< Yesaia 18 >
1 Due asase a ntaban nnyigyei wɔ so wɔ Kus nsubɔnten ho,
Oh! Terre où résonne le bruissement des ailes, au delà des fleuves de Cusch!
2 ɔsoma ananmusifo a wɔnam po so wɔde paparɔso akorow fa nsu ani. Monkɔ, asomafo ahoɔharefo, monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn.
Toi qui envoies des messagers sur la mer, dans des nacelles de jonc, sur la face des eaux! Allez, messagers rapides, vers la nation à la haute stature, à la peau rasée, vers le peuple redouté au loin; nation impérieuse et qui écrase, et dont la terre est sillonnée de fleuves.
3 Mo wiasefo nyinaa, mo a motete asase so, sɛ wɔma frankaa so wɔ bepɔw no so a, mubehu sɛ wɔhyɛn torobɛnto a, mobɛte.
Vous tous, habitants du monde, habitants de la terre, quand l’étendard sera levé sur les montagnes, regardez; quand la trompette sonnera, écoutez.
4 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Mɛtena mʼatenae, na mahwɛ biribiara dinn. Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ, te sɛ bɔ a esi wɔ otwabere mu.”
Car ainsi m’a parlé Yahweh: « Je me tiendrai en repos et je regarderai, assis dans ma demeure, comme une chaleur sereine par un brillant soleil, comme un nuage de rosée dans la chaleur de la moisson. »
5 Ennya nnuu twabere, a nhwiren bere atwam no na nhwiren no anyin adan bobe no, wɔde asosɔw betwitwa mman no, wobetwitwa mman a ɛredennan no akɔ.
Car avant la moisson, quand la floraison sera passée, et que la fleur sera devenue une grappe bientôt mûre, alors il coupera les pampres à coups de serpe, il enlèvera les sarments, il les détachera.
6 Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaa a wokum mmoa we ne wuram mmoa; nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu. Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu.
Ils seront livrés tous ensemble aux vautours des montagnes et aux bêtes de la terre; les vautours en feront leur proie pendant l’été, et les bêtes de la terre pendant l’hiver.
7 Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awurade ebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu, wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no.
En ce temps-là, une offrande sera apportée à Yahweh des armées, de la part du peuple à la haute stature, à la peau rasée, de la part du peuple redouté au loin, nation impérieuse et qui écrase, et dont la terre est sillonnée de fleuves, au séjour du nom de Yahweh des armées, à la montagne de Sion.