< Yesaia 28 >

1 Nnome nka nhwiren abotiri a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam, a ɛda asasebere bon so. Nnome nka kuropɔn no, nea nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.
Běda koruně pýchy, ožralcům Efraimským, květu nestálému v kráse a slávě své, těm, kteříž jsou při vrchu údolí velmi úrodného, a ztupeným od vína.
2 Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden. Ɔte sɛ mparuwbo ne mframa a ɛsɛe ade ɔte sɛ osu a ɛne mframa nam, ne osuhweam a ɛhyɛ suka ma ɔbɛtow no ahwe fam ahoɔden so.
Aj, silný a mocný Páně jako příval s krupobitím, jako povětří vyvracející, jako povodeň vod prudkých a rozvodnilých prudce až k zemi porazí.
3 Saa nhwiren abotiri no a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no, wobetiatia so.
Nohami pošlapána bude koruna pýchy, ožralci Efraimští.
4 Saa nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam, a ɛda asasebere bon so no, bɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwabere adu, sɛ obi hu na ɔte a odi no ntɛm so.
Tehdáž stane se, že květ ten nestálý v kráse a slávě své těch, kteříž jsou při vrchu údolí velmi úrodného, bude jako ranní ovoce, prvé než léto bývá; kteréž vida někdo, nepustil by ho z ruky, až by je snědl.
5 Saa da no Asafo Awurade bɛyɛ Anuonyam ahenkyɛw, nhwiren abotiri fɛfɛ ama ne nkurɔfo nkae no.
V ten den bude Hospodin zástupů korunou ozdoby, a korunou okrasy ostatkům lidu svého,
6 Ɔbɛyɛ atɛntrenee honhom ama otemmufo a ɔte agua mu. Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae ama wɔn a wɔpam atamfo wɔ nkurow apon ano.
A duchem soudu sedícímu na soudu, a silou těm, kteříž zapuzují válku až k bráně.
7 Na eyinom nso nsa ma wɔtɔ ntintan na bobesa ma wohinhim; bobesa ma asɔfo ne adiyifo tɔ ntintan na nsa ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ; na wohinhim wɔtɔ ntintan bere a wɔrenya anisoadehu, na wɔn ano fomfom wɔ adwenkyerɛ mu.
Ale i ti od vína bloudí, a od opojného nápoje se potácejí. Kníže i prorok bloudí, přeplňujíce se nápojem opojným, pohlceni jsou od vína, potácejí se od nápoje opojného, bloudí u vidění, chybují v soudu.
8 Ɔfe agugu apon nyinaa so, na baabiara ayɛ fi.
Nebo všickni stolové plní jsou vývratků a lejn, tak že žádného místa čistého není.
9 “Hena na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ no? Na hena nso na ɔrekyerɛ nʼasɛm ase akyerɛ no? Mmofra a wɔatwa wɔn nufu, wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe no ana?
Kohož by vyučoval umění? A komu by posloužil, aby vyrozuměl naučení? Zdali ostaveným od mléka, odtrženým od prsí?
10 Na ɛyɛ: Yɛ eyi, anaa eyi mmara foforo akyi mmara; ɛha kakra, ɛhɔ kakra.”
Poněvadž měli naučení za naučením, naučení za naučením, správu za správou, správu za správou, trošku odtud, trošku od onud.
11 Eye, na afei ananafo ano ne kasa foforo na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfo yi,
A však jako by neznámou řečí a cizím jazykem mluvil lidu tomuto,
12 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ha ne ahomegyebea no, momma abrɛfo no nhome; ahodwobea nso ni,” nanso wɔantie no.
Kdyžto jim řekl: Totoť jest odpočinutí, způsobte odpočinutí ustalému, toť jest, pravím, odpočinutí. Ale nechtěli slyšeti.
13 Enti afei wɔbɛfa Awurade asɛm a ɔde ma wɔn no sɛ: Yɛ eyi anaa eyi, mmara foforo akyi mmara; ha kakra, hɔ kakra, sɛnea wɔrekɔ no ɛbɛma wɔapini wɔn akyi; wobepirapira, na wɔatɔ afiri mu, na wɔakyere wɔn.
I bude jim slovo Hospodinovo naučení za naučením, naučení za naučením, správa za správou, správa za správou, troška odtud, troška od onud; k tomu aby šli a padajíce nazpět, setříni byli, a zapleteni jsouce, aby polapeni byli.
14 Ɛno nti, muntie Awurade asɛm, mo fɛwdifo a mudi saa nkurɔfo yi so wɔ Yerusalem.
Protož slyšte slovo Hospodinovo, muži posměvači, panující nad lidem tímto, kterýž jest v Jeruzalémě:
15 Mohoahoa mo ho se, “Yɛne owu ayɛ apam, yɛne ɔda ayɛ nhyehyɛe sɛ asotwe a ano yɛ den ba a, ɛrentumi nka yɛn, efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea ne nnaadaa ayɛ yɛn hintabea.” (Sheol h7585)
Proto že říkáte: Učinili jsme smlouvu s smrtí, a s peklem máme srozumění, pomsta rozvodnilá, ač přecházeti bude, nepřijde na nás, jakžkoli jsme položili svod za útočiště své, a pod falší jsme se ukryli: (Sheol h7585)
16 Enti nea Otumfo Awurade se ni, “Hwɛ! Mede ɔbo bi retim Sion, ɔbo a wɔasɔ ahwɛ, tweatibo a ɛsom bo ama fapem a ɛyɛ den; nea ɔde ne ho to so no remmɔ hu.
Z té příčiny takto praví Panovník Hospodin: Aj, já zakládám na Sionu kámen, kámen zkušený, úhelný drahý, základ pevný; kdo věří, nebudeť kvapiti.
17 Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama na treneeyɛ ayɛ ɔfasu kirebennyɛ susuhama mparuwbo bɛsɛe wo guankɔbea a ɛyɛ atoro no, na nsu abɛkata wo hintabea hɔ.
A vykonám soud podlé pravidla, a spravedlnost podlé závaží, i zamete to omylné útočiště krupobití, a skrýši povodeň zatopí.
18 Wobetwa apam a wo ne owu ayɛ no mu; nhyehyɛe a wo ne ɔda ayɛ no nso rennyina sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a, ebetwiw afa mo so. (Sheol h7585)
A tak zrušena bude smlouva vašes smrtí, a srozumění vaše s peklem neostojí; a když přecházeti bude pomsta rozvodnilá, budete od ní pošlapáni. (Sheol h7585)
19 Mpɛn dodow biara a ɛbɛba no ɛbɛsoa mo akɔ; anɔpa, awia ne anadwo biara, ɛbɛfa mu akɔ.” Saa nkra yi ntease de ehu bɛba.
Jakž jen počne přecházeti, zachvátí vás; každého zajisté jitra přecházeti bude, ve dne i v noci. I stane se, že sám strach tomu, což jste slýchali, k srozumění poslouží,
20 Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔteɛ wɔn mu wɔ so, kuntu no yɛ hiahiaa sɛ ɛbɛso wɔn ho kata.
Zvlášť když bude tak krátké lůže, že se nebude lze stáhnouti, a přikrýti úzké, by se i skrčil.
21 Awurade bɛsɔre sɛnea ɔsɔree wɔ Perasim bepɔw so no, ɔbɛkanyan ne ho sɛnea ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bon mu, yɛɛ nʼadwuma, nʼadwuma nwonwaso no dii ne dwuma, dwumadi a bi mmaa da.
Nebo jako na hoře Perazim povstane Hospodin, jako v údolí Gabaon hněvati se bude, aby dělal dílo své, neobyčejné dílo své, aby vykonal skutek svůj, neobyčejný skutek svůj.
22 Afei gyae wo fɛwdi no, anyɛ saa a wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru; Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me ɔsɛe ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.
A protož nebuďtež již posměvači, aby se nezadrhla osídla vaše; nebo o zkažení, a to jistém, vší země slyšel jsem ode Pána, Hospodina zástupů.
23 Muntie na monte me nne; monwɛn mo aso na muntie nea meka.
Nastavte uší, a slyšte hlas můj; pozorujte, a poslechněte řeči mé.
24 Sɛ okuafo funtum asase sɛ ɔrebedua so a, ɔyɛ no daa ana? Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no ana?
Zdaliž každého dne oře oráč, aby sel, prohání brázdy, a vláčí rolí svou?
25 Sɛ osiesie asase no ani a, onnua ɛme, na ɔmpete ntɛtɛ wɔ so ana? Onnua awi ne atoko mu biara wɔ nʼafa ana?
Zdali když srovná svrchek její, nerozsívá viky, a nerozmítá kmínu a neseje pšenice přední a ječmene výborného, i špaldy v místě příhodném?
26 Ne Nyankopɔn ma no akwankyerɛ na ɔkyerɛ no ɔkwan pa.
Nebo učí jej rozšafnosti, Bůh jeho vyučuje jej.
27 Wɔmfa asae mpo ɛme ho, wɔmfa teaseɛnam hankare mfa ntɛtɛ so; wɔde pema na ɛboro ɛme, na wɔde abaa aboro ntɛtɛ.
Nebýváť pak okovaným smykem mlácena vika, aniž kolem vozním po kmínu se vůkol jezdí; nebo holí vytlouká se vika, a kmín prutem.
28 Wɔyam aburow de to brodo nti obi nkɔ so nyam a onnwie da. Ɛwɔ mu, ɔde nʼawiporowee teaseɛnam hankare fa so de, nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.
Pšenice mlácena bývá; však i té ne vždycky mlátiti bude, aniž ji potře kolem vozu svého, ani o zuby jeho rozdrobí.
29 Eyinom nyinaa fi Asafo Awurade, afotu mu nwonwani, na ne nyansa boro so.
I to od Hospodina zástupu vyšlo, kterýž jest divný v radě, a veleslavný v skutku.

< Yesaia 28 >