< Yesaia 33 >

1 Due, ɔdesɛefo, wo a wɔnsɛee wo! Due, ɔfatwafo, wo a wonnii wo huammɔ! sɛ wugyae adesɛe a, wɔbɛsɛe wo; sɛ wuwie huammɔdi a, wobedi wo huammɔ.
Woe to thee, thou spoiler, who hast not been spoiled! Thou plunderer, who hast not been plundered! When thou hast ceased to spoil, thou shalt be spoiled; When thou hast finished plundering, they shall plunder thee.
2 Ao Awurade, hu yɛn mmɔbɔ; yɛn ani da wo so. Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara, ne yɛn nkwagye wɔ ahohia mu.
O Jehovah, have mercy upon us! in thee do we trust; Be thou our strength every morning, Our salvation in the time of trouble.
3 Aman no te wo nne mmubomu a, woguan; sɛ woma wo ho so a amanaman no bɔ ahwete.
At the voice of thy thunder the people flee; When thou dost arise, the nations are scattered.
4 Wɔtase mo asade, Ao amanaman, sɛnea mmoadabimma yɛ; nnipa tow hyɛ so te sɛ mmoadabi dɔm.
Your spoil shall be gathered, as the locust gathereth; As the locust runneth, so shall they run upon it.
5 Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro; ɔde trenee ne adetreneeyɛ bɛhyɛ Sion ma.
Jehovah is exalted; Yea, he dwelleth on high; He filleth Zion with justice and righteousness.
6 Ɔbɛyɛ fapem a atim yiye wɔ mo mmere so, nkwagye, nyansa ne nhumu mmoroso akorae; Awurade suro ne ademude yi akorae ano safe.
There shall be security in thy times; Wisdom and knowledge shall be thy store of prosperity, And the fear of Jehovah, this shall be thy treasure!
7 Monhwɛ, wɔn mmarima akokodurufo su teɛteɛɛ mu wɔ mmɔnten so; asomdwoe ho abɔfo su yayaayaw.
Behold, the mighty men cry without: The ambassadors of peace weep bitterly.
8 Atempɔn no so da hɔ kwa, akwantufo biara nni akwan no so. Wɔabu apam no so, wobu nʼadansefo animtiaa wommu obiara.
The highways are desolate; The traveller ceaseth; He breaketh the covenant; he despiseth the cities; Of men he maketh no account.
9 Asase no wo kesee na ɛsɛe, Lebanon agyigya na nʼanim agu ase; Saron ayɛ sɛ Araba, Basan ne Karmel porow wɔn nhaban.
The land mourneth and languisheth; Lebanon is put to shame, and withered away; Sharon is like a desert, And Bashan and Carmel are stripped of their leaves.
10 “Afei na mɛsɔre,” sɛɛ na Awurade se. “Afei na wɔbɛpagyaw me ɛ; afei na wɔbɛma me so.
Now will I arise, saith Jehovah, Now will I exalt myself, Now will I lift myself up.
11 Munyinsɛn ntɛtɛ, na mowo sare; mo home yɛ ogya a ɛhyew mo.
Ye shall conceive chaff, and bring forth stubble; Your own wrath is the fire which shall devour you.
12 Wɔbɛhyew aman no ama wɔatɔ nso; wɔbɛto wɔn mu gya te sɛ nsɔe a wɔatwa.”
The nations shall be burnt into lime; Like thorns cut down, they shall be consumed with fire.
13 Mo a mowɔ akyirikyiri no, muntie nea mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!
Hear, ye that are far off, what I have done; Mark, ye that are near, my power!
14 Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ Sion abɔ huboa; ahopopo aka wɔn a wonnim Onyame: “Yɛn mu hena na obetumi ne ogya a ɛhyew ade atena? Yɛn mu hena na obetumi ne daa ogyatannaa atena?”
The sinners in Zion are struck with dread; Terror hath seized upon the unrighteous: “Who among us can dwell in devouring fire? Who among us can dwell in everlasting flames?”
15 Nea ɔnantew trenee mu na odi nokware nea ɔpo mfaso a asisi de ba na onnye adanmude, nea ontie awudi ho pɔwbɔ nea ɔmpɛ sɛ ohu bɔneyɛ ho agyinatu,
He that walketh in righteousness, And speaketh that which is right, That despiseth the gain of oppression, And shaketh his hands from bribery, That stoppeth his ears, so as not to hear of blood, And shutteth his eyes, so as not to behold iniquity.
16 saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ, ne guankɔbea bɛyɛ bepɔw aban no. Wɔde nʼaduan bɛma no na ne nsu remmɔ no.
He shall dwell on high; The strongholds of rocks shall be his defence; His bread shall be given him; His water shall not fail.
17 Mo ani behu ɔhene no wɔ nʼanuonyam mu na ahwɛ asase a ɛtrɛw kɔ akyirikyiri no.
Thine eyes shall see the king in his glory They shall survey a wide-extended land.
18 Mo adwennwen mu, mobɛbooboo nea na ohunahuna mo no ho: “Odwumayɛni panyin no wɔ he? Nea na ogyigye tow no wɔ he? Nea na ɔhwɛ abantenten so no wɔ he?”
Thy heart shall meditate on the past terror: “Where now is the scribe? Where the weigher of tribute? Where he that numbered the towers?”
19 Morenhu saa ahantanfo no bio, wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ, na monte nea wɔka no ase no.
Thou shalt see no more a fierce people, A people of a dark language, which thou couldst not hear, And of a barbarous tongue, which thou couldst not understand;
20 Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani behu Yerusalem, asomdwoe tenabea, ntamadan a wontutu; wɔrentutu ne nnyinaso da, na wɔrentetew ne ntampehama mu nso.
Thou shalt see Zion, the city of our solemn feasts; Thine eyes shall behold Jerusalem, as a quiet habitation. A tent that shall never be moved, Whose stakes shall never be taken away, And whose cords shall never be broken.
21 Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Tumfo. Ɛbɛyɛ sɛ faako a nsu akɛse ne nsuwansuwa wɔ. Akorow a wɔhare remfa so ahyɛn akɛse rennantew so.
For there the glorious Jehovah will be to us Instead of rivers and broad streams, Which no oared galley shall pass, And no gallant ship go through.
22 Na Awurade ne yɛn temmufo, Awurade ne yɛn mmarahyɛfo, Awurade ne yɛn hene; na ɔno na obegye yɛn nkwa.
For Jehovah is our judge; Jehovah is our lawgiver; Jehovah is our king; it is he that will save us.
23 Wo ntampehama mu agow enti hyɛn dua no nni nnyinaso, na wɔntrɛw hyɛn so ntama no mu. Afei wɔbɛkyɛ asade bebree no mu na mpakye mpo bɛsoa asade akɔ.
Thy ropes hang loose; They cannot hold the mast-socket, Nor can they spread the sail. Then shall a great spoil be divided; Even the lame shall take the prey.
24 Obiara nni Sion a ɔbɛka se, “Meyare;” na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.
No inhabitant shall say, I am sick; The people that dwell therein shall be forgiven their iniquity.

< Yesaia 33 >