɛm kyerɛ wɔn mma.
Le vivant, le vivant, voilà celui qui te loue, comme je le fais aujourd’hui; le père à ses enfants enseigne ta fidélité.
20 Awurade begye me nkwa, na yɛde asanku bɛto nnwom yɛn nkwanna nyinaa wɔ Awurade fi.
Eternel, je te dois mon salut; aussi nous ferons résonner nos lyres, tous les jours de notre vie, auprès de la maison du Seigneur.
21 Na Yesaia kae se, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛtɔ no.”
Isaïe dit: "Qu’on prenne un gâteau de figues, qu’on l’applique sur l’ulcère, et il guérira."
22 Na Hesekia bisae se, “Dɛn nsɛnkyerɛnne na ɛbɛda no adi sɛ, mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”
Ezéchias demanda: "À quel signe reconnaîtrai-je que je pourrai monter dans la maison de Dieu?"

< Yesaia 38 >