< Yesaia 2 >

1 Eyi ne nea Amos babarima Yesaia hui, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.
This is the message that was revealed to Isaiah son of Amoz concerning Judah and Jerusalem:
2 Nna a edi akyi no mu no, Awurade asɔredan bepɔw no betim sɛ mmepɔw no nyinaa ti; ebegye din aboro nkoko nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
In the last days the mountain of the house of the LORD will be established as the chief of the mountains; it will be raised above the hills, and all nations will stream to it.
3 Aman bebree bɛba abɛka se, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” Mmara no befi Sion aba, na Awurade asɛm afi Yerusalem.
And many peoples will come and say: “Come, let us go up to the mountain of the LORD, to the house of the God of Jacob. He will teach us His ways so that we may walk in His paths.” For the law will go forth from Zion, and the word of the LORD from Jerusalem.
4 Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
Then He will judge between the nations and arbitrate for many peoples. They will beat their swords into plowshares and their spears into pruning hooks. Nation will no longer take up the sword against nation, nor train anymore for war.
5 Mommra. Yakob fifo, momma yɛnnantew Awurade hann mu.
Come, O house of Jacob, let us walk in the light of the LORD.
6 Awurade, woagyaw wo nkurɔfo, Yakob fifo. Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifo na wɔne abosonsomfo fa ayɔnko.
For You have abandoned Your people, the house of Jacob, because they are filled with influences from the east; they are soothsayers like the Philistines; they strike hands with the children of foreigners.
7 Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔn ademude dɔɔso bebree. Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano.
Their land is full of silver and gold, with no limit to their treasures; their land is full of horses, with no limit to their chariots.
8 Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, nea wɔn nsateaa ayɛ.
Their land is full of idols; they bow down to the work of their hands, to what their fingers have made.
9 Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase na wama adesamma abotow, mfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
So mankind is brought low, and man is humbled— do not forgive them!
10 Kɔhyɛn abotan no mu, fa wo ho kosie asase no mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti!
Go into the rocks and hide in the dust from the terror of the LORD and the splendor of His majesty.
11 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
The proud look of man will be humbled, and the loftiness of men brought low; the LORD alone will be exalted in that day.
12 Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofo nyinaa ne nea ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase),
For the Day of the LORD of Hosts will come against all the proud and lofty, against all that is exalted— it will be humbled—
13 Lebanon sida nyinaa, atenten ne nea ɛkorɔn, ne Basan odum nnua no,
against all the cedars of Lebanon, lofty and lifted up, against all the oaks of Bashan,
14 mmepɔw atenten nyinaa ne nkoko a ɛwowaree nyinaa,
against all the tall mountains, against all the high hills,
15 ne abantenten a ɛkorɔn ne ɔfasu biara a ɛyɛ den,
against every high tower, against every fortified wall,
16 aguadi hyɛn biara ne hyɛn kɛse fɛfɛ biara.
against every ship of Tarshish, and against every stately vessel.
17 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
So the pride of man will be brought low, and the loftiness of men will be humbled; the LORD alone will be exalted in that day,
18 na ahoni no bɛyera korakora.
and the idols will vanish completely.
19 Nnipa beguan akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuru a ɛdeda asase mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti, bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
Men will flee to caves in the rocks and holes in the ground, away from the terror of the LORD and from the splendor of His majesty, when He rises to shake the earth.
20 Saa da no, nnipa bɛtow wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akisi ne mpan.
In that day men will cast away to the moles and bats their idols of silver and gold— the idols they made to worship.
21 Wobeguan akɔhyɛ abotan mu ntokuru mu ne abotan mpaapae mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti, bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
They will flee to caverns in the rocks and crevices in the cliffs, away from the terror of the LORD and from the splendor of His majesty, when He rises to shake the earth.
22 Munnyae sɛ mode mo ho to nnipa, a wɔwɔ ɔhome kɛkɛ so. Wɔyɛ dɛn koraa?
Put no more trust in man, who has only the breath in his nostrils. Of what account is he?

< Yesaia 2 >