< Yesaia 36 >

1 Ɔhene Hesekia adedi mfe dunan so no, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no so dii so.
In the fourteenth year of King Hezekiah, Sennacherib, king of Assyria, came up against all the fortified cities of Judah, and took them.
2 Afei Asiriahene somaa nʼananmusifo fi Lakis a asraafo dɔm kɛse ka ne ho kohyiaa Ɔhene Hesekia wɔ Yerusalem. Bere a ɔsahene begyinaa nsudorobɛn bi a efi Atifi Tare de kɔ Ntamahorofo Atenae hɔ no,
And the king of Assyria sent Rabshakeh from Lachish to Jerusalem, with a great army, against King Hezekiah, and he halted at the aqueduct of the upper pool, in the highway to the fuller's field.
3 Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so; Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kohyiaa no.
Then came forth to him Eliakim, the son of Hilkiah, who was over the palace, and Shebna the scribe, and Josh, the son of Asaph, the annalist.
4 Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Hesekia se, “‘Asɛm a otumfo, Asiriahene ka ni: Dɛn na wode wo ho to so a ɛma wugye wo ho di saa?
And Rabshakeh said to them, Say ye to Hezekiah, Thus saith the great king, the king of Assyria: What a confidence is this which thou cherishest!
5 Woka se wowɔ akodi ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hena na ɔtaa wʼakyi a enti wotew mʼanim atua?
Thou sayest, (but it is vain talk, ) “I have counsel and strength for war.” In whom, then, dost thou trust, that thou rebellest against me?
6 Hwɛ wʼani da Misraim so, demmire a emu abu a ɛte sɛ pema a wutweri a ɛbɛwɔ wo nsa mu apira wo no! Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no nyinaa.
Behold, thou trustest in that broken reed-staff, Egypt, on which if a man lean, it will pierce his hand, and go through it. Such is Pharaoh, king of Egypt, to all that trust in him.
7 Ebia wobɛka se, “Yɛde yɛn ho to Awurade, yɛn Nyankopɔn so!” Ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia atutu nʼabosonnan ne afɔremuka nyinaa, ahyɛ Yudafo sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara so no?
But if ye say to me, “We trust in Jehovah, our God,”—is it not he whose high places and whose altars Hezekiah hath taken away, and commanded Judah and Jerusalem to worship before this altar?
8 “‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Sɛ wubenya apɔnkɔsotefo mpenu, afi wo asraafo mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.
Engage, now, with my master, the king of Assyria! and I will give thee two thousand horses, when thou art able to provide for thyself riders for them.
9 Na wʼasraafo ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso dae, sɛ wubetumi ne me wura asraafo no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛw no mpo adi asi. Minim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mmoa so.
How, then, canst thou resist a single captain, one of the least of the servants of my master? Yet thou trustest in Egypt, on account of her chariots and her horsemen.
10 Bio, wugye di sɛ, maba sɛ merebɛtow ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a Awurade nsa nni mu? Awurade ankasa ka kyerɛɛ me se menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’”
And am I now come up without Jehovah against this land to destroy it? Jehovah hath said to me, “Go up against this land and destroy it!”
11 Na Eliakim, Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔsahene no se, “Yɛsrɛ mo, monka Arameike kasa nkyerɛ mo asomfo, efisɛ, yɛte ase yiye. Monnka Hebri na nnipa a wɔwɔ ɔfasu no so no bɛte ase.”
Then said Eliakim and Shebna and Josh to Rabshakeh: Speak, we beseech thee, to thy servants in the Aramaic language, for we understand it; and speak not to us in the Jewish language, in the hearing of the people that are upon the wall.
12 Na Senaherib nanmusini no buae se, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wobetua kuropɔn yi. Ɔkɔm ne osukɔm werɛmfo bɛde nkurɔfo no ara kosi sɛ, wobedi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
But Rabshakeh said, Hath my master sent me to speak these words to thy master and to thee only, and not to the people who sit upon the wall, to eat their own dung, and to drink their own urine with you?
13 Afei ɔsahene no sɔre gyina kasaa wɔ Hebri mu se, “Muntie saa nkra yi a efi ɔhempɔn, Asiriahene nkyɛn no!
Then Rabshakeh stood and cried with a loud voice in the Jewish language, and said, Hear ye the words of the great king, the king of Assyria.
14 Sɛnea ɔhene no se ni: Mommma Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo!
Thus saith the king: Let not Hezekiah deceive you, for he will not be able to deliver you.
15 Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘Awurade begye yɛn! Wɔremfa saa kurow yi mma Asiriahene’ no mma mo tirim nyɛ mo dɛ.
And let not Hezekiah persuade you to trust in Jehovah, saying, “Jehovah will certainly deliver us. This city shall not be delivered into the hands of the king of Assyria.”
16 “Munntie Hesekia. Nea Asiriahene ka ni: Mo ne me nyɛ asomdwoe nhyehyɛe na mommra me nkyɛn. Na afei, mɛma mo mu biara adi ɔno ankasa bobe ne borɔdɔma na woanom nsu afi ɔno ankasa abura mu,
Hearken not to Hezekiah; for thus saith the king of Assyria: Make peace with me, and come out to me; and ye shall every one eat of his own vine, and every one of his own fig-tree, and ye shall every one drink the waters of his own cistern,
17 kosi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo de yi so, awi ne nsa foforo asase, aduan ne bobe mfuw asase.
until I come, and take you to a land like your own land; a land of corn, and of new wine, a land of bread and of vineyards.
18 “Mommma Hesekia nka se, ‘Awurade begye yɛn,’ mfa nnaadaa mo. Ɔman bi so nyame atumi agye ne man afi Asiriahene nsam pɛn ana?
Be not persuaded by Hezekiah, when he saith, “Jehovah will deliver us.” Have the gods of the nations delivered every one his own land from the hand of the king of Assyria? Where are the gods of Hamath and of Arphad?
19 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Na Sefarwaim anyame no nso wɔ he? Wɔagye Samaria afi me nsam ana?
Where are the gods of Sepharvaim? And did the gods deliver Samaria from my hand?
20 Ɔman bɛn so nyame na watumi agye ne manfo afi me tumi ase? Na afei ɛbɛyɛ dɛn na Awurade betumi agye Yerusalem afi me nsam.”
Who is there among all the gods of these lands, that hath delivered his land out of my hand, that Jehovah should deliver Jerusalem out of my hand?
21 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuae biara, efisɛ na Hesekia aka akyerɛ wɔn se wɔnnkasa.
But the people held their peace, and answered him not a word; for the king's command was, “Answer him not.”
22 Afei Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so, Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntade mu, kɔkaa nea ɔsahene no aka akyerɛ no no.
Then came Eliakim, the son of Hilkiah, that was over the palace, and Shebna the scribe, and Joah, the son of Asaph, the annalist, to Hezekiah, with their clothes rent, and told him the words of Rabshakeh.

< Yesaia 36 >