< Yesaia 25 >

1 Awurade, wo ne me Nyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, efisɛ wufi nokwaredi mu, ayɛ anwonwade bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ fi teteete.
여호와여, 주는 나의 하나님이시라 내가 주를 높이고 주의 이름을 찬송하오리니 주는 기사를 옛적의 정하신 뜻대로 성실함과 진실함으로 행하셨음이라
2 Woayɛ kuropɔn no nnwiriwii siw, kurow no a ɛwɔ bammɔ no asɛe; ananafo abandennen no nyɛ kuropɔn bio; na wɔrensi bio.
주께서 성읍으로 무더기를 이루시며 견고한 성읍으로 황무케 하시며 외인의 궁정으로 성읍이 되지 못하게 하사 영영히 건설되지 못하게 하셨으므로
3 Enti aman a wɔyɛ den bedi wo ni atutuwpɛfo aman bɛhyɛ wo anuonyam.
강한 민족이 주를 영화롭게 하며 포학한 나라들의 성읍이 주를 경외하리이다
4 Woayɛ ahiafo guankɔbea, ohiani mmɔborɔni guankɔbea, ahum ano ahintawee ɔhyew mu nwini na atirimɔdenfo home te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu
주는 포학자의 기세가 성벽을 충돌하는 폭풍과 같을 때에 빈궁한 자의 보장이시며 환난 당한 빈핍한 자의 보장이시며 폭풍 중에 피난처시며 폭양을 피하는 그늘이 되셨사오니
5 ne ɔhyew a ɛwɔ nweatam so. Wobrɛ ananafo huuyɛ ase; sɛnea omununkum brɛ owia hyew ano ase no, saa ara na atirimɔdenfo nnwom nso begyae.
마른 땅에 폭양을 제함 같이 주께서 외인의 훤화를 그치게 하시며 폭양을 구름으로 가리움같이 포학한 자의 노래를 낮추시리이다
6 Asafo Awurade bɛto pon wɔ saa bepɔw yi so obesiesie nnuan pa ne nsa a adi nna; nam pa ne nsa pa ama nnipa nyinaa.
만군의 여호와께서 이 산에서 만민을 위하여 기름진 것과 오래 저장하였던 포도주로 연회를 베푸시리니 곧 골수가 가득한 기름진 것과 오래 저장하였던 맑은 포도주로 하실 것이며
7 Wɔ bepɔw yi so, ɔbɛsɛe ntama a ɛkata nnipa nyinaa ho ne nkataso a ɛkata aman nyinaa so no;
또 이 산에서 모든 민족의 그 가리워진 면박과 열방의 그 덮인 휘장을 제하시며
8 Ɔbɛmene owu afebɔɔ. Asafo Awurade bɛpepa ani so nusu nyinaa. Obeyi ne nkurɔfo ahohora, afi nsase nyinaa so. Awurade, na waka.
사망을 영원히 멸하실 것이라 주 여호와께서 모든 얼굴에서 눈물을 씻기시며 그 백성의 수치를 온 천하에서 제하시리라 여호와께서 이같이 말씀하셨느니라
9 Saa da no, wɔbɛka se, “Ampa ara yɛn Nyankopɔn ni; yɛde yɛn ho too no so na ogyee yɛn; Awurade no ni, yegyee no dii; momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagye no mu.”
그 날에 말하기를 이는 우리의 하나님이시라 우리가 그를 기다렸으니 그가 우리를 구원하시리로다 이는 여호와시라 우리가 그를 기다렸으니 우리는 그 구원을 기뻐하며 즐거워하리라 할 것이며
10 Awurade nsa bɛda saa bepɔw yi so; nanso obetiatia Moab so te sɛ sare a wotiatia so de fra sumina.
여호와의 손이 이 산에 나타나시리니 모압이 거름물 속의 초개의 밟힘 같이 자기 처소에서 밟힐 것인즉
11 Wɔbɛtrɛtrɛw wɔn nsa mu wɔ so, sɛnea asuguarefo trɛtrɛw wɔn nsa mu de guare. Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomaso ase a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadi ho.
그가 헤엄치는 자의 헤엄치려고 손을 폄 같이 그 속에서 그 손을 펼 것이나 여호와께서 그 교만과 그 손의 교활을 누르실 것이라
12 Obebubu mo bammɔ afasu atenten no agu, obebubu agu fam ama ayɛ mfutuma.
너의 성벽의 높은 보장을 헐어 땅에 내리시되 진토에 미치게 하시리라

< Yesaia 25 >