< Yesaia 3 >

1 Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebegyae nea ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduan ne nsu a ɔde ma wɔn nyinaa.
Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebɛgyae deɛ ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduane ne nsuo a ɔde ma wɔn nyinaa.
2 Dɔmmarima ne akofo, otemmufo ne odiyifo, nkɔmhyɛni ne ɔpanyin,
Nnɔmmarima ne akofoɔ, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ, nkɔmhyɛni ne ɔpanin,
3 aduonum so panyin ne nea ɔwɔ dibea, ɔfotufo, odwumfo nyansafo ne nkaberekyerefo onifirifo.
aduonum so panin ne deɛ ɔwɔ diberɛ, ɔfotufoɔ, odwumfoɔ nyansafoɔ ne nkaberɛkyerefoɔ oniferefoɔ.
4 “Mede mmerantewa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanyimfo; na mmofra adi wɔn so.”
“Mede mmerantewaa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanimfoɔ; na mmɔfra adi wɔn so.”
5 Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, ɔbarima betia ɔbarima, ɔyɔnko betia ne yɔnko. Mmabun bɛsɔre atia wɔn mpanyimfo, apapahwekwa betia onuonyamfo.
Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, ɔbarima bɛtia ɔbarima, ɔyɔnko bɛtia ne yɔnko. Mmabunu bɛsɔre atia wɔn mpanimfoɔ, apapahwekwaa bɛtia onimuonyamfoɔ.
6 Ɔbarima beso ne nuanom mu baako mu wɔ nʼagya fi aka se, “Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn dikanfo; wɔ kurow a adan mmubui siw yi so.”
Ɔbarima bɛsɔ ne nuanom baako mu wɔ nʼagya efie aka sɛ, “Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn dikanfoɔ; wɔ kuro a adane mmubuiɛ sie yi so.”
7 Nanso da no ɔbɛteɛ mu se, “Minni nea mede bɛyɛ. Minni aduan anaa ntama wɔ me fi; mfa me nyɛ nnipa no so kannifo.”
Nanso, ɛda no ɔbɛteam sɛ, “Menni deɛ mede bɛyɛ. Menni aduane anaa ntoma wɔ me fie; mfa me nyɛ nnipa no so dikanfoɔ.”
8 Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛe tia Awurade. Wommu nʼanuonyam a ɛwɔ wɔn mu no.
Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛeɛ tia Awurade. Wɔmmu nʼanimuonyam a ɛwɔ wɔn mu.
9 Sɛnea wɔn anim te no di adanse tia wɔn; wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom; wɔmmfa nsie. Nnome nka wɔn! Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.
Sɛdeɛ wɔn anim teɛ no di adanseɛ tia wɔn; wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom; wɔmmfa nsie. Nnome nka wɔn! Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.
10 Ka kyerɛ atreneefo se ebesi wɔn yiye, efisɛ wobedi wɔn nneyɛe so aba.
Ka kyerɛ teneneefoɔ sɛ ɛbɛsi wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔbɛdi wɔn nneyɛeɛ so aba.
11 Nnome nka amumɔyɛfo! Amanehunu wɔ wɔn so! Wobetua wɔn nea wɔn nsa ayɛ no so ka.
Nnome nka amumuyɛfoɔ! Amanehunu wɔ wɔn so! Wɔbɛtua wɔn so ka wɔ deɛ wɔn nsa ayɛ no ho.
12 Mmabun hyɛ me nkurɔfo so, mmea di wɔn so. Me nkurɔfo, mo akwankyerɛfo ma moyera; wɔma moman fi ɔtempɔn no so.
Mmabunu hyɛ me nkurɔfoɔ so, mmaa di wɔn so. Ao me nkurɔfoɔ, mo akwankyerɛfoɔ ma mo yera; wɔma mo mane firi kwantempɔn no so.
13 Awurade tena ase wɔ nʼasennii. Ɔma ne mu so bu nkurɔfo no atɛn.
Awurade tena ase wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔma ne mu so bu nkurɔfoɔ no atɛn.
14 Awurade bu atɛn de tia ne nkurɔfo mpanyimfo ne akannifo se, “Mo na moasɛe me bobeturo; apoobɔde a efi ahiafo nkyɛn wɔ mo afi mu.
Awurade bu atɛn de tia ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ ne akannifoɔ sɛ, “Mo na moasɛe me bobe turo; apoobɔdeɛ a ɛfiri ahiafoɔ nkyɛn wɔ mo afie mu.
15 Ase ne dɛn nti na modwerɛw me nkurɔfo na mode ahiafo anim twitwiw fam?” Sɛnea Asafo Awurade se ni.
Aseɛ ne sɛn enti na modwɛre me nkurɔfoɔ na mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
16 Awurade kasa se, “Sion mmabea yɛ ahantan; wɔnantew toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wotutu wɔn anammɔn ntiantia, na wɔn anan ase nkaa gyigye.
Awurade kasa sɛ, “Sion mmammaa yɛ ahantan; wɔnante toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa, na wɔn nan ase nkawa gyegye.
17 Enti Awurade bɛma tikuru abegu Sion mmea ti ho. Awurade bɛma wɔn ti so apa.”
Enti Awurade bɛma tikuro abɛgu Sion mmaa tiri ho. Awurade bɛma wɔn tiri so apa.”
18 Da no Awurade beyiyi wɔn afɛfɛde: nkaa, ntamabamma ne kɔnmuade,
Ɛda no Awurade bɛyiyi wɔn afɛfɛdeɛ: nkawa, ntomaban ne kɔnmuadeɛ,
19 asokaa, nkapo ne nkataanim,
nsomuadeɛ, nkapo ne nkatanimu,
20 Wɔn mmotiri, anan ase ntweaban, nkyekyeremu, nnuhuam ntoa ne nkabere,
Wɔn mmɔtire, ananse ntweaban, abɔwomu, nnuhwam ntoa ne nkaberɛ,
21 nsɔwano mpɛtea ne hwenem nkaa,
ntimsoɔ mpɛtea ne hwenemu nkawa,
22 ntade atenten pa, nguguso tiaa a enni nsa, ntade yuu ne sika nkotoku;
ntadetenten pa, ngugusoɔ tiawa a ɛnni nsa, ntadeɛ yuu ne sika nkotokuo;
23 nhwehwɛ, sirikyi ntade, tinwi so nkaa ne mmati so nguguso.
nhwehwɛ, serekye ntadeɛ, tirinwi so nkawa ne abatiri so ngugusoɔ.
24 Nkabɔne besi nea ɛyɛ huam anan mu; ntampehama besi nkatakɔnmu anan mu; ti a ɛso apa besi tinwi a wɔasiesie anan mu; atweaatam besi ntama pa anan mu; honam ani atwaatwa besi ahoɔfɛ anan mu.
Nkabɔne bɛsi deɛ ɛyɛ hwam anan mu; ntampehoma bɛsi nkatakɔnmu anan mu; tire a ɛso apa bɛsi tirinwi a wɔasiesie anan mu; ayitoma bɛsi ntoma pa anan mu; honam ani atwaatwa bɛsi ahoɔfɛ anan mu.
25 Wo mmarima bɛtotɔ afoa ano, wʼakofo wɔ ɔko mu.
Wo mmarima bɛtotɔ akofena ano, wʼakofoɔ bɛtotɔ wɔ ɔko mu.
26 Sion apon betwa adwo, adi awerɛhow; onnibi, ɔbɛtena fam.
Sion apono bɛtwa adwo, adi awerɛhoɔ; na deɛ ɔnnibie bɛtena fam asu.

< Yesaia 3 >