< Yesaia 21 >

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho: Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no, ɔtamfo bi fi nweatam so reba, ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.
The burden of the desert of the sea. As whirlwinds come from the south, it cometh from the desert from a terrible land.
2 Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me: Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade. Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim! Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.
A grievous vision is told me: he that is unfaithful dealeth unfaithfully: and he that is a spoiler, spoileth. Go up, O Elam, besiege, O Mede: I have made all the mourning thereof to cease.
3 Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu, ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no; nea metee no nti mintumi nnyina me nan so, nea mihu no ama me ho adwiriw me.
Therefore are my loins filled with pain, anguish hath taken hold of me, as the anguish of a woman in labour: I fell down at the hearing of it, I was troubled at the seeing of it.
4 Me koma bɔ kitirikitiri, ehu ma me ho popo; na hann a mepɛɛ sɛ mihu no abɛyɛ aninyanne ama me.
My heart failed, darkness amazed me: Babylon my beloved is become a wonder to me.
5 Wɔto pon, wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam, wodidi, na wɔnom! Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo, momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!
Prepare the table, behold in the watchtower them that eat and drink: arise, ye princes, take up the shield.
6 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me: “Fa ɔwɛmfo kogyina hɔ na ɔnka nea ohu nkyerɛ wo.
For thus hath the Lord said to me: Go, and set a watchman: and whatsoever he shall see, let him tell.
7 Sɛ ohu nteaseɛnam ne apɔnkɔ akuwakuw, wɔn a wɔtete mfurum so ne wɔn a wɔtete yoma so a, ɔnwɛn nʼaso, nwɛn no pa ara.”
And he saw a chariot with two horsemen, a rider upon an ass, and a rider upon a camel: and he beheld them diligently with much heed.
8 Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se, “Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no so Anadwo biara, migyina hɔ.
And a lion cried out: I am upon the watchtower of the Lord, standing continually by day: and I am upon my ward, standing whole nights.
9 Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi ɔne apɔnkɔ dɔm. Na ɔwɛmfo no kae se, ‘Babilon ahwe ase, wahwe ase! Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa abubu agu fam!’”
Behold this man cometh, the rider upon the chariot with two horsemen, and he answered, and said: Babylon is fallen, she is fallen, and all the graven gods thereof are broken unto the ground.
10 Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo wɔ awiporowbea ase meka nea mate kyerɛ mo nea efi Asafo Awurade, nea efi Israel Nyankopɔn hɔ.
O my thrashing and the children of my door, that which I have heard of the Lord of hosts, the God of Israel, I have declared unto you.
11 Adehu a ɛfa Duma ho: Obi frɛ me fi Seir, “Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ? Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?”
The burden of Duma calleth to me out of Seir: Watchman, what of the eight? watchman, what of the night?
12 Ɔwɛmfo no bua se, “Ade rekye, nanso ade bɛsa. Sɛ wubebisa bio a san bra bebisa.”
The watchman said: The morning cometh, also the night: if you seek, seek: return, come.
13 Adehu a ɛfa Arabia ho: Mo Dedan akwantufo a mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,
The burden in Arabia. In the forest at evening you shall sleep, in the paths of Dedanim.
14 Momfa nsu mmrɛ wɔn a osukɔm de wɔn; mo a motete Tema, mommrɛ aguanfo no aduan.
Meeting the thirsty bring him water, you that inhabit the land of the south, meet with bread him that fleeth.
15 Woguan fi afoa a watwe tadua a wɔakuntun mu ne ɔko a egyina mu ano.
For they are fled from before the swords, from the sword that hung over them, from the bent bow, from the face of a grievous battle.
16 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa.
For thus saith the Lord to me: Within a year, according to the years of a hireling, all the glory of Cedar shall be taken away.
17 Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi.” Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, aka ni.
And the residue of the number of strong archers of the children of Cedar shall be diminished: for the Lord the God of Israel hath spoken it.

< Yesaia 21 >