< Yesaia 35 >

1 Nweatam ne asase a awo no ani begye; sare bedi ahurusi na ayɛ frɔmfrɔm. Te sɛ nhwiren no,
The wilderness and the solitary place shall be glad for them; and the desert shall rejoice, and blossom as the rose.
2 ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛ ebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu, wɔde Lebanon anuonyam bɛma no Karmel ne Saron ahoɔfɛ; wobehu Awurade anuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no.
It shall blossom abundantly, and rejoice even with joy and singing: the glory of Lebanon shall be given to it, the excellency of Carmel and Sharon, they shall see the glory of the LORD, and the excellency of our God.
3 Hyɛ nsa a emu agow no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwow no mu den;
Strengthen you the weak hands, and confirm the feeble knees.
4 Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se, “Monhyɛ mo ho den, na munnsuro; mo Nyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a efi ɔsoro bɛba abegye mo nkwa.”
Say to them that are of a fearful heart, Be strong, fear not: behold, your God will come with vengeance, even God with a recompense; he will come and save you.
5 Ɛno na wobebue anifuraefo ani, na wɔama asotifo aso ate asɛm.
Then the eyes of the blind shall be opened, and the ears of the deaf shall be unstopped.
6 Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu. Nsu betue wɔ sare so, na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so.
Then shall the lame man leap as an hart, and the tongue of the dumb sing: for in the wilderness shall waters break out, and streams in the desert.
7 Nwea a so yɛ hyew no bɛdan ɔtare, na nsuwansuwa atue wɔ asase wosee so. Atu a anka sakraman te mu no, ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi.
And the parched ground shall become a pool, and the thirsty land springs of water: in the habitation of dragons, where each lay, shall be grass with reeds and rushes.
8 Na ɔtempɔn bɛda hɔ; wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan. Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan wɔ so; ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so; amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so.
And an highway shall be there, and a way, and it shall be called The way of holiness; the unclean shall not pass over it; but it shall be for those: the wayfaring men, though fools, shall not err therein.
9 Gyata biara rentena hɔ, na akekaboa biara rensi so; wɔrenhu wɔn wɔ hɔ. Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,
No lion shall be there, nor any ravenous beast shall go up thereon, it shall not be found there; but the redeemed shall walk there:
10 na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba. Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion; anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw. Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso, na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.
And the ransomed of the LORD shall return, and come to Zion with songs and everlasting joy on their heads: they shall obtain joy and gladness, and sorrow and sighing shall flee away.

< Yesaia 35 >