< Yesaia 19 >

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Misraim ho: Monhwɛ! Awurade nam ahoɔhare omununkum mu na ɔreba Misraim. Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim, na Misraimfo koma botow wɔ wɔn mu.
Tamko kuhusu Misri. Ona, Yahwe atasafiri katika mawimbi mepesi na anakuja Misri; Sanamu za Misri zitatemeka mbele yake, na mioyo ya Wamisri itayeyuka ndani yao wenyewe.
2 “Mɛma Misraimfo atwa wɔn ho ako, onua bɛko atia onua, ɔyɔnko atia ɔyɔnko, kuropɔn atia kuropɔn, ahenni atia ahenni.
Nitawachanganya Wamisri juu dhidi ya Wamisiri: Mtu atapigana dhidi ya ndugu yake, mji dhidi ya miji, na ufalme dhidi ya ufalme.
3 Misraimfo no rennya abodwo, na mɛma wɔn nhyehyɛe ayɛ ɔkwa. Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufo ahonhom, samanfrɛfo ne nkonyaayifo nkyɛn.
Roho ya Misri itadhohofishwa kutoka ndani. Nitauharibu ushauri wake, japo wanafikiria ushauri wa sanamu, roho za watu waliokufa, na mizimu, na
4 Mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfo tumi ase, na ɔhene a ɔyɛ keka bedi wɔn so,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
Nitawacha Wamisiri kwenye mikono ya viongozi wakatili, kiongozi imara atawaongoza wao- Hili ni tamko la Yahwe Bwana wa majehi.''
5 Nsubɔnten mu nsu bɛyow, na konkɔn bɛwo ayɛ wosee.
Maji ya bahari yatakauka juu, na mto uakauka na kuwa mtupu.
6 Nsuka beyi hua; na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na ayow. Demmire ne sare bekisakisa,
Mito itakuwa michafu; mikondo ya Misri itakuwa dhii na kukauka; mwanzi na bendera zake zitapeperushwa mbali.
7 Nil nsunoa nnua nso, nea ɛwɔ asubɔnten no abɔe no. Nil nsunoa so mfuw nyinaa bɛwo wosee na awu koraa.
Mianzi ya Nile, kwa mdomo wa mto Nile, na mbegu zote zitakazo katika mashamba ya Nilezitakauka zote, zitageuka kuwa mavumbi, na kupeperukia mbali.
8 Apopofo nyinaa besi apini atwa adwo, wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa; wɔn a wogu asau wɔ nsu no so bedi awerɛhow.
Wavuvi watalia na kuomboleza, na wale watakao shusha neti kwenye maji watauzunika.
9 Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bebu, wɔn a wɔnwen nwera no anidaso bɛsa.
Wafanyakazi ya kuchana kitani watafaidika na hao washonao nguo nyeupe watajeuka kuwa mchonaji.
10 Wɔn a wɔyɛ ntama ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ na wɔn a wogye akatua nyinaa koma bɛbotow.
Washona nguo wa Misri wataangamizwa; na wote waloajiriwa watahuzunika nafsini mwao.
11 Soan adwumayɛfo nka hwee sɛ nkwaseafo; Farao agyinatufo anyansafo ma afotu bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao se, “Meyɛ anyansafo no mu baako, tete ahemfo no kyidifo?”
Wakuu wa Zoana ni wajinga kabisa. Washauri wenye busara wa Farao ni wapumbavu. Unawezaje kumwambia Farao, ''Mimi ni mtoto wa watu wenye busara,
12 Wʼanyansafo no wɔ he afei? Ma wɔnkyerɛ wo na ma wonhu nea Asafo Awurade ahyehyɛ atia Misraim.
''Wako wapi hao watu wenye busara? mtoto wa mfalme wa zamani? Waache wakuambie? na ijulikane kitu ambacho Yahwe wa majeshi amekipanga kuhusiana na Misri.
13 Soan adwumayɛfo abɛyɛ nkwaseafo, wɔadaadaa Memfis akwankyerɛfo ne nnipa no ntuano ama Misraim afom kwan.
Wakuu wa Zoani wamekuwa wajinga, wakuu wa Memphisi wamegawanyika; wameifanya Misri iende kinyume, na mawe ya pembeni ya makabila yao.
14 Awurade ahwie anisobiri honhom agu wɔn mu; wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu, te sɛ nea ɔsabowfo tɔ ntintan wɔ ne fe ho no.
Yahwe amechanganya roho wa kuvurugwa katika yao, na wamefanya Wamisri kwenda kinyume kwa yote wanoyafanya, kama mlevi anavyoyumbayumba uku akitapika.
15 Biribiara nni hɔ a Misraim betumi ayɛ, sɛ eti anaa ɛto, abɛ anaa demmire.
Hakuna kitu ambacho mtu yeyote anaweza kukifanya kwa ajili ya Misri, kama kichwa au mkia, tawi au mwanzi.
16 Saa da no, Misraimfo bɛyɛ sɛ mmea, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo.
Siku hiyo, Wamisri watakuwa kama wanawake. watatemeka na kuogopa mkono wa Yahwe wa majeshi ulioinuliwa juu yao.
17 Na Yuda asase no bɛma Misraimfo abɔ hu, obiara a ɔbɛte Yuda din no besuro, esiane nea Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn nti.
Nchi ya Yuda itakuwa sababu ya utisho kwa Misri. Yeyote atakao wakumbusha wao kuhusu yeye, wataogopa sana, kwa sababu ya mpango wa Yahwe, anaoukusudia juu yao.
18 Saa da no, Misraim nkurɔpɔn anum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu ɔbaako se Ɔsɛe Kuropɔn.
Siku hiyo kutakuwa na miji mitano katika nchi ya Misri wanaozungumza lugha ya Kanaani na kuapa kimtii Yahwe wa majeshi. Moja kati ya miji hii itaitwa mji wa ulioharibiwa.
19 Saa da no, wobesi afɔremuka wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaedum wɔ ne hye so nso ama Awurade.
Siku hiyo kutakuwa madhabahu kwa ajili ya Yahwe katika ya nchi ya Misri, na jiwe la chumvi karibu na Yahwe.
20 Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne adansede ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofo nti wosu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ogyefo ne bammɔni, na obegye wɔn.
Itakuwa kama ishara na ushahidi kwa Yahwe wa majeshi katika nchi ya Misri. Atawatumia mkombozi na mlinzi, na atawokoa wao.
21 Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfo, na saa da no wobehu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuan bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so.
Yahwe atajulikana Misri, na Wamisri watamkubali Yahwe siku hiyo. Watamuabudu kwa sadaka na matoleo, na wataweka agano na kulitimiza.
22 Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yare. Wɔbɛdan akɔ Awurade nkyɛn, na obetie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yare.
Yahwe ataipga Misri, ataipiga na kuiponya. Halafu watamrudia Yahwe; atasikiliza maombi yao na kuwaponya.
23 Saa da no, ɔtempɔn befi Misraim ne Asiria. Asiriafo bɛkɔ Misraim na Misraimfo akɔ Asiria. Misraimfo ne Asiriafo bɛbɔ mu asom.
Siku hiyo kutakuwa na njia kuu kutoka Misri kwenda Asiria, na Waasira watakuja Misri, na Wamisri watakwenda Asira; na Wamisri wataabudu pamoja na Waasiria.
24 Saa da no Israel bɛto Misraim ne Asiria so sɛ abiɛsa, a ayɛ nhyira wɔ asase so.
Siku hiyo, Israeli itakuwa ya tatu pamoja na Misri na Asiria, baraka katikati ya nchi;
25 Na Asafo Awurade behyira wɔn, aka se, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfo, Asiria me nsa ano adwuma ne Israel mʼagyapade.”
Yahwe wa majeshi atawabariki na kusema, '' wabarikiwe Wamisri, watu wangu; Wasiria, kazi ya mikono yangu; na Israeli urithi wangu.

< Yesaia 19 >