< Yesaia 16 >
1 Momfa nguantenmma sɛ sonkahiri nkɔma asase no sodifo, efi Sela fa nweatam no so, kɔka Ɔbabea Sion bepɔw no so.
Send a lamb [to] the ruler of the land, From Selah in the wilderness, To the mountain of the daughter of Zion.
2 Te sɛ nnomaa a wɔaka wɔn afi berebuw mu na wotu nenam wim no saa na Moabfo mmea te wɔ Arnon asutwabea.
And it has come to pass, As a wandering bird, cast out of a nest, Are daughters of Moab, [at] fords of Arnon.
3 Moab ka se, “Munsi mo adwene pi, monna mo gyinaesi adi. Monyɛ mo sunsuma sɛ anadwo, awia ketee. Momfa aguanfo no nhintaw munnyi atubrafo no mma.
Bring in counsel, do judgment, Make your shadow as night in the midst of noon, Hide outcasts, do not reveal the wanderer.
4 Momma Moabfo aguanfo no ne mo ntena; monyɛ wɔn bammɔ wɔ ɔsɛefo no ho.” Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawie na adesɛe to betwa; opoobɔfo no bɛyera wɔ asase no so.
My outcasts sojourn in you, O Moab, Be a secret hiding place for them, From the face of a destroyer, For the extortioner has ceased, Devastation has been finished, The tramplers are consumed out of the land.
5 Ɔdɔ mu na Onyankopɔn besi ahengua bi; ɔbarima bi de nokwaredi bɛtena so, obi a ofi Dawid fi, nea atemmu mu no ɔpɛ atɛntrenee na ɔntwentwɛn adetreneeyɛ ho.
And the throne is established in kindness, And [One] has sat on it in truth, in the tent of David, Judging and seeking judgment, and hastening righteousness.
6 Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ, nʼani a atra ne ntɔn mmoroso, nʼahomaso ne nʼasoɔden nanso hwee nni nʼahomaso no mu.
We have heard of the pride of Moab—very proud, His pride, and his arrogance, and his wrath—his boastings [are] not right.
7 Enti Moabfo twa adwo, wɔbɔ mu su ma Moab. Wodi awerɛhow na wɔbɔ abubuw, ma Kir Hereset bobe aba ɔfam.
Therefore Moab howls for Moab, all of it howls, It meditates for the grape-cakes of Kir-Hareseth, They are surely struck.
8 Hesbon mfuw no hyew, Sibma bobe mfuw nso saa ara. Aman sodifo no atiatia bobe papa no so, nea kan na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛw kɔ nweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛw kɔka mpoano pɛɛ.
Because fields of Heshbon languish, The vine of Sibmah, Lords of nations beat her choice vines, They have come to Jazer, They have wandered in a wilderness, Her plants have spread themselves, They have passed over a sea.
9 Enti misu sɛnea Yaser su, de ma Sibma bobe mfuw. Hesbon ne Eleale, mede misu fɔw mo! Mo aduaba a abere ho ahurusi ne otwabere de no aka.
Therefore I weep with the weeping of Jazer, The vine of Sibmah, I water you [with] my tear, O Heshbon and Elealeh, For—for your summer fruits, and for your harvest, The shouting has fallen.
10 Ahosɛpɛw ne anigye nni mfikyifuw no mu; obiara nto dwom, na ɔnteɛteɛ mu wɔ bobeturo mu; obiara nkyi nsa wɔ nsakyiamoa so, efisɛ mede nteɛteɛmu aba nʼawiei.
And gladness and joy have been removed from the fruitful field, And they do not sing in vineyards, nor shout, The treader does not tread wine in the presses, I have caused shouting to cease.
11 Misi apini wɔ me koma mu wɔ Moab ho te sɛ sankuten so kwadwom; na me yam hyehye me ma Kir Hereset.
Therefore my bowels sound as a harp for Moab, And my inward parts for Kir-Haresh.
12 Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a ɔhaw ne ho kwa; sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpae a, ɛrenkosi hwee.
And it has come to pass, when it has been seen, That Moab has been weary on the high place, And he has come to his sanctuary to pray, And is not able.
13 Eyi ne asɛm a Awurade aka dedaw afa Moab ho.
This [is] the word that YHWH has spoken to Moab from that time,
14 Nanso mprempren Awurade ka se, “Mfe abiɛsa mu, sɛnea akoa a nhyehyɛe kyekyere no no bebu nna no, wobebu Moab anuonyam ne ne nkurɔfo dodow no nyinaa animtiaa, na ne nkae no bɛyɛ kakraa bi a wonni ahoɔden.”
And now YHWH has spoken, saying, “In three years, as years of a hired worker, The glory of Moab is lightly esteemed, With all the great multitude, And the remnant [is] little, small, not mighty!”