< Yesaia 32 >
1 Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee mu na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so.
Behold, a king shall reign in righteousness, and as for princes, they shall rule in justice.
2 Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabea ne ahum mu guankɔbea, ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam so ne ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so.
And a man shall be as in a hiding-place from the wind, and a covert from the tempest; as by the watercourses in a dry place, as in the shadow of a great rock in a weary land.
3 Wɔn a wohu no ani renkata bio, na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.
And the eyes of them that see shall not be closed, and the ears of them that hear shall attend.
4 Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase, wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada hɔ.
The heart also of the rash shall understand knowledge, and the tongue of the stammerers shall be ready to speak plainly.
5 Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo bio na wɔremfa nidi mma apapahwekwa.
The vile person shall be no more called liberal, nor the churl said to be noble.
6 Ɔkwasea ka nkwaseasɛm na osusuw bɔne ho: ɔyɛ anyame apɛde ɔka Awurade ho nsɛm a enye; ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan ɔde nsu kame nea osukɔm de no.
For the vile person will speak villainy, and his heart will work iniquity, to practise ungodliness, and to utter wickedness against the LORD, to make empty the soul of the hungry, and to cause the drink of the thirsty to fail.
7 Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ, ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe de atoro sɛe ohiani, wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo.
The instruments also of the churl are evil; he deviseth wicked devices to destroy the poor with lying words, and the needy when he speaketh right.
8 Nanso onuonyamfo yɛ nhyehyɛe a ɛho wɔ nyam na nneyɛe pa no nti ɔda nsow.
But the liberal deviseth liberal things; and by liberal things shall he stand.
9 Mo mmea a mugye mo ho di, monsɔre na muntie me; mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔ monyɛ aso mma nea mewɔ ka!
Rise up, ye women that are at ease, and hear my voice; ye confident daughters, give ear unto my speech.
10 Afe akyi nna kakra bi no mo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo; bobe twabere no bedi mo huammɔ, nnuaba no twabere nso remma.
After a year and days shall ye be troubled, ye confident women; for the vintage shall fail, the ingathering shall not come.
11 Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di mommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ! Mompa mo ho ntama na momfa atweaatam mmɔ mo asen.
Tremble, ye women that are at ease; be troubled, ye confident ones; strip you, and make you bare, and gird sackcloth upon your loins,
12 Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛ ne bobe a ɛso no nti,
Smiting upon the breasts for the pleasant fields, for the fruitful vine;
13 ne me nkurɔfo asase, asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa. Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mu ne saa ahosɛpɛw kuropɔn yi.
For the land of my people whereon thorns and briers come up; yea, for all the houses of joy and the joyous city.
14 Wobegyaw aban no hɔ, na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ, nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea,
For the palace shall be forsaken; the city with its stir shall be deserted; the mound and the tower shall be for dens for ever, a joy of wild asses, a pasture of flocks;
15 kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so, na nweatam bɛdan asasebere na asasebere ayɛ sɛ kwae.
Until the spirit be poured upon us from on high, and the wilderness become a fruitful field, and the fruitful field be counted for a forest.
16 Trenee bɛtena nweatam so na adetreneeyɛ atena asasebere so.
Then justice shall dwell in the wilderness, and righteousness shall abide in the fruitful field.
17 Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba; nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei.
And the work of righteousness shall be peace; and the effect of righteousness quietness and confidence for ever.
18 Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe wɔ afi a wɔabɔ ho ban homebea a ɔhaw biara nni hɔ.
And my people shall abide in a peaceable habitation, and in secure dwellings, and in quiet resting-places.
19 Mpo sɛ mparuwbo sɛe kwae no na kuropɔn no sɛe koraa a,
And it shall hail, in the downfall of the forest; but the city shall descend into the valley.
20 wobehyira wo, wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho, na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.
Happy are ye that sow beside all waters, that send forth freely the feet of the ox and the ass.