< Yesaia 34 >

1 Muntwiw mmɛn, mo amanaman, na muntie; monyɛ aso, mo ɔmanfo! Momma asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ntie, wiase ne nea efi mu ba nyinaa!
列國啊,要近前來聽! 眾民哪,要側耳而聽! 地和其上所充滿的, 世界和其中一切所出的都應當聽!
2 Awurade bo afuw amanaman nyinaa; nʼabufuwhyew no tia wɔn asraafo nyinaa. Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, ɔbɛma wɔakunkum wɔn.
因為耶和華向萬國發忿恨, 向他們的全軍發烈怒, 將他們滅盡,交出他們受殺戮。
3 Wɔbɛtow wɔn mu atɔfo no agu, wɔn afunu no beyi hua; wɔn mogya afɔw mmepɔw no.
被殺的必然拋棄, 屍首臭氣上騰; 諸山被他們的血融化。
4 Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera na wɔbɛbobɔw ɔsoro te sɛ nhoma mmobɔwee; ɔsoro atumfo bɛhwe ase sɛnea nhaban tew fi bobe so, sɛnea mman a awo pan fi borɔdɔma dua ho.
天上的萬象都要消沒; 天被捲起,好像書卷。 其上的萬象要殘敗, 像葡萄樹的葉子殘敗, 又像無花果樹的葉子殘敗一樣。
5 Mʼafoa anom nea ɛmee no no wɔ ɔsoro; hwɛ, ɛresian de atemmu aba Edom so, wɔn a masɛe wɔn koraa no.
因為我的刀在天上已經喝足; 這刀必臨到以東和我所咒詛的民, 要施行審判。
6 Mogya aguare Awurade afoa ho, wɔde srade asra ho, nguantenmma ne mmirekyi mogya, adwennini asaabo mu srade. Awurade wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosra ne okum kɛse wɔ Edom.
耶和華的刀滿了血, 用脂油和羊羔、公山羊的血, 並公綿羊腰子的脂油滋潤的; 因為耶和華在波斯拉有獻祭的事, 在以東地大行殺戮。
7 Anantwi anuɔdenfo ne wɔn bɛtotɔ, anantwinini nketewa ne akɛse. Mogya afɔw wɔn asase no, na srade ayɛ so dɔte no sɔkyee.
野牛、牛犢,和公牛要一同下來。 他們的地喝醉了血; 他們的塵土因脂油肥潤。
8 Na Awurade wɔ aweretɔ da ananmuhyɛ afe, a obedi ama Sion.
因耶和華有報仇之日, 為錫安的爭辯有報應之年。
9 Edom nsuwansuwa bɛdan agodibea, ne dɔte bɛdan sufre a ɛdɛw nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛw!
以東的河水要變為石油, 塵埃要變為硫磺; 地土成為燒着的石油,
10 Ɛrennum awia anaa anadwo; ne wusiw befi a ɛto rentwa da. Ɛbɛda mpan fi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso; obiara remfa ho bio koraa.
晝夜總不熄滅, 煙氣永遠上騰, 必世世代代成為荒廢, 永永遠遠無人經過。
11 Nweatam so patu ne ɔbonsamnoma begye hɔ afa; patu ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ. Onyankopɔn bɛtwe wɔ Edom so basabasayɛ susuhama ne amamfoyɛ kirebennyɛ susudua.
鵜鶘、箭豬卻要得為業; 貓頭鷹、烏鴉要住在其間。 耶和華必將空虛的準繩, 混沌的線鉈,拉在其上。
12 Nʼatitiriw rennya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahenni, nʼahenemma mmarima nyinaa betu ayera.
以東人要召貴冑來治國; 那裏卻無一個, 首領也都歸於無有。
13 Nsɔe begye nʼabankɛse afa, nsansono ne nsɔe befuw wɔ nʼabankɛse hɔ. Hɔ bɛyɛ adompo atu, ne mpatu tenabea.
以東的宮殿要長荊棘; 保障要長蒺藜和刺草; 要作野狗的住處, 鴕鳥的居所。
14 Nweatam so mmoa ne mpataku behyia adi afra, mmirekyi anuɔdenfo besu akyerɛ wɔn ho wɔn ho; hɔ na anadwommoa bɛdeda na wɔde ayɛ wɔn homebea.
曠野的走獸要和豺狼相遇; 野山羊要與伴偶對叫。 夜間的怪物必在那裏棲身, 自找安歇之處。
15 Ɛhɔ na patu bɛyɛ ne berebuw, na watow ne nkesua. Obesow ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so; ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano, obiara ne nea ɔka ne ho.
箭蛇要在那裏做窩, 下蛋,菢蛋,生子, 聚子在其影下; 鷂鷹各與伴偶聚集在那裏。
16 Hwɛ Awurade nhoma mmobɔwee no mu, na kenkan: Eyinom mu biara renyera, obiara benya nea ɔka ne ho. Efisɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no fi, na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.
你們要查考宣讀耶和華的書。 這都無一缺少, 無一沒有伴偶; 因為我的口已經吩咐, 他的靈將牠們聚集。
17 Ɔde wɔn kyɛfa ma wɔn; ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ. Wɔbɛfa no sɛ wɔn de afebɔɔ na wofi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso atena hɔ.
他也為牠們拈鬮, 又親手用準繩給牠們分地; 牠們必永得為業, 世世代代住在其間。

< Yesaia 34 >