< Yesaia 23 >
1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho: Tarsis ahyɛn, muntwa adwo! Efisɛ wɔasɛe Tiro na wɔannyaw no ofi anaa hyɛngyinabea. Wufi Kipro asase so abɛka asɛm akyerɛ wɔn.
Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho: Ao, Tarsis ahyɛn, montwa adwo! Ɛfiri sɛ wɔasɛe Tiro na anka no afie anaa ɛhyɛngyinabea. Wɔfiri Kipro asase so abɛka akyerɛ wɔn.
2 Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔw no so ne mo Sidon aguadifo a po so adwumayɛfo ama mo ayɛ adefo.
Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔ no so ne mo Sidon adwadifoɔ a ɛpo so adwumayɛfoɔ ama mo ayɛ adefoɔ.
3 Nsu akɛse no so na aduan fi Sihor nam bae; Nil ho nnɔbae na ɛyɛɛ Tiro foto, na ɔbɛyɛɛ amanaman aguadibea.
Nsuo akɛseɛ no so na aduane firi Sihor nam baeɛ; Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ, na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea.
4 Animguase nka wo, Sidon, ne wo, po so abandennen, efisɛ po akasa se, “Menkyemee da, na menwoo da; mentetew mmabarima anaa mmabea da.”
Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban, ɛfiri sɛ ɛpo akasa sɛ, “Menkyemee da na menwoo da; mentetee mmammarima anaa mmammaa da.”
5 Sɛ asɛm no du Misraim a, wobedi yaw wɔ nkra a efi Tiro no ho.
Sɛ asɛm no duru Misraim a, wɔn ho bɛdwiri wɔn wɔ nkra a ɛfiri Tiro no ho.
6 Muntwa nkɔ Tarsis; muntwa adwo, mo a mowɔ supɔw no so.
Montwa nkɔ Tarsis; montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so.
7 Eyi ne mo ahosɛpɛw kuropɔn no, teteete kuropɔn no, nea wɔatu akɔtena akyirikyiri nsase so no ana?
Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no? Yei ne teteete kuropɔn no a watu akɔtena akyirikyiri nsase soɔ no anaa?
8 Hena na ɔbɔɔ atirimpɔw yi de tiaa Tiro, nea ɔkyekyɛ ahenkyɛw, nea nʼaguadifo yɛ ahenemma, na nʼadetɔnfo agye din wɔ asase so?
Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro, deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ, deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma, na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so?
9 Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔw se, ɔbɛbrɛ anuonyam mu ahomaso ase na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.
Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ, ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ ase na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.
10 Yɛ wʼasase so adwuma te sɛnea wɔyɛ wɔ Nil ho no Tarsis Babea, efisɛ wunni hyɛngyinabea bio.
Yɛ wʼasase so adwuma te sɛ deɛ wɔyɛ wɔ Nil ho no Ao Ɔbabaa Tarsis, ɛfiri sɛ wonni hyɛngyinabea bio.
11 Awurade ama ne nsa so wɔ po no so ama ahenni ahorow a ɛwɔ hɔ no repopo. Wahyɛ Kanaan ho mmara se, wɔnsɛe nʼaban.
Awurade apagya ne nsa wɔ ɛpo no so ama ahennie ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no repopo. Wahyɛ Kanaan ho mmara sɛ, wɔnsɛe nʼaban.
12 Ɔkae se, “Wʼahurisidi no nso ha ara, Sidon Babea Ɔbabun a wɔadwerɛw wo! “Sɔre, twa kɔ Kipro; hɔ mpo worennya ahotɔ.”
Ɔkaa sɛ, “Wʼahurisidie no nso ha ara, Ao Ɔbabaa bunu Sidon a wɔadwera wo! “Sɔre, tware kɔ Kipro; ɛhɔ mpo worennya ahotɔ.”
13 Monhwɛ Babiloniafo asase no saa nnipa a mprempren wɔnka hwee no! Asiriafo ayɛ no baabi a nweatam so mmoa te; wosisii wɔn anotua aban bebree, wodwiriw nʼaban gui ma ɛdan nnwiriwii.
Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no, saa nnipa a seesei wɔnka hwee no! Asiriafoɔ ayɛ no beaeɛ a anweatam so mmoa teɛ; wɔsisii wɔn ntua aban bebree, wɔdwirii nʼaban guiɛ ma ɛdanee mmubuiɛ.
14 Muntwa adwo, Tarsis ahyɛn; wɔasɛe wʼaban!
Montwa adwo, Tarsis ahyɛn; wɔasɛe wʼaban!
15 Saa bere no wɔrenkae Tiro mfe aduɔson a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfe aduɔson akyi no, nea ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛnea ɛwɔ oguamanfo no dwom mu no:
Saa ɛberɛ no wɔrenkae Tiro mfeɛ aduɔson, a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfeɛ aduɔson akyi no, deɛ ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛdeɛ ɛwɔ odwamanfoɔ no dwom mu no:
16 “Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu, oguamanfo a wɔnnkae wo; bɔ sankuten no yiye, to nnwom bebree, sɛnea wɔbɛkae wo.”
“Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu, Ao odwamanfoɔ a wɔnnkae wo; bɔ sankuten no yie, to nnwom bebree, sɛdeɛ wɔbɛkae wo.”
17 Mfe aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bedi. Ɔbɛsan akodi ne paa sɛ oguamanfo na ɔne ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa adi gua.
Mfeɛ aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bɛdi. Ɔbɛsane akɔdi ne paa sɛ odwamanfoɔ na ɔne ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa adi dwa.
18 Nanso nea obenya ne ne mfaso nyinaa wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfaso no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no nkyɛn, na wɔanya aduan bebree ne ntade pa.
Nanso, deɛ ɔbɛnya ne ne mfasoɔ nyinaa, wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfasoɔ no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim, na wɔanya aduane bebree ne ntadeɛ pa.