< Yesaia 24 >

1 Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan na wasɛe no; ɔbɛsɛe asase ani na wabɔ sotefo ahwete,
Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan na wasɛe no; ɔbɛsɛe asase ani na wabɔ ɛsotefoɔ ahwete,
2 ɛbɛyɛ saa ara ama ɔsɔfo sɛnea ɛbɛyɛ ama nnipa, ama owura sɛnea ɛbɛyɛ ama asomfo, ama awuraa sɛnea ɛbɛyɛ ama afenaa, ama nea ɔtɔn sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔtɔ, ama nea ogye bosea sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔma bosea, ama ɔkafo sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔde ma.
ɛbɛyɛ saa ara ama ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama nnipa, ama owura sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama asomfoɔ, ama awuraa sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama afenaa, ama deɛ ɔtɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔtɔ, ama deɛ ɔgye bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔma bosea, ama ɔkafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔde ma.
3 Asase bɛda mpan koraa, na wɔafom so nneɛma. Awurade, na waka saa asɛm yi.
Asase bɛda mpan koraa, na wɔafom ɛso nneɛma. Awurade na waka saa asɛm yi.
4 Asase so yɛ wosee, na ekisa wiase kɔ ahoyeraw mu, na ekisa, nea wɔama no so wɔ asase so ho yeraw no.
Asase so yɛ wesee, na ɛkusa ewiase kɔ ahoyera mu, na ɛkusa, deɛ wɔama no so wɔ asase so ho yera no.
5 Asase so nnipa agu ne ho fi; wɔanni mmara no so, wɔabu ahyɛde no so na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.
Asase so nnipa agu ne ho fi; wɔanni mmara no so, wɔabu ahyɛdeɛ no so na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.
6 Enti nnome amene asase no ɛsɛ sɛ so nnipa nya wɔn afɔdi so akatua ne saa nti wɔahyew asase no so nnipa, na kakraa bi pɛ na wɔaka.
Enti, nnome amene asase no ɛsɛ sɛ ɛso nnipa nya wɔn afɔdie so akatua ne saa enti wɔahye asase no so nnipa, na kakra bi pɛ na aka.
7 Nsa foforo no ho yow na bobe no guan; wɔn a wogye wɔn ani no si apini.
Nsa foforɔ no ho asa na bobe no adwan; wɔn a wɔgye wɔn ani no si apinie.
8 Akasaebɔ mu anigye no agyae, ahosɛpɛwfo no nteɛteɛmu no agyae. Sankuten so nnwom dɛdɛ no ayɛ dinn.
Akasaeɛbɔ mu anigyeɛ no agyae, ahosɛpɛfoɔ no nteateamu no agyae. Sankuten so nnwom dɛɛdɛ no ayɛ dinn.
9 Wɔnnto dwom mfa nnom nsa bio; mmorɔsa ayɛ nwen ama anomfo.
Wɔnnto dwom mfa nnom nsã bio; mmorɔsa ayɛ nwono ama anomfoɔ.
10 Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan; wɔatoto ofi biara apon mu.
Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan; wɔatoto efie biara apono mu.
11 Wɔpere nsa wɔ mmɔnten so; ahosɛpɛw nyinaa adan bosooyɛ, anigye nyinaa atu ayera wɔ asase no so.
Wɔpere nsã wɔ mmɔntene so; ahosɛpɛ nyinaa adane bosoo yɛ, anigyeɛ nyinaa atu ayera wɔ asase no so.
12 Kuropɔn no asɛe, wɔabubu nʼapon mu nketenkete.
Kuropɔn no asɛe, wɔabubu nʼapono mu nketenkete.
13 Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so ne amanaman no mu, sɛnea wɔboro ngodua a ɛyɛ no, anaa sɛnea wogyaw mpɛpɛ wɔ bobe twabere akyi no.
Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so ne amanaman no mu, sɛdeɛ wɔboro ngo dua a ɛyɛ, anaa sɛdeɛ wogya mpɛpɛ wɔ bobe twaberɛ akyi no.
14 Wɔma wɔn nne so, wɔde anigye teɛteɛ mu; efi atɔe fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.
Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam; ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.
15 Enti apuei fam, monhyɛ Awurade anuonyam; momma Awurade din so, Israel Nyankopɔn no, wɔ supɔw a ɛwɔ po so no so.
Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam; momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no, wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so.
16 Yɛte nnwonto fi asase ano yɛte se, “Anuonyam nka Ɔtreneeni no.” Nanso mekae se, “Matɔ beraw, mapa abaw! Minnue! Ɔfatwafo di huammɔ! Ɔnam nnaadaa so di huammɔ.”
Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ, “Animuonyam nka Ɔteneneeni no.” Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba! Me nnue! Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ! Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.”
17 Ehu, amoa ne afiri retwɛn mo, nnipa a mote asase so.
Ehu, amena ne afidie retwɛn mo, Ao nnipa a mote asase soɔ.
18 Nea ehu nti oguan no bɛtɔ amoa mu; nea ɔforo fi amoa mu no afiri beyi no. Wɔabue nsu apon wɔ ɔsoro, na asase nnyinaso wosow.
Deɛ ehu enti ɔdwane no, ɔbɛtɔ amena mu; deɛ ɔforo firi amena mu no, afidie bɛyi no. Wɔabue nsuo apono wɔ soro, na asase nnyinasoɔ woso.
19 Wɔadwiriw asase no na emu apaapae, na asase awosow ankasa.
Wɔadwiri asase no na emu apaapae, na asase awoso ankasa.
20 Asase tɔ ntintan te sɛ ɔsabowfo. Ehinhim biribiri te sɛ ntamadan wɔ mframa ano; nʼatuatew ho afɔdi ayɛ adesoa ama no na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
Asase tɔ ntentan te sɛ ɔsabofoɔ. Ɛhinhim biribiri te sɛ ntomadan wɔ mframa ano; nʼatuateɛ ho afɔdie ayɛ adesoa ama no na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
21 Saa da no, Awurade bɛtwe ɔsoro atumfo ne ahemfo a wɔwɔ asase so aso.
Saa ɛda no, Awurade bɛtwe ɔsoro atumfoɔ ne ahemfo a ɛwɔ asase so aso.
22 Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu sɛ nneduafo ahyɛ afiase amoa mu; wɔbɛto wɔn mu wɔ afiase na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.
Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu sɛ nneduafoɔ ahyɛ afiase amena mu; wɔbɛto wɔn mu wɔ nneduadan mu na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.
23 Ɔsram anim begu ase na owia ani awu; na Asafo Awurade bedi hene wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem, ne wɔn mpanyimfo anim, wɔ anuonyam mu.
Ɔsrane anim bɛgu ase na owia ani awu; na Asafo Awurade bɛdi ɔhene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, ne wɔn mpanimfoɔ anim, wɔ animuonyam mu.

< Yesaia 24 >