< Yesaia 20 >

1 Afe a Asiriahene Sargon somaa ne man no sahene kɔɔ Asdod kɔtow hyɛɛ no so na odii ne so nkonim no,
In the year that Tharthan came unto Ashdod, when Sargon the king of Assyria sent him, and fought against Ashdod, and captured it;
2 saa bere no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasae se, “Yi atweaatam no fi wo ho ne mpaboa no fi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagyaw a nʼanan nso sisi fam dii akɔneaba.
At the same time spoke the Lord by means of Isaiah the son of Amoz, saying, Go and loosen the sackcloth from off thy loins, and thy shoe shalt thou pull off from thy foot. And he did so, walking naked and barefoot.
3 Na Awurade kae se, “Sɛnea me somfo Yesaia de adagyaw anantew mfe abiɛsa a nʼanan nso sisi fam yi de, ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnne a etia Misraim ne Kus no,
And the Lord said, Just as my servant Isaiah hath walked naked and barefoot three years as a sign and token for Egypt and for Cush:
4 saa ara na Asiriahene bedi Misraim nneduafo ne Kus nnommum a wɔdeda adagyaw na wɔn nan sisi fam, mmabun ne mpanyin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase.
So shall the king of Assyria lead away the prisoners of Egypt, and the exiles of Cush, young and old, naked and barefoot, even with uncovered buttocks, to the disgrace of Egypt.
5 Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no besuro na wɔn ani awu.
And they shall be terrified, and ashamed of Cush their trust, and of Egypt their vaunt.
6 Saa da no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka se, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yeguan kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wobegye yɛn afi Asiriahene nsam no! Yɛbɛyɛ dɛn na yɛaguan?’”
And the inhabitant of this isle shall say on that day, Behold, such is our trust, whither we fled for help to be delivered from the king of Assyria: and how shall we then escape?

< Yesaia 20 >